Mfatoho Ahorow—Ɔkwan A Wɔfa So Du Komam
NA DAWID reguan apere ne nkwa. Ne tamfo ne Saul, Israel hene a wɔasra no. Nanso, na Saulo yɛ ɔbarima a ɔtan Dawid yiye, na ninkuntwe ahyɛ no ma. Na ɔhene no de asraafo 3,000 aba rebɛpɛ no adi no awu. Esiane sɛ na wɔdɔɔso pii sen Dawid ne ne mmarima no nti, na wɔakohintaw wɔ ɔbodan bi mu tɔnn wɔ sare no so.
Bere a Dawid ne ne mmarima no afɔre so wɔ sum no mu no, anwonwasɛm bi si. Ɔhene Saul ba ɔbodan yi ara mu sɛ obegyaw ne nan. Dawid kura akode de ba ne tamfo yi so brɛoo. Nanso Dawid mmarima no ho dwiriw wɔn sɛ wankum no. Otwa Saul atade ano kɛkɛ. Esiane sɛ Dawid nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ saa mpo nti, ɔkae sɛ: “[Yehowa] mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a [Yehowa] asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea [Yehowa] asra no ne no.”—1 Samuel 24:1-6.
Saa Bible kyerɛwtohɔ yi kyerɛ yɛn asuade titiriw bi wɔ obu a yɛbɛkyerɛ ama tumi a Onyankopɔn de ama no ho. Edu koma no mu nso, ebia etu mpɔn kɛse mpo sen afotu a wɔde ma tẽẽ. Saa na Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛwtohɔ ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ no mu tumi te.—Romafo 15:4.
Enti, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ pii asen nokwasɛm a wɔbɛka kɛkɛ bere a wɔka asɛmpa no, wɔyɛ ofie Bible adesua, wɔma Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa, anaa wodi adanse bɔnnɔ so no. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobedu koma no mu denam osuahu a wɔka kyerɛ ne mfatoho a wɔde di dwuma no so. Wɔn Theocratic Ministry School Guidebook no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfatoho ahorow kanyan anigye na esi nsusuwii titiriw so dua. Ɛkanyan obi adwene tumi na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛte nsusuwii foforo ase. Mfatoho ahorow a wɔapaw no yiye kanyan adwene na enya nkate so tumi. . . . Ɛtɔ da bi a, yebetumi de mfatoho adi dwuma de akwati afoforo ho adwemmɔne ne nyiyim.”a—Kratafa 168.
Warren DuBois ka wɔ ne nhoma Essentials of Public Speaking mu sɛ: “Ma ɔkyerɛwfo no anaa ɔkasafo no nna ne nsusuwii adi denam nnipa nneyɛe anaa nsɛmfua so, na asɛm a ɛnyɛ anigye no yɛ dɛ ne anigye.” Enti, akyinnye biara nni ho sɛ nkrasɛm a ɛyɛ dɛ dedaw na ɛma nkwa a wɔma ɛyɛ anigye no bɛboa Kristofo asomfo ma wɔadu koma no mu.
Mfatoho Ahorow a Ɛkyerɛkyerɛ
Mfatoho bɛn na etu mpɔn? Mpɛn pii no, nea egyina biribi a tiefo hu no ntɛm so. Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, Yesu kaa nneɛma a ɛho nyɛ na te sɛ nkyene, nkanea, ne nnomaa ho asɛm. (Mateo 5:1-7:29) Sɛ nhwɛso no, na obiara nim akanea a wɔde ngo gu mu, a ɛtɔ mmere bi a wɔde si kaneadua so no. Enti, ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo no hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ honhom mu kanea kurafo bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ wɔn no: “Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na momm wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:15, 16) Mfatoho a asete nyɛ den a ɛne asɛmti bi hyia no bɛboa Kristofo asomfo ma wɔakyerɛkyerɛ nsusuwii ne Bible nkyerɛkyerɛ mu.
Ebia Yesu mfatoho ahorow a tumi wom no twee adwene sii nnipa so. Susuw nea wɔakyerɛw wɔ Luka atiri 15 ne 16 no ho. Na kyerɛwfo ne Farisifo akasa atia Yesu sɛ wagye nnebɔneyɛfo ne towgyefo. Ɔrema wɔn mmuae no, ɔkaa nnipa ho nsɛm a ɛka koma. Ɔkaa oguanhwɛfo a ohuu ne guan a ɔyerae, ɔbea bi a ohuu ne sika a ɛyerae, ɔba hohwini bi a ɔsan baa fie, ne ofiehwɛfo a ɔnteɛ bi ho asɛm.
Mfatoho ahorow a ntease wom ne asetra mu osuahu ahorow ho betumi aba Kristoni ɔsomfo mfaso. Sɛ nhwɛso no, hwɛ sɛnea Alexander H. Macmillan a ɔde mfe 60 tuu kwan kɔɔ mmeae pii sɛ baguam ɔkasafo kyerɛkyerɛɛ Bible mu nokware a ɛfa awufo ho no mu. Bere a aka bere tiaa bi ma ne papa a na ogye di sɛ ɔkra no nwu da no awu no, Macmillan ne no bɔɔ nkɔmmɔ a edi so yi:
“Me papa bisaa asɛm tẽẽ yi: ‘Me ba, so mɛte nka sɛ meyɛ ankonam wɔ ɔdamoa no mu bere a meretwɛn ma ahenni no afi n’adwuma a ɛne pɛyɛ a ɛde bɛba asase so no ase no?’
“Na ɛyɛ asemmisa a aberante rentumi mmua no ntɛm ara na ama ɔpanyin a onkura saa adwene no agye atom.
“Merebua no mibisaa no sɛ: ‘Papa so wodaa yiye anadwo no?’
“Obuae sɛ, ‘Yiw, me ba, mitumi dae bere a oduruyɛfo no maa me nnuru a ɛma wotumi da no.’
“‘So na wote nka sɛ woyɛ ankonam bere a na woada no?’
“‘Dabi. Minyae a anka mitumi da bere nyinaa, efisɛ mente ɛyaw biara nka saa bere no.
Afei A. H. Macmillan kenkan Hiob 14:13-15 ne 3:17-19 kyerɛɛ ne papa na ɔkae sɛ: “Enti papa, woahu, awufo ada wɔ owu mu hatee na wonnim hwee bere a wɔwɔ saa tebea no mu no, enti wɔbɛyɛ dɛn ayɛ ankonam?”
Ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn bɛn ara ni! Sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a, wo nso wubetumi de kyerɛw nsɛm ne mfatoho ahorow adi dwuma ma akanyan adwene ne koma.
Mfatoho Ahorow a Wubenya
Nanso ɛhe na wubetumi anya mfatoho ahorow a etu mpɔn ne asetra mu osuahu a ɛyɛ nokware? Wubetumi anya pii afi osuahu a w’ankasa wowɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, so ehia sɛ woda gyidi mu nhyira, mpaebɔ tumi, anaasɛ ɔsom adwuma no mu anigye adi kyerɛ? Sɛ woyɛ Kristoni a woahyira wo ho so a, ebia wubetumi aka nsɛm ahorow a asisi wɔ w’ankasa asetra mu. Ebia wobɛte osuahu ahorow a eye wɔ asafo nhyiam ase anaa bere a wɔne mfɛfo Kristofo bɔ nkɔmmɔ no. Anaa ebia woakenkan osuahu bi a ɛhyɛ nkuran wɔ Yearbook of Jehovah’s Witnesses no mu. Nokwarem no, Watch Tower Publications Index no ma yenya nhoma mu osuahu ahorow a wɔatintim a efi wiase nyinaa.
Wobɛyɛ dɛn atumi aka osuahu akyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? Ade biako ne sɛ w’atiefo a wobɛma wɔahwɛ biribi kwan no ma wɔyɛ aso tie wo. Wubetumi afi osuahu bi ase sɛɛ se: “Ɔkwampaefo bi ankasa huu sɛnea Yehowa hyira wɔn a wonya ne mu ahotoso no.” Ntɛm ara, w’atiefo no bedwen nhyira ko a bere nyinaa Ahenni ɔsɛnkafo no nyae no ho. Hwɛ hu sɛ wobɛka akyerɛ wɔn.
Bɔ mmɔden fa w’ankasa nsɛm ka osuahu no. Kyerɛkyerɛ mu, efisɛ saa a wobɛyɛ no bɛma asɛm no anya wɔn so nkɛntɛnso. Ɛdenam tebea no a wobɛma wɔahu no pefee so no, ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛkanyan w’atiefo no. Nanso hwɛ na woanto anansesɛm pii na ama wɔahu nea enti a woreka osuahu no. Afei nso, ngugu asɛm no mu dodo, efisɛ ɛwom sɛ ebia ɛbɛma asɛm no ayɛ anigye kɛse de, nanso ɛremma wonnye nni. Ade koro yi ara nti, kwati sɛ wobɛka atesɛm akyerɛ anaa osuahu ahorow a worentumi nkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware.
Ma Bible Mu Nsɛm Nyɛ Paara
Osuahu ahorow a ɛkyerɛkyerɛ yiye wɔ Bible no ankasa mu. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ wo Bible suani bi anaa atiefo sɛ mmofra betumi agyina Yehowa afã. Wubetumi asi gyinae sɛ wobɛka abeawa a wɔammɔ ne din a ɔkaa Yehowa diyifo Elisa ho asɛm kyerɛɛ Naaman yere no ho kyerɛwtohɔ no. Nea edi kan no, kenkan kyerɛwtohɔ no wɔ 2 Ahene 5:1-5. Afei wubetumi abisa sɛ: “Wususuw sɛ na ɛyɛ den dɛn ma abeawa yi sɛ obekura ne mudi mu ama Onyankopɔn wɔ abosonsom man bi mu? So wannya akokoduru ansa na otumi reka Yehowa ne ne diyifo ho asɛm pefee?”
Nhwehwɛmu a wubedi kan ayɛ betumi aboa ma woama kyerɛwtohɔ no ayɛ anigye. Wubetumi anya nsɛm a ɛbɛboa wo wɔ nsɛmti NAAMAN, SYRIA, and ELISHA wɔ Watch Tower Publications Index no mu ase. Ebia Bible ahorow bi mu kyerɛw nsɛm nkekaho betumi de wo afi kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 2 Ahene no so akɔ Dwom 148:12, 13 so, faako a yɛkenkan sɛ: “Mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa] din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ, N’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.” Nkuranhyɛ ma mmofra sɛ wɔde akokoduru bɛka Onyankopɔn asɛm bɛn ara ni!—Asomafo no Nnwuma 4:29-31.
Sɛ woyɛ Kristoni ɔsomfo a, ‘ma w’ani mmra wo kyerɛ so’ wɔ asɛm yi mu. (1 Timoteo 4:16) Nka nokware no kɛkɛ—yɛ mfatoho. Ma Bible mu kyerɛwtohɔ nyɛ anigye a ntease wom. Fa osuahu ne mfatoho ahorow a ɛfata di dwuma. Eyi ne akwan a wobɛfa so adu koma no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Te sɛ Yesu no, nnɛyi Kristofo asomfo betumi de mfato a ɛyɛ anigye ada wɔn nkrasɛm no adi na wɔadu koma no mu