Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 5/13 kr. 3
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • United States
  • Brazil
  • Norway
  • Czech Republic
  • India
  • So German Lutheranfo Wɔ Asiane Mu
    Nyan!—1988
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2013
  • Wimhyɛn Akwantu a Asiane Nnim a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—2002
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 5/13 kr. 3

WIASE NSƐM

United States

Asoɛe a Ɛhwɛ U.S. Ɔman no Bammɔ so no kyerɛ sɛ, mfe du a atwam no, bammɔfo a wɔwɔ wimhyɛn gyinabea agye nneɛma a mmara mma kwan sɛ wɔde tu kwan ɔpepem 50 afi akwantufo nsam. Wɔ afe 2011 nkutoo mu no, wogyigyee atuo bɛboro 1,200. Nea akwantufo no mu pii kae ara ne sɛ na wɔn werɛ afi sɛ atuo hyehyɛ wɔn nneɛma mu.

Brazil

Sukuu mpanyimfo de mfiri bi (electronic chips) ahyehyɛ sukuufo ntade mu sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ sukuuni bi amma sukuu a wobehu. Sɛ abofra bi du sukuu mu a, afiri no de text message mena n’awofo, na sɛ abofra no ka akyi bɛboro simma 20 nso a, na ɛde message foforo akɔma n’awofo.

Norway

Seesei Lutheran Asɔre no nyɛ Norway ɔman no som bio. Bere a edi kan koraa wɔ abakɔsɛm mu no, Norway Mmarahyɛ Bagua no atow aba de asakra wɔn amanyɔ mmara mu ma abusuabɔ a ɛda Asɔre ne Ɔman ntam no mu agow.

Czech Republic

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, Czech adwumayɛfo dodow no ara te nka sɛ sɛ wɔankɔ adwuma na sɛ wɔnam telefon so frɛ wɔn, anaa wɔde e-mails ne text message to wɔn nkra fi adwuma mu a, ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm. Wɔn mu binom susuw sɛ sɛ wɔanni ɔfrɛ no ho dwuma ntɛm a, ɛnkyerɛ obu.

India

Ɛda so ara yɛ den sɛ Indiafo nyinaa benya aduan adi ɛmfa ho sɛ mfe 20 a atwam ni no wɔanya nnɔbae ma aboro so bɛyɛ ɔha mu nkyem 50 ma wɔde ɛmo ne awi tɔn ɔpepem 71 asie. Nnuan no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 40 pɛ na edu Indiafo afie mu. Nea ɛde ɔhaw yi ba no bi ne nyansakorɔn ne nnuan a wɔsɛe no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena