Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ed kr. 10-13
  • Adesua Ho Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adesua Ho Nhyehyɛe
  • Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntetee Afoforo
  • Sukuu Afoforo a Ɛtete Yɛn
  • So Ɛsɛ Sɛ Me Ba Kɔ Sukuu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Bible Nkyerɛkyerɛ Ma Nkurɔfo Hu Akenkan ne Akyerɛw
    Nyan!—2015
  • Nhomasua Nhyehyɛe a Ɛsen Biara
    Nyan!—2001
  • Nhomanim Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo ne Nhomasua
ed kr. 10-13
Kratafa 10 mfoni

Adesua Ho Nhyehyɛe

Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wɔyɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma.

ESIANE sɛnea wɔma wɔn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no hia wɔn nti, ebia ebinom besusuw sɛ wɔn ani nnye wiase nhomasua ho. Nanso ɛnte saa. Sɛnea ɛbɛyɛ na ɔkyerɛkyerɛfo atumi akyerɛkyerɛ afoforo no, ɛsɛ sɛ odi kan sua ade, na eyi hwehwɛ ntetee ne ɔkyerɛkyerɛ a ɛfata. Enti wiase sukuu a Yehowa Adansefo akɔ no ɔkwampa so akyi no, wɔanya nhomasua nhyehyɛe ne sukuu ahorow a Ɔwɛn Aban Asafo no yɛ so mfaso mfe pii. Eyinom aboa Adansefo ne afoforo ma wɔanya adwene, abrabɔ, ne honhom fam nkɔso.

Sɛ nhwɛso no, Adansefo no hyia tebea titiriw bi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma wɔ aman pii mu—sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo a wɔnkɔɔ sukuu pii anaa wɔnkɔɔ bi koraa ma enti wonnim akenkan ne akyerɛw no. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi saa ahiade yi ho dwuma no, Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ akenkan ne akyerɛw ho nhyehyɛe.

Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Nigeria no, Yehowa Adansefo ayɛ akenkan ne akyerɛw adesua fi 1949. Ɛde besi 1961 no, na Nigeriafo mpempem pii nam so asua akenkan, na kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ efi 1962 besi 1994 no, mpanyimfo afoforo 25,599 na wɔkyerɛɛ wɔn akenkan ne akyerɛw wɔ saa adesua horow yi ase. Nnansa yi akontaabu kyerɛe sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Nigeria no ɔha biara mu 90 ne akyiri nim akenkan, bere a ɔmanfo a aka mu no, ennu ɔha biara mu 50. Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ akenkan ne akyerɛw ho adesua wɔ Mexico fi 1946. Wɔ 1994 mu no, wɔkyerɛɛ nnipa bɛboro 6,500 akenkan ne akyerɛw. Efi 1946 kosi 1994 no, wɔboaa nnipa bɛboro 127,000 ma wohuu akenkan ne akyerɛw. Wɔayɛ akenkan ne akyerɛw adesua ho nhyehyɛe wɔ aman afoforo pii, te sɛ Bolivia, Cameroon, Honduras, ne Zambia nso mu.

Aban mpanyimfo a wɔhwɛ nhomasua so taa kyerɛ akenkan ne akyerɛw ho nhyehyɛe a ɛte saa no ho anisɔ wɔ aman a wɔyɛ wom no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mexico no, aban dwumayɛni bi kyerɛwee sɛ: “M’ani sɔ sɛnea moaboa no, na migyina aban mpanyimfo ananmu de wɔn nkamfo a edi mũ yiye rema mo wɔ adwuma a nidi wom a moyɛ a ɛkɔ so boa ɔmanfo no denam nimdeɛ ho hann a ɛde ma wɔn a wonnim akenkan no so. . . . Ensi mo yiye wɔ mo nkyerɛkyerɛ adwuma no mu.”

Ntetee Afoforo

Kratafa 12 mfoni

Adesuafo no bi renya baguam akenkan ne ɔkasa ho ntetee

Esiane sɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no ho hia wɔn kɛse nti, wɔbɔ mmɔden sɛ Bible nkyerɛkyerɛ ahorow a wɔde ma afoforo no, wobenya nkɔanim wom. Ɛno nti, sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 119,000 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wɔn a wɔyɛ Adansefo ne wɔn a wɔne wɔn bom som nya ntetee sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akenkan anaa wɔakasa yiye wɔ baguam. Wɔn a wosusua koraa mpo no, sɛ wonya hu akenkan ara pɛ a, wotumi de wɔn ho hyem, na wonya saa ntetee yi ma ɛso ba wɔn mfaso wɔ nneɛma afoforo nso mu, te sɛ wɔn sukuukɔ mu. Akyerɛkyerɛfo pii aka sɛ sukuufo a wɔyɛ Adansefo taa kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye paa.

Kratafa 13 mfoni

Wɔhyɛ akenkan ho nkuran kɛse wɔ wɔn asafo ahorow mu, na saa ara na wɔhyɛ abusua biara nkuran sɛ wonnya abusua nhomakorabea a nhoma pii wom

Nea ɛka ho no, wɔhyɛ Yehowa Adansefo asafo biara nkuran sɛ wonnya nhomakorabea a nhoma ahorow a wɔde sua Bible, nsɛm asekyerɛ nhoma, ne nhoma afoforo wom wɔ wɔn Ahenni Asa so, anaa wɔn nhyiambea. Saa nhomakorabea yi wɔ hɔ ma obiara a ɔkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa no so no. Wɔhyɛ akenkan ho nkuran kɛse wɔ wɔn asafo ahorow mu, na saa ara na wɔhyɛ abusua biara nkuran sɛ wonnya abusua nhomakorabea a nhoma pii wom na wɔde adi mmofra ne mpanyimfo ahiade ahorow ho dwuma.

Sukuu Afoforo a Ɛtete Yɛn

Bio nso Ɔwɛn Aban Asafo no yɛ sukuu ahorow a ɛtete mmarima ne mmea ma wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo, ne afei sukuu ahorow a wɔde tete mmarima a wɔwɔ ɔsom mu asɛyɛde ahorow wɔ asafo ahorow mu no. Sukuu ahorow yi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ nhomasua ho hia Yehowa Adansefo kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena