Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 8/1 kr. 4-5
  • So Wubetumi Adɔ Wo Yɔnko Na Woanom Sigaret?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Adɔ Wo Yɔnko Na Woanom Sigaret?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SO ƐNE YƆNKODƆ HYIA?
  • SO ƐYƐ BƆNE SƐ WOBƐNOM SIGARET KOKOAM?
  • WOBEHU NO MMƆBƆ ESIANE MMERƐWYƐ NTI?
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Sigaretnom?
    Nyan!—2000
  • Ɔkwan a Wubetumi Afa So Agyae Tawanom
    Nyan!—2000
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 8/1 kr. 4-5

So Wubetumi Adɔ Wo Yɔnko Na Woanom Sigaret?

NNIPA a wɔnom sigaret no, ɛnyɛ mframa a afoforo home no nkutoo na wɔsɛe no, na mmom wodi wɔn ankasa ho awu. Sɛ wogyae sigaretnom a, anka wobenya ahoɔden asen sɛnea wɔte. Na anka wɔbɛkyɛe sika pii nso so denam sɛe a wɔrensɛe no wɔ sigaretnom ho no so​—wɔsɛe bɛyɛ dɔla 700 afe biara wɔ sigaret nkutoo ho. Enti nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ obi a ɔnom sigaret yɛ ara ne sɛ ogyae.

Susuw wusiw a etu fi sigaret a wɔasɔ ano no ho hwɛ. Bɔre a ɛwom no ano yɛ den sen wusiw a nea ɔrenom sigaret no twe kɔ ne mu no. Saa wusiw a etu fi sigaret no ano kwa no kura awuduru bi a wɔfrɛ no Brɔfo mu sɛ tar ne nicotine no mmɔho, na ɛwɔ carbon monoxide mmɔho anum ne ammonia mmɔho 50 sen wusiw a wɔtwe kɔ wɔn mu no, sɛ yɛremmobɔ awuduru afoforo din a.

Sigaret bɛyɛ 10 a wɔbɛhyew wɔ kar mu no betumi ama carbon monoxide a ɛwɔ mframa no mu no akɔ anim ɔpepem biara mu ɔha, a ɛkɔ soro koraa sen nea kuw a ɛhwɛ mframa so wɔ United States no ma kwan no. “Wɔ sukuufo apontow bi ase no,” New York Times kae sɛ, “efĩ a ɛwɔ mframa a sigaret wusiw afra mu mu no sen nea wobu sɛ ɛyɛ mframa pa wɔ United States no mmɔho 40.” Na, sɛnea wɔada no adi wɔ atifi hɔ no, awu a edi wɔn a wɔhyɛ wɔn daa ma wɔhome wusiw a ɛte saa no yɛ nea ada adi pefee.

SO ƐNE YƆNKODƆ HYIA?

Bible se ‘wo yɔnko a wobɛdɔ no sɛ wo ankasa wo ho’ ne “mmara a edi hene,” enti esi hia a saa mmara yi ho hia so dua. (Yak. 2:8) So ɛbɛkyerɛ ɔdɔ ama wo yɔnko bere a wohyɛ da tow wura gu ne fie anaasɛ wote ntasu gu n’anim no? Ebia wobɛka sɛ, “Dabida!” So nneɛma a ɛtete saa a wode bɛyɛ wo yɔnko no bɛyɛ bɔne?

Bɔne asekyerɛ boa yɛn ma yebua saa asɛm yi. “Bɔne yɛ mmara sobu”​—Onyankopɔn mmara, sɛnea Bible ka no. (1 Yoh. 3:4) Enti sɛ́ wobɛhyɛ da de biribi a wo yɔnko mpɛ a ɛte sɛ ntasu a wote gu n’anim anaasɛ wura a wotow gu ne fie ayɛ no no bɛyɛ bɔne. Ɛbɛyɛ “mmara a edi hene” a ese, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no sobu.

