Afe Afe Nhyiam—October 3, 1992
WƆBƐYƐ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no mufo afe afe nhyiam no October 3, 1992, wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ 2932 Kennedy Boulevard, Jersey City, New Jersey. Emufo nkutoo bedi kan ayɛ nhyiam anɔpa 9:30, na ɛno akyi no wɔbɛyɛ nhyiam a afoforo tumi ba bi no anɔpa 10:00.
Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no mufo ma Ɔkyerɛwfo no Dwumdibea aso te address mu nsakrae biara a wɔyɛe wɔ afe a etwaam no mu, na ama wɔn nsa atumi aka amanneɛbɔ ne ananmusifo nkrataa a wɔde brɛ wɔn daa no wɔ August 1 akyi pɛɛ.
Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no mufo san de ananmusifo nkrataa a wɔde bɛka afe afe nhyiam no ho amanneɛbɔ ho abrɛ wɔn no mana ma ebedu Asafo ti no Ɔkyerɛwfo Dwumdibea August 15. Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no muni biara hyehyɛ n’ananmusifo krataa no wie na ɔsan de mana ntɛm ara, na ɔkyerɛ sɛ n’ankasa bɛba nhyiam no anaa ɔremma. Ɛsɛ sɛ nsɛm a wɔkyerɛw wɔ ananmusifo krataa biara so no ka biribi pɔtee wɔ eyi ho, efisