Ti 32
Sɛnea Wɔbɔɔ Yesu Ho Ban
ƐTƆ mmere bi a Yehowa yɛ nneɛma bi anwonwakwan so de bɔ wɔn a wonnyinii ne wɔn a wontumi mmɔ wɔn ho ban no ho ban. Sɛ wonam wuramkwan so a, wubetumi ahu sɛnea Yehowa yɛ eyi no mu biako. Nanso ebia mfiase no, worente nea ɛrekɔ so no ase.
Wubehu sɛ anomaa bi abesi fam baabi a ɛbɛn wo. Wohwɛ no a, wobɛka sɛ wahwe fam apira. Ɔtwe ne ntaban biako ase na bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛbɛn no no, oguan fi wo nkyɛn. Bere a wudi anomaa no akyi no, na ɔno nso di w’anim rekɔ. Afei mpofirim ara anomaa no tu kɔ. Sɛɛ biribiara nyɛɛ ne ntaban no koraa! So wunim nea na anomaa no reyɛ no?—
Wiɛ, na anomaa no mma hyɛ faako a obesii wɔ wo nkyɛn no pɛɛ wɔ nwura no mu. Na nnomaa no maame no suro sɛ ebia wubehu wɔn na woayɛ wɔn bɔne. Enti ɔhyɛɛ da yɛɛ te sɛ nea wapira no, na wama woafi hɔ akɔ. So wunim obi a obetumi abɔ yɛn ho ban sɛnea anomaa maame bɔ ne mma ho ban no?— Wɔ Bible mu no, wɔde Yehowa toto anomaa bi a wɔfrɛ no ɔkɔre a ɔboa ne mma nketewa ho.—Deuteronomium 32:11, 12.
Yehowa ba a ɔsom bo ma no sen biara ne ne Dɔba, Yesu. Bere a na Yesu wɔ soro no, na ɔyɛ honhom a ɔwɔ tumi te sɛ ne Papa. Na obetumi ahwɛ ne ho so yiye. Nanso bere a wɔwoo Yesu sɛ akokoaa wɔ asase so no, na ontumi nyɛ ne ho hwee. Na ohia ahobammɔ.
Nea ɛbɛyɛ na watumi ayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so no, na ɛsɛ sɛ Yesu nyin bɛyɛ ɔbarima mũ a ɔyɛ pɛ. Nanso, Satan bɔɔ mmɔden sɛ obekum Yesu ansa na saa bere no aso. Mmɔden a ɔbɔe sɛ obekum Yesu bere a ɔyɛ abofra no ne akwan a Yehowa faa so bɔɔ ne ho ban no yɛ asɛm a ɛyɛ anigye. So wobɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ wo?—
Bere a wɔwoo Yesu akyi bere tiaa bi no, Satan maa biribi a ɛte sɛ nsoromma hyerɛn wɔ wim wɔ Apuei fam. Mmarima bi a wɔfrɛ wɔn nsoromma mu ahwɛfo a wosua nsoromma ho ade, dii nsoromma no akyi twaa kwan kilomita pii kɔɔ Yerusalem. Woduu hɔ no, wobisaa faako a wɔbɛwo nea ɔbɛyɛ Yudafo hene no. Bere a wobisaa mmarima a wonim nea Bible ka fa eyi ho no, wobuae sɛ: “Betlehem.”—Mateo 2:1-6.
Bere a ɔhene bɔne Herode a ɔwɔ Yerusalem no tee ɔhene foforo a wɔawo no Betlehem a ɛbɛn hɔ ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no sɛ: ‘Monhwehwɛ abofra no, na afei mommɛka nkyerɛ me.’ Wunim nea enti a na Herode pɛ sɛ ohu faako a Yesu wɔ no?— Efisɛ na ɛyɛ Herode yaw, na na ɔpɛ sɛ okum no!
Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɔɔ ne Ba no ho ban?— Wiɛ, bere a nsoromma mu ahwɛfo no huu Yesu no wɔkyɛɛ no nneɛma. Akyiri yi no, Onyankopɔn bɔɔ nsoromma mu ahwɛfo no kɔkɔ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ fie a wɔansan ankɔ Yerusalem. Bere a Herode hui sɛ nsoromma mu ahwɛfo no kɔ no, ne bo fuwii paa. Enti nea ɛbɛyɛ na Herode akum Yesu no, ɔhyɛe sɛ wonkunkum mmarimaa a wonnya nnii mfe abien a wɔwɔ Betlehem nyinaa! Nanso saa bere no na Yesu nni hɔ.
So wunim ɔkwan a Yesu faa so fii ne nsa?— Bere a nsoromma mu ahwɛfo no kɔe no, Yehowa bɔɔ Maria kunu Yosef kɔkɔ sɛ, ɔnsɔre na onguan nkɔ akyirikyiri wɔ Misraim. Ɛhɔ de na ɔbɔnefo Herode nsa ntumi nka Yesu. Mfe bi akyi, bere a Maria ne Yosef san de Yesu baa Misraim no, Onyankopɔn de kɔkɔbɔ foforo maa Yosef bio. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae mu sɛ wɔnkɔ Nasaret, faako a na hwee renyɛ Yesu no.—Mateo 2:7-23.