Na eyi fa sigaretnom ho dɛn? Wɔ asɛntitiriw bi a wɔkyerɛwee wɔ Cancer News no mu no, Dr. Isaac Asimov kyerɛɛ sɛnea ɛte no mu pefee. Ɔkae sɛ, “Sɛ obi nom sigaret a, ɛnyɛ ne ho awu nkutoo na odi. Ne wusiw a opuw no kɔ m’ahurututu ne ne mogya mu. Me ho bɔn sigaret sɛ ɔno ara. Na ɔma hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ menya komayare ne ahurututu mu akisikuru no yɛ kɛse.”

Wɔ mmuae a ɔde ma wɔn a wɔnom sigaret a ebia wɔbɛka sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔnom sigaret wɔ afoforo anim no mu no, Dr. Asimov kae sɛ: “Sɛ ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔnom sigaret na ɔka sɛ sɛ mekasa tia a na meresiw n’ahofadi hokwan a, ɛnde, so ɔbɛma me ho kwan, sɛ mete nka sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ n’ayaase na meka sɛ pene a ɔrempene so no siw m’ahofadi kwan a? Ma yɛnka no sɛ: Ahofadi a wowɔ sɛ wobɛnom sigaret no ba awiei wɔ baabi a m’ahurututu fi ase no.”

Akyinnye biara nni ho, obi ayaase a wobɛbɔ, ntasu a wobɛte agu n’anim, wura a wobɛtow agu ne fie no nkyerɛ yɔnkodɔ. Na sigaretnom nso nkyerɛ yɔnkodɔ. Ɛyɛ hokwan a afoforo wɔ a wommmu​—epira wɔn mmom sen ɔdɔ adi a woyi kyerɛ wɔn. Yiw, sigaretnom yɛ bɔne.

Nanso, ebia a obi a ɔnom sigaret no bɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Minim sɛ sigaretnom betumi ahaw afoforo. Ɛno nti na mennom sigaret wɔ nnipa mu no.” Enti, sɛ kokoam nkutoo na obi nom sigaret a, so ɛyɛ bɔne? Empira obi foforo biara.

SO ƐYƐ BƆNE SƐ WOBƐNOM SIGARET KOKOAM?

Nanso susuw ho: Edi nea ɔnom sigaret no ankasa awu. Na hena ne yɛn nkwamafo? Bible no bua sɛ: “[Yehowa Nyankopɔn] nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” “Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne home.” (Dw. 36:10 [nky. 9, Twi Bible Foforo]; Aso. 17:25) Yiw, yɛn nkwa yɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn de ma.

Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ nkwa a Onyankopɔn de ma sɛ akyɛde no ho anisɔ? Ɛdenam nneɛma a ebetumi asɛe no a yɛyɛ so anaa? Dabida! Sɛ́ yɛbɛhyɛ da ayɛ ade a ɛte saa no bɛyɛ mfomso. Wɔ eyi mu no, susuw asɛm a Joseph Califano, ɔpanyin a na anka ɔhwɛ Amerika Akwahosan, Nhomasua ne Yiyedi so no, kae no ho: “Akyinnye biara nni ho nnɛ sɛ sigaretnom yɛ ɔkwan brɛoo a obi fa so di ne ho awu.”

Sɛ́ obi bɛhyɛ da asɛe ɔdesani nkwa no yɛ mfomso​—ɛyɛ bɔne. Bible no hyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wogu wɔn nipadua ho fĩ mpo. Ɛhyɛ nkuran sɛ, “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom fĩ nyinaa mu.” (2 Kor. 7:1) Sɛnea ɛbɛyɛ na obi a ɔnom sigaret atumi adi saa ahyɛde yi so no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi tawanom suban no ho, esiane sɛ egu onipa ho fĩ nti. Ɛsɛe nea ɔnom sigaret no nsateaa ano, ɛsɛe ne sẽ, ɛsɛe ahome a ogye, na n’atade mu mpo bɔn​—ɛkame ayɛ sɛ ogu biribiara a ɛka no ho fĩ.

Na sɛ obi a ɔnom sigaret no pɛ sɛ ogyae, nanso aka ne hɔ araa ma ontumi nnyae nso ɛ? So Onyankopɔn fi mmɔborohunu mu bɛte ase, esiane sɛ Yesu Kristo kae sɛ, ‘honhom pɛ de, na honam na ɛyɛ mmerɛw’ nti anaa?​—Mat. 26:41.

WOBEHU NO MMƆBƆ ESIANE MMERƐWYƐ NTI?

Ampa, sigaretnom a obi begyae no mu betumi ayɛ den yiye. Wɔn a na aka wɔn hɔ no mu biara aka sɛ, “Ná ɛyɛ mmerɛw sɛ megyae heroin (a ano yɛ den te sɛ wii) sen sigaret.” Ahohiahia nka a obi te bere a ɔregyae sigaretnom no kyɛ pii. Atesɛm krataa a wɔfrɛ no Science 80 ka sɛ “bebree fam no, akɔnnɔ no kɔ so haw wɔn bɛyɛ ɔsram biako, na wɔn mu nkyem anum mu biako fam no ɛkɔ so bɛyɛ mfe anum kosi akron bere a wɔagyae akyi no.”

Eyi ma yehu nea enti a bebree gyae sigaretnom bere tenteenten bi, na wɔsan fi ase bio no. Nnipa 10 a wɔnom sigaret mu baakron pɛ sɛ wogyae. Nanso sɛ́ wɔbɛtwe wɔn ho afi tawa ho no yɛ akodi a ɛkɔ so da biara da, na ɛtɔ da bi a ɛkɔ so mfe pii. Ɔpepem pii adi akodi no mu nkonim. Ɔpepedudu pii nso ako agu. Sɛ obi abɔ mmɔden sɛ obegyae na wantumi a, so nyansa wom sɛ onya adwene sɛ Onyankopɔn bɛte ase na ɔde mmerɛwyɛ yi afiri no anaa?

Asɛm no ne sɛ ebia onii no ani gye sigaretnom no ho. Nanso ɛno ntumi nsesa asɛm no bere a Onyankopɔn kasa tia. Bible no se sɛ anka Mose “bɛte bɔne mu dɛ nna tiaa bi” no, ɔpawee sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn. (Heb. 11:24-26) Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɛdenam ne mmoa so no, ne nkoa bɛko atia na wɔadi nneyɛe a ɛne ne mmara bɔ abira no so.

Fa aguamammɔ sɛ nhwɛso. Ɛyɛ adeyɛ a ebetumi ayɛ anigye bere tiaa bi. Na bere a obi yɛ saa no, akɔnnɔ a ɔwɔ sɛ ɔne nnipa ahorow ahorow bɛda no mu tumi yɛ den te sɛ sigaretnom ho akɔnnɔ biara. Nanso aguamammɔ yɛ Onyankopɔn mmara sobu, na wɔn a wɔhyɛ da bɔ aguaman a wɔnkyerɛ ahonu biara no rennya Onyankopɔn daa nkwa akyɛde no. Na saa ara na ɛte wɔ wɔn a wɔkɔ so nom sigaret no fam.​—Heb. 13:4; Rom. 6:23.

Osetie wɔ Onyankopɔn mmara ho gye mmɔdenbɔ ankasa. Na na ɛte saa wɔ Onyankopɔn ba, Yesu Kristo nso fam. Ohuu amane kɛse, na awiei no owuu owu a ɛyɛ yaw. Nanso ɔkɔɔ so dii Onyankopɔn nokware. Nnipa bi fam no, ebia wɔn ho a ehiahia wɔn bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobegyae sigaretnom no mu betumi ayɛ den te sɛ amanehunu a Kristo hyiae no. Nanso sigaretnom suban no yɛ nea wotumi di so. Ɔkwan bɛn so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena