So Nyamesom Yɛ Tumi A Ɛma Wobu Ɔbra Pa?
SƐ WƆREMA asemmisa yi ho mmuae a, nnipa ɔpepem pii ne George Bernard Shaw bɛyɛ adwene, nea ɔkyerɛwee sɛ: “Nyamesom yɛ tumi kɛse—tumi biako pɛ a etumi kanyan obi ankasa wɔ wiase no mu.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a Engyiresini ɔkyerɛwfo John Ruskin a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 mu rekyerɛw nea ɛma obi di nokware ho asɛm no, ɔkae wɔ fɛwdi kwan so sɛ: “Ɔpapahwekwa nyamesom ne ade a enye sen biara wɔ ne ho bere nyinaa.” Adwenkyerɛ yi mu nea ɛwɔ he na wususuw sɛ ɛbɛn nokware no ho kɛse?
Sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nyamesom ma wobu ɔbra pa no, obi betumi atwe adwene asi obi a “ɔsakrae” bere a ‘ohyiraa ne nkwa so maa Yesu Kristo no’ so. Saa na amanaman ntam nsɛmma nhoma bi kaa Charles Colson a na ne ho wɔ Watergate amumɔyɛde no mu no “adwensakra” no ho asɛm. Ebia ɔfoforo nso bɛtwe adwene asi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔn nyamesom agye wɔn afi aguamammɔ ne asabow mu no so. Wɔakyekyɛ Bible ɔpepem pii wɔ aman a wɔnyɛ Kristofo no mu a akyinnye biara nni ho sɛ aboa nnipa pii ma wɔama wɔn asetra anya nkɔso wɔ abrabɔ fam. Ɛda adi sɛ nyamesom anya saa nnipa no so nkɛntɛnso pa wɔ abrabɔ fam.
Ne Fã A Enye
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Hitler nyamesom antumi ansiw ne kwan kɛse biara wɔ nea ɔyɛe no mu. Eyi maa nnipa komapafo bisae nea enti a wɔanni adesrɛ a wɔde too Paapa Pius XII anim sɛ ontu Hitler mfi asɔre no mu no ho dwuma no. Catholic Telegraph-Register a wotintim wɔ Cincinnati, Ohio, no bɔɔ amanneɛ wɔ asɛmti a ɛne “Nkrasɛm a Wɔde Kɔmaa Paapa Ka Sɛ Wɔtetee no Sɛ Katolekni nanso Obu Gyidi So” no ase sɛ: “Wɔde adesrɛ ato Pius XII anim sɛ ontu ɔkannifo Adolf Hitler mfi asɔre no mu.” Sɛ wɔyɛɛ eyi a, so anka ɛrensakra nea ebefi ɔko no aba no na aboa ma adesamma akwati amanehunu pii? Nea ɛyɛ awerɛhow no, paapa no anni ho dwuma da.
Mpenatwe abu so kɛse wɔ Katolekfo aman a ɛwɔ South America no mu binom mu. Katolekfo sɔfo bi kyerɛw asɛm bi wɔ atesɛm krataa mu wɔ North America sɛ: “Momfa aguamammɔ nhyɛ mmara ase—Ɛyɛ Ano Aduru a Ɛyɛ Kronkron.” (Philadelphia Daily News) Hwɛ tebea horow a ɛwɔ Protestantfo aman a nkurɔfo de wɔn yerenom sesa afoforo de na mpenatwe abu so wom no mu binom. Yehu nea enti a eyi te saa no wɔ nea wɔaka wɔ nsɛmma nhoma yi mu no mu: “Asɔfo Nka Hwee wɔ Nna a Edi Aware Anim no Ho.” Asɛm no kae sɛ: “Amerika asɔfo nka nna a edi aware anim no ho hwee . . . Wosuro sɛ wɔbɛhwere wɔn asɔremma no mu binom.” (Telegraph, North Platte, Nebraska) So ɔsom nyinaa yɛ tumi a ɛma wobu ɔbra pa?
Wɔ Kristoman mu no, tumi a nyamesom nni wɔ abrabɔ so no da adi kɛse wɔ ɔko bere mu. Hwɛ nea wususuw wɔ nsɛm a ɛyɛ dɛ pii a wɔka yi ho. Wɔ 1934 mu no, W. Van Kirk a na anka ɔyɛ Federal Council of the Churches in America no kyerɛwfo wɔ saa bere no mu no kyerɛwee sɛ: “Asɛnkafo ne asɔremma nyinaa asɔre atia ɔko no kɛse . . . Saa asomdwoe ho ɔsa a asɔre no tui no fi gyidi a ɛkyerɛ sɛ ɔko ne Yesu asɛnka ne ne nneyɛe bɔ abira koraa no nti.” (Religion Renounces War) Bere a nhoma no aka asɔre ahorow ne asɔfo pii ho asɛm akyi no, ɛde baa awiei sɛ: “Asɔre ahorow no taa ka pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn sɛ wonya nnipa a wokunkum wɔn na wɔma wodi dɛm adwuma no mu kyɛfa. Asɛnkafo no . . . rehohoro wɔn nsa afi wɔn mfɛfo mogya ho, wɔne Kaesare redi mpaapaemu.”
Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛma anidaso no amma mu. Bere a Wiase Ko II pae gui no, Kristoman mu ɔsom atitiriw no mu biako mpo nni hɔ a esii gyinae pintinn sɛ ‘ɛbɛkasa atia ɔko.’ So asɔre a ɛwɔ faako a wote no yɛ saa?
Abrabɔ Fam Ban Ahorow A Abubu
Bere a yɛasusuw adanse a ɛfa afanu no nyinaa ho no bi ho no, so worennye ntom sɛ wɔ nsɛm no pii mu no, ɛnyɛ nea wiase no mu nyamesom a agye din no mu pii ayɛ tumi a ɛyɛ den a ɛma wobu ɔbra pa? Look nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Asɔre ahorow no . . . antumi amfa akanni amma wɔ abrabɔ fam, na esiane sɛ wɔn asɛyɛde so sen biara nti, wɔn nkogudi no yɛ nea enye sen biara.” The Courier-Mail a wotintim wɔ Brisbane, Australia no kaa tumi a Kristoman mu nyamesom antumi amma wɔannyae aguamammɔ ho asɛm: “Wɔ Asɔfo Mpanyin ne Mmara no fam no . . . fi a obi fi ne hokafo akyi no betumi ayɛ adɔe a ‘ɛka Onyankopɔn Anuonyam ho asɛm kyerɛ,’. . . ne sɛ aguamammɔ nyɛ nea enye ankasa na saa ara na awaresɛe te; afei mmarima ne mmea a wɔba fam, ne titiriw mmerante ne mmabaa adwene tu fra wɔ nea eye ne nea enye ho. Nea efi nsɛm a ɛsɛe adwene a wɔka de boa Abrabɔ Foforo no nyinaa mu ba ne abrabɔ fam ban ahorow a ebubu gu.”
Dabi, wiase no mu nyamesom ahorow no ntaa nyɛ tumi ankasa a ɛma wobu ɔbra pa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛsɛ sɛ wogye abrabɔ a ɛsɛe no no ho asodi no bi to wɔn ho so. Nanso, esiane sɛ wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nyamesom kyerɛ “adwuma ne ɔsom ma Onyankopɔn anaasɛ tumi a ɛkorɔn sen onipa de nti,” so ɛnsɛ sɛ ɛyɛ tumi a ɛma wobu ɔbra pa wɔ aman ahorow a ɛwom no nyinaa mu? Dɛn na aka? Ɔkwan bɛn so na nyamesom betumi anya tumi a ɛte sɛɛ nnɛ?