Woahu sɛnea Yehowa bɔɔ ne Ba no ho ban no?— Hena na wobɛka sɛ ɔte sɛ nnomaa mma a na wɔhyɛ wɔn maame nkyɛn wɔ wuram anaasɛ ɔte sɛ Yesu bere a na ɔyɛ abofra no? So wonte sɛ wɔn?— Nnipa binom nso wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wopira wo. So wunim nnipa ko?—
Bible ka sɛ Satan te sɛ gyata a ɔbobom a ɔpɛ sɛ ɔmene yɛn. Na sɛnea agyata taa de wɔn ani si mmoa nketewa so no, saa ara na Satan ne n’adaemone no taa de wɔn ani si mmofra so. (1 Petro 5:8) Nanso Yehowa ho yɛ den sen Satan. Yehowa betumi abɔ ne mma ho ban anaasɛ wasɛe biribi bɔne biara a Satan de ba wɔn so no.
So wokae nea Ɔbonsam ne n’adaemone no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ wɔ nhoma yi Ti 10 no?— Yiw, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛanya ɔbarima ne ɔbea ntam nna a Onyankopɔn ka sɛ ɛmfata no mu kyɛfa. Nanso henanom nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya nna mu kyɛfa?— Ɛyɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔn baanu anyinyin na wɔaware no.
Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, mpanyimfo bi pɛ sɛ wɔne mmofra nya nna mu kyɛfa. Sɛ wɔyɛ saa a ɛma mmarimaa ne mmeawa nso fi ase yɛ nneɛma bɔne a wosua fii saa mpanyimfo no hɔ no bi. Wɔn nso fi ase de wɔn awo nkwaa di dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Saa na esii bere tenten bi a atwam ni wɔ Sodom kurow no mu. Bible ka sɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no, ‘fi mmarimaa so kosi nkwakoraa so’ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔne mmarima a wɔabɛsra Lot no benya nna mu kyɛfa.—Genesis 19:4, 5.
Enti sɛnea na Yesu hia ahobammɔ no, saa ara na wo nso ehia sɛ wɔbɔ wo ho ban fi mpanyimfo—ne mpo mmofra afoforo—a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔne wo benya nna mu kyɛfa no ho. Nea ɛtaa ba ne sɛ saa nnipa yi yɛ wɔn ho sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔfa wo adamfo. Ebia sɛ wohyɛ wɔn bɔ sɛ worenka nea wɔpɛ sɛ wɔne wo yɛ no ho asɛm nkyerɛ obiara a, wɔbɛkyɛ wo biribi. Nanso saa nnipa yi yɛ pɛsɛmenkominyafo te sɛ Satan ne n’adaemone no, na nea wɔhwehwɛ ara ne sɛ wobenya anigye bi. Na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya saa anigye yi denam mmofra a wɔne wɔn benya nna mu kyɛfa so. Eyi nye koraa!
So wunim nea ebia wɔbɛyɛ ama wɔanya saa anigye no?— Ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nsa begoru w’awo nkwaa ho. Anaasɛ mpo wɔde wɔn awo nkwaa betwitwiw wo de ho. Nanso ɛnsɛ sɛ woma obiara kwan ma ɔde w’awode di agoru. Ɛnsɛ sɛ woma wo nuabarima anaa wo nuabea anaa wo maame anaa wo papa mpo yɛ saa. Wo nipadua nkwaa yi yɛ wo nkutoo dea.
Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban afi nnipa a wɔyɛ saa nneɛma bɔne yi ho?— Nea edi kan koraa no, mma obiara nnni w’awo nkwaa ho agoru. Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ eyi a, teɛm denneennen sɛ: “Gyae nea woyɛ no! Mɛka!” Na sɛ onii no ka kyerɛ wo sɛ wo na woyɛe a, nnye nni. Ɛnyɛ nokware. Ɛmfa ho nipa ko a ɔyɛɛ saa no, kɔka! Sɛ ɔka sɛ nea moreyɛ no yɛ wo ne no ntam kokoam asɛm mpo a, ɛsɛ sɛ woka. Sɛ onipa no ka sɛ ɔbɛkyɛ wo nneɛma a ɛbɛma w’ani agye anaasɛ ohunahuna wo kɛse mpo koraa a, fi ne nkyɛn na kɔka.
Ɛnsɛ sɛ wusuro, nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye. Sɛ w’awofo bɔ wo kɔkɔ wɔ nnipa bi ho anaasɛ mmeae bi a ebetumi ayɛ asiane ama wo a, ehia sɛ wutie wɔn. Sɛ wutie a, ɛremma saa nnipa bɔne no nnya wo.
Kenkan sɛnea wobɛbɔ wo ho ban afi nna mu nneyɛe a ɛmfata ho ho asɛm wɔ Genesis 39:7-12; Mmebusɛm 4:14-16; 14:15, 16; 1 Korintofo 6:18; ne 2 Petro 2:14.
[Mfonini wɔ kratafa 167]
Ɔkwan bɛn so na saa nnomaa maame yi rebɔ ne mma ho ban?
[Mfonini wɔ kratafa 168]
Bere a nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa Yesu wiei no, kɔkɔbɔ bɛn na Onyankopɔn de maa wɔn a ɛbɔɔ Yesu ho ban?
[Mfonini wɔ kratafa 169]
Ɔkwan bɛn so bio na wɔbɔɔ Yesu a na ɔyɛ abofra no ho ban?
[Mfonini wɔ kratafa 171]
Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ obesuso wo mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woka anaa woyɛ?