Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 9/1 kr. 3-4
  • Adesamma A Wɔaka Abom​—Nea Ebetumi Akyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adesamma A Wɔaka Abom​—Nea Ebetumi Akyerɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa Reyɛ Biako—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Europa Biakoyɛ Ho Akwanhwɛ No
    Nyan!—1992
  • So Onipa Rentumi Mfa Asomdwoe Mma?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 9/1 kr. 3-4

Adesamma A Wɔaka Abom​—Nea Ebetumi Akyerɛ

“SƐ́ YƐYƐ Hindufo anaa Katolekfo, Yudafo anaa Lutheranfo, Quakerfo anaa Nkramofo, Buddhafo, Amishfo anaa Mormonfo no, sɛ yɛde ahofama ne nnamyɛ bɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asase yi so ayɛ te sɛ ɔsoro, sɛnea yɛyɛ bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfata ama owu akyi asetra no a, wode susuw wiase a emu tew, porɔwee biara nni mu na ɛyɛ fɛ a yɛbɛtra mu no ho hwɛ.” Amerikani sɛnkyerɛwfo Mel Ellis de saa nsɛm yi daa nea ɛyɛ nnipa pii pɛ nnɛ no adi. Wɔpɛ wiase bi a ɛyɛ fɛ mu atra. Nanso wɔkɔ so ara kura wɔn nyamesom, amammui, sikasɛm ne asetra mu mpaapaemu no mu​—nneɛma koro no ara a ɛde nitan, akameakame ne mogyahwiegu aba wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no.

Nanso sɛ nnipa nyinaa kura atirimpɔw biako a, wobetumi ama nsakrae kɛse aba asase so. Ade biako a ebefi mu aba ntɛm ara ne sɛ akodi begyae. Na ɛbɛma nsɛm te sɛ “akodeyɛ ho akansi” ne “nuklea akode a wɔboaboa ano” ayɛ nea atwam. Wɔrempirapira nkurɔfo wɔ akodi mu bio. Mmusua horow renni awerɛhow bio esiane adɔfo a wɔahwere wɔn wɔ akodi mu nti.

Sika a wɔde yɛ akode na wɔde hwɛ asraafo nnɛ no bɛyɛ (U.S.) dɔla ɔpepepem 800 afe biara. Sɛ wɔde eyi nyinaa dii nneɛma a ɛma asomdwoe ho dwuma a, nsakrae bɛn ara na anka ebetumi aba wɔ mprempren tebea horow a ɛnyɛ pɛ yi mpo mu! Susuw afie, ayaresabea ahorow, sukuu ahorow, ahotew asetra mu nneɛma ahorow a ɛho hia, nsu pa, ne nneɛma afoforo a wobetumi de ama no ho.

Na ɛno nyinaa betumi ama wɔn a wɔreyɛ nneɛma ma ɛho aba adesamma mfaso no anya adwuma ayɛ. Sɛ adesamma abusua mu no nyinaa nso rebom ayɛ adwuma ma ɛde yiyedi aba a, anka yɛn nyinaa benya aduan adi. Franse atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo panyin André Fontaine kae sɛ: “Ahonyade a ɛdɔɔso wɔ hɔ ma obiara, sɛ yɛde bedi dwuma ma ɛho aba adesamma mfaso nkutoo a.”

Enti susuw nea adesamma abusua a wɔakabom no betumi akyerɛ no ho. Ebetumi akyere adwuma a wofi ɔdɔ mu bom yɛ mmom sen akansi a ɔdɔ biara nni mu; nkate a yebenya ama afoforo mmom sen nitan; asomdwoe a ɛma nkɔso mmom sen basabasayɛ a nyansa nni mu; obu ma yɛn ho yɛn ho a ɛka yɛn bom mmom sen ɔman ho dɔ a ɛde mpaapaemu ba.

Nanso ɛbɛyɛ dɛn na nsakrae horow a ɛte sɛɛ aba? Nokwarem, ɛsɛ sɛ efi ase wɔ nkurɔfo adwene mu. Na sɛnea ɛbɛyɛ na adwene no asakra no, ɛsɛ sɛ nsakrae ba wɔ abrabɔ ne honhom mu nkyerɛkyerɛ mu na ayi nkɛntɛnso horow a ɛde mpaapaemu ba afi nnipa mu. Nanso ɛhe na wobenya nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a ɛde biakoyɛ ba no? So wobenya afi amammui, sikasɛm nhyehyɛe, nyamesom anaasɛ wiase yi nhomasua nhyehyɛe horow mu anaa?

Bible no de mmuae a emu da hɔ ma yɛn wɔ odiyifo Yeremia nsɛm yi mu: “[Yehowa], mahu sɛ onipa akwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

Asɛm a Mark Thee, International Peace Research Institute a ɛwɔ Norway no panyin kae no si eyi so dua. Ɔkae sɛ: “Nnɛyi amanaman ntam tebea yɛ nea ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu wom wɔ adesamma dwumadi nhyehyɛe nyinaa mu: sikasɛm ne asetra mu, amammui ne sraadi mu, honhom fam ne abrabɔ fam. Akameakame redɔɔso, basabasayɛ rekɔ anim na nhyɛso a wɔde di dwuma ne nnaadaa mu atrɛw. . . . Nsonoe a ɛda asomdwoe ne ɔko ntam no reyɛ hu kɛse.”

Ɛnde, so ɛnna adi sɛ adesamma ankasa rentumi nyɛ ho hwee, efisɛ wonni nyansa a wɔde bɛkyerɛ wɔn ankasa anammɔn kwan akɔ wiase nyinaa biakoyɛ mu anaa? Ampa, ebia ebinom bɛte nka sɛ eyi yɛ asɛm a wɔka ma ɛkɔ akyiri dodo, na adesamma ankasa betumi de biakoyɛ aba daakye. Nanso, dɛn na kyerɛwtohɔ no da no adi? So ɛma yɛn nnyinaso bi a enti yebetumi anya anidaso sɛ wiase nhyehyɛe horow yi mu bi betumi de wiase nyinaa biakoyɛ aba anaa? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde dɛn na ebetumi ayɛ saa?

[Kratafa 4 mfoni]

Susuw nea anka wobetumi ayɛ nnɛ mpo no ho, sɛ wɔde sika a wɔsɛe wɔ akode ho no di dwuma ma asomdwoe ba wiase a!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena