Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 8/15 kr. 10-11
  • Bible Nkyerɛkyerɛ Ma Nkurɔfo Hu Akenkan ne Akyerɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nkyerɛkyerɛ Ma Nkurɔfo Hu Akenkan ne Akyerɛw
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesua Ho Nhyehyɛe
    Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Nhomanim Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
    Nyan!—1994
  • So Ɛsɛ Sɛ Me Ba Kɔ Sukuu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nhomasua Nhyehyɛe a Ɛsen Biara
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 8/15 kr. 10-11
Yehowa Danseni bi rekyerɛ nkurɔfo akyerɛw ne akenkan

Wɔatintim Sua Akenkan ne Akyerɛw nwomawa no ɔpepem pii wɔ kasa bɛboro 100 mu

Bible Nkyerɛkyerɛ Ma Nkurɔfo Hu Akenkan ne Akyerɛw

“Obi biara wɔ hokwan sɛ ɔhu akenkan ne akyerɛw. Ɛyɛ ade a ɛsiesie obi ma n’asetena di mu, na ɛboa ɔman mpɔntu.”—UNESCO.a

AMANNEƐBƆ kyerɛ sɛ, sɛ yɛhwɛ wiase nyinaa a, nnipa bɛboro ɔpepem 700 a wɔadi mfe 15 ne akyi na wɔnnim akenkan ne akyerɛw. Enti nneɛma pii atwa wɔn ho ahyia a wɔnni ho nimdeɛ biara. Nea ɛha adwene koraa ne sɛ wɔntumi nkan Bible mu afotu a “wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ” no. (Romafoɔ 15:4) Wei nti wokɔ aman pii so a, wobɛhu sɛ Yehowa Adansefo kyerɛ nkurɔfo akyerɛw ne akenkan na ama wɔatumi asua Bible no yie. Nanso wonim, wɔyɛ wei nyinaa kwa; wɔnnye kaprɛ mpo mfi obiara hɔ. Ɛnneɛ, biribi pa afi mu aba anaa?

Wo deɛ yɛnhwɛ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ Mexico. Spanish kasa paa na wɔka wɔ saa man no mu, na ɛfi afe 1946 reba no, Adansefo yi aboa nnipa bɛboro 152,000 ma wɔahu akenkan ne akyerɛw. Anikasɛm mpo ne sɛ asuafo yi mu pii abɛyɛ akyerɛkyerɛfo. Mexico aban no ahu adwuma pa a Adansefo reyɛ no, na wɔakyerɛw nkrataa pii de akamfo wɔn. Tie krataa baako mu asɛm: “Badwafoɔ a wɔhwɛ nwomasua so no ahu mmɔden a morebɔ sɛ mobɛboa ama mpanimfoɔ ahu akenkan ne akyerɛw, na yɛkamfo mo paa.”

Yehowa Adansefo nam saa kwan yi so aboa mpanin ne mmofra ma wɔahu akenkan ne akyerɛw. Wɔn mu baako ne ɔbaa bi a wɔfrɛ no Josefina. Bere a ɔfii sukuu no ase no na wɔadi mfe 101, na mfe mmienu akyi no na wɔahu akenkan ne akyerɛw!

Ɛwom, Spanish kasa ne kasa titiriw a nkurɔfo ka wɔ Mexico, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne kasa a wɔkyerɛ. Afe 2013 mu no, Adansefo no yɛɛ akenkan ne akyerɛw sukuu no wɔ kasa ahorow nwɔtwe mu. Wei aboa nnipa pii ma wɔtumi kyerɛw wɔn kurom kasa kenkan.

Sɛ obi nim akenkan ne akyerɛw a, ɛboa no ma ɔhu nneɛma pii. Anigyesɛm koraa ne sɛ ɛbue kwan ma nnipa pii tumi kenkan Bible no. Wei ma wɔde wɔn ho fi gyidihunu, atoro nkyerɛkyerɛ, ne nneyɛe a ɛmfata ho.—Yohane 8:32.

a United Nations Educational, Scientific, and Cultural Organization (Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Nwomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So).

ƆMAA N’ABUSUAFO HO DWIRII WƆN

Daniel yɛ mum, ɔde DVD resua Mexico Mum Kasa

Daniel de DVD resua Mexico Mum Kasa

Daniel yɛ mum, nanso na ɔnnim mum kasa no papa. Enti ɛtɔ da a na wayɛ basaa, na ɛba saa a n’abusuafo na ahu amane. Bere a Daniel dii mfe 23 no, Ɔdansefo bi a ɔde Josué fii aseɛ ne no suaa Bible. Josué nso yɛ mum, na mfiase no sɛ wɔresua ade a, ɔyɛ nsɛnkyerɛnne anaa ɔdrɔdrɔ nneɛma kyerɛ Daniel. Akyiri yi, bere a Daniel nsa kaa DVD no, ɛboaa no ma ɔsuaa Mexico Mum Kasa.b

Adesua no boaa Daniel ma ɔnyaa nea Bible frɛ no “nipasu foforɔ.” Afei ɔnyaa su ahorow te sɛ “ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ.” (Kolosefoɔ 3:10, 12) Bio nso, Daniel huu sɛ ɛhia sɛ ɔyɛ osetie ma n’awofo na ɔdi wɔn ni sɛnea Bible ka no. (Efesofoɔ 6:1, 2) N’abusuafo ho dwirii wɔn paa! Daniel maame daa Josué ase papaapa sɛ waboa ne ba no ma wanya nkɔsoɔ wɔ Onyankopɔn som mu. Nokwasɛm ni, ɔrekasa nyinaa na nisuo ataataa no. Afe 2007 mu no, Daniel bɔɔ asu sɛ Yehowa Danseni.

b Yehowa Adansefo wɔ nwoma 46 wɔ DVD so wɔ Mexico Mum Kasa mu. Sɛ wokɔ yɛn wɛbsaet jw.org a, wobɛhu nneɛma pii wɔ mum kasa bɛyɛ 80 mu. Bio nso, yɛwɔ nwoma ne nneɛma ahorow pii wɔ anifuraefo nwoma Braille mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena