Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 41 kr. 212-216
  • Mmofra a Wɔma Onyankopɔn Ani Gye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra a Wɔma Onyankopɔn Ani Gye
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sogyani Panyin Ne Abaayewa Bi
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ná Ɔwɔ Gyidi Ne Akokoduru​—So Wowɔ Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Ɔpɛe sɛ Ɔboa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔbarima Ɔhantanfoɔ Brɛ Ne Ho Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 41 kr. 212-216

Ti 41

Mmofra a Wɔma Onyankopɔn Ani Gye

WUSUSUW sɛ abofra bɛn na ɔmaa Yehowa ani gyei sen biara wɔ asase so?— Ɛyɛ ne Ba, Yesu. Ma yɛnka nneɛma a Yesu yɛe maa ne soro Agya no ani gyei ho asɛm.

Efi baabi a na Yesu ne n’abusuafo te rekɔ Yerusalem, faako a na Yehowa asɔrefie fɛfɛ no si no yɛ bɛyɛ nnansa kwan. Yesu frɛɛ asɔrefie no ‘M’agya fie.’ Afe biara na ɔne n’abusuafo kɔ hɔ kodi Twam no.

Afe bi, bere a na Yesu adi mfirihyia 12 no, n’abusuafo no sii kwan so a na wɔresan aba fie bere a wɔakodi Twam no awie no. Bere a wɔsoɛ anadwo sɛ wɔregye wɔn ahome no ansa na wohui sɛ Yesu nka wɔn abusuafo ne nnamfo no biara ho. Enti ntɛm ara na Maria ne Yosef san wɔn akyi kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔhwehwɛ Yesu. Wususuw sɛ ɛhe na na ɔwɔ?—

Wohuu Yesu wɔ asɔrefie hɔ. Na ɔretie akyerɛkyerɛfo no rebisabisa wɔn nsɛm. Na sɛ wobisa no biribi a, na ɔma wɔn mmuae. Mmuae pa a ɔde maa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Sɛ woahu nea enti a na Onyankopɔn ani gye ne Ba no ho no?—

Ɛwom sɛ bere a Maria ne Yosef huu Yesu no wɔn bo tɔɔ wɔn yam paa de. Nanso na ɛnhaw Yesu. Na onim sɛ asɔrefie hɔ yɛ baabi pa a ɛfata sɛ ɔtra. Enti obisae sɛ: ‘Munnim sɛ ɛsɛ sɛ mewɔ M’agya fie?’ Na onim sɛ asɔrefie no yɛ Onyankopɔn fie, na na n’ani gye hɔ.

Ɛno akyi no, Maria ne Yosef faa Yesu a na wadi mfirihyia 12 no ne no san kɔɔ fie wɔ Nasaret. Wususuw sɛ ɔkwan bɛn so na Yesu ne n’awofo dii nsɛm?— Wiɛ, Bible ka sɛ ‘ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa wɔn.’ Wususuw sɛ ɛno kyerɛ dɛn?— Ɛkyerɛ sɛ na otie wɔn asɛm. Yiw, ɔyɛɛ nea n’awofo ka kyerɛɛ no, sɛ na eyi yɛ biribi te sɛ nsu a ɔbɛkɔ akɔsaw afi abura mu mpo a.—Luka 2:41-52.

Enti susuw eyi ho hwɛ: Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso otiee n’awofo a wɔnyɛ pɛ no. So eyi maa Onyankopɔn ani gyei?— Akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa n’ani gyei, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ mmofra sɛ: “Muntie mo awofo asɛm.” (Efesofo 6:1) Sɛ wutie w’awofo a, wo nso wobɛma Onyankopɔn ani agye sɛnea Yesu yɛe no.

Ɔkwan foforo a wubetumi ama Onyankopɔn ani agye ne sɛ wobɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo. Nanso ebia nnipa binom bɛka sɛ eyi nyɛ mmofra adwuma. Nanso bere a nkurɔfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔremma mmarimaa bi nyɛ eyi no, Yesu kae sɛ: ‘Monkanee wɔ Kyerɛwnsɛm no mu pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi, anaa?’ (Mateo 21:16) Enti sɛ yɛpɛ a, yɛn nyinaa betumi aka Yehowa, ne sɛnea ɔyɛ Onyankopɔn nwonwafo no ho asɛm akyerɛ afoforo. Na sɛ yɛyɛ a, yɛbɛma Onyankopɔn ani agye.

Ɛhefa na yesua Onyankopɔn ho ade a yebetumi aka ho asɛm akyerɛ afoforo no?— Wɔ Bible adesua a yɛyɛ wɔ fie no mu. Nanso yesua pii fi baabi a Onyankopɔn nkurɔfo hyiam sua ade no. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a wɔyɛ ne nkurɔfo no?—

Wiɛ, dɛn na nkurɔfo no yɛ wɔ wɔn nhyiam ahorow ase? So wɔkyerɛkyerɛ nea ɛwɔ Bible mu ankasa? So wɔkenkan, susuw ho? Saa kwan no so na yetie Onyankopɔn, ɛnte saa?— Na wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no yɛhwɛ kwan sɛ yebetie nea Onyankopɔn ka, anaa ɛnte saa?— Nanso sɛ nkurɔfo ka sɛ ɛnsɛ sɛ wugyina nea Bible ka so bɔ wo bra nso ɛ? So wobɛka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo?—

Biribi foforo a yebetumi asusuw ho ni. Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nnipa a ‘ne din da wɔn so.’ (Asomafo no Nnwuma 15:14) Esiane sɛ Onyankopɔn din de Yehowa nti, yebetumi abisa nkurɔfo sɛ ebia Yehowa ne wɔn Nyankopɔn anaa. Sɛ wɔka sɛ dabi a, ɛnde na yenim sɛ wɔnyɛ ne nkurɔfo. Afei nso Onyankopɔn nkurɔfo bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ afoforo. Na wɔbɛda ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no adi denam ne mmara nsɛm a wobedi so so.—1 Yohane 5:3.

Sɛ wunim nkurɔfo a wɔyɛ eyinom nyinaa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wo ne wɔn hyiam som. Ɛsɛ sɛ woyɛ aso tie asɛm yiye wɔ nhyiam ahorow yi ase na woma mmuae bere a wɔabisa nsɛm no. Saa na Yesu yɛe bere a na ɔwɔ Onyankopɔn fie no. Na sɛ woyɛ saa nneɛma no a, wobɛma Onyankopɔn ani agye, sɛnea Yesu yɛe no.

So wubetumi asusuw mmofra foforo a wɔabobɔ wɔn din wɔ Bible mu a wɔmaa Onyankopɔn ani gyei no ho?— Timoteo yɛ nhwɛso fɛfɛ. Na ne papa nnye Yehowa nni. Nanso na ne maame, Eunike gye Yehowa di, na saa ara na na ne nanabea Lois nso gye no di. Timoteo tiee wɔn na osuaa Yehowa ho ade.

Bere a Timoteo nyinii no, ɔsomafo Paulo kɔɔ kurow a na wɔte mu no mu. Ohuu sɛnea na Timoteo pɛ sɛ ɔsom Yehowa no. Enti ɔtoo nsa frɛɛ Timoteo sɛ ɔmmɛka ne ho mma wɔnyɛ Onyankopɔn adwuma no kɛse. Baabiara a wɔkɔe no, wɔkaa Onyankopɔn Ahenni ne Yesu ho asɛm kyerɛe.—Asomafo no Nnwuma 16:1-5; 2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.

So mmarimaa a wɔmaa Onyankopɔn ani gyei nkutoo ho nhwɛso na ɛwɔ Bible mu?— Ɛnte saa koraa. Susuw Israelni abeawa bi a ɔyɛɛ saa ho hwɛ. Ne bere so no, na Siria ne Israel man yɛ atamfo. Da bi, Siriafo no dii ako tiaa Israelfo na wɔfaa abeawa yi dommum. Wɔde no kɔɔ ɔsahene bi a na wɔfrɛ no Naaman fie. Ɔkɔyɛɛ Naaman yere afenaa wɔ hɔ.

Na Naaman wɔ yare bi a wɔfrɛ no kwata. Aduruyɛfo no mu biara antumi ansa no yare. Nanso na abeawa a ofi Israel yi gye di sɛ Onyankopɔn asomfo atitiriw no mu biako a ɔyɛ odiyifo no betumi aboa Naaman. Ɛwom, na Naaman ne ne yere nsom Yehowa de. Nanso, so na ɛsɛ sɛ abeawa no ka nea onim no kyerɛ wɔn? Dɛn na anka wobɛyɛ?—

Wiɛ, abeawa no kae sɛ: ‘Sɛ Naaman bɛkɔ Yehowa diyifo a ɔwɔ Israel no nkyɛn a, anka wɔbɛsa Naaman kwata no ama no.’ Naaman tiee abeawa no, na ɔkɔɔ Yehowa diyifo no nkyɛn. Bere a ɔyɛɛ nea odiyifo no ka kyerɛɛ no no, onyaa ayaresa. Eyi maa Naaman bɛyɛɛ nokware Nyankopɔn no somfo.—2 Ahene 5:1-15.

So wobɛpɛ sɛ woboa obi ma osua Yehowa ne nea obetumi ayɛ ho ade sɛnea abeawa no yɛe no?— Hena na wubetumi aboa no?— Ɛwom sɛ mfiase no ebia wɔrensusuw sɛ wohia mmoa de. Nanso wubetumi aka nneɛma pa a Yehowa yɛ no ho asɛm akyerɛ wɔn. Na ebia wobetie. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ eyi bɛma Onyankopɔn ani agye.

Wubetumi ahu nkuranhyɛ nsɛm foforo a ebetumi ama mmofra anya Onyankopɔn som mu anigye wɔ Dwom 122:1; 148:12, 13; Ɔsɛnkafo 12:1; 1 Timoteo 4:12; ne Hebrifo 10:23-25.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 213]

Ɔkwan bɛn so na abofra Yesu maa Onyankopɔn ani gyei?

[Mfonini wɔ kratafa 215]

Ɛwom sɛ na Timoteo papa nyɛ gyidini de, nanso dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 216]

Ɔkwan bɛn so na Israelni abeawa yi maa Onyankopɔn ani gyei?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena