4. Fa W’ani To Fam Bere A Woredidi Abɔnten No
Jeff, a ɔyɛ ɔbarima hoɔdenfo a ɔbɔ si, a wadi mfe 38 no ne n’abusua kodidii wɔ adidibea bi a ɛbɛn Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Wɔ ɔsram akyi no, Jeff nyaa mmerɛbo mu yare wui. Dɛn na ekum no? Ɛyɛ gyeene ahaban a na ɛwɔ n’aduan mu—a na yare mmoawa no bi wom no.
ƐKAME ayɛ sɛ wɔ Atɔe fam ɔman bi so no, sika a wɔde tɔ aduan no fã kɛse no ara kɔ adidibea ahorow. Nanso, wɔ ɔman koro no ara mu no, nnuan mu nyarewa fã kɛse no ara fi nnuan a wɔtɔ fi adidibea no.
Nokwarem no, sɛ wopaw sɛ wubedidi wɔ adidibea a, hu sɛ obi foforo na ɔbɛtotɔ nneɛma a wɔde bɛyɛ aduan no, obesiesie gyaade hɔ, na wanoa aduan no. Nanso, wubetumi apaw beae a wubedidi, aduan a wopɛ sɛ wudi, ne sɛnea wɔnyɛ aduan a wode bɛkɔ fie no.
● Hwɛ sɛnea ɛhɔ te.
Daiane, a ɔte Brazil ka sɛ, “Sɛ yɛkɔ adidibea bi bere a edi kan a, mehwɛ sɛ adidipon no, ntama a ɛkatakata so, nkyɛnsee, ne wɔn a wɔde aduan sisi ɔpon so no nyinaa ho tew kama anaa. Sɛ ɛnte saa a, na yɛafi hɔ akɔhwehwɛ baabi foforo.” Wɔ aman bi so no, akwahosan ho adwumayɛfo kɔhwehwɛ adidibea ahorow bere biara hwɛ sɛ ɛhɔ tew anaa, na wɔde ɛho amanneɛbɔ to gua ma ɔmanfo kenkan.
● Sɛ wode aduan fi adidibea rekɔ fie a, fa kɔ ntɛm.
U.S. Aduan ne Nnuru Sohwɛ adwumayɛbea no de afotu ma sɛ: ‘Sɛ wunim sɛ worentumi nnu fie wɔ nnɔnhwerew abien ntam a, ɛnde nnye aduan no nkɔ fie.’ Sɛ wugye aduan sɛ wode rekɔ fie bere a woadidi awie no a, fa kɔ fie ntɛm kɔhyɛ frigye mu.
Sɛ wode akwankyerɛ a yɛasusuw ho wɔ nsɛm anan a ɛtoatoa so yi mu no di dwuma a, ebetumi ama asiane a wubetumi ahyia wɔ w’aduan ho no so atew koraa.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]
TETE WO MMA: “Yɛakyerɛ yɛn mma no ɔkwan a wɔbɛfa so atwe wɔn ho afi nnuan a ennye sɛ wodi ho.”—Noemi, Philippines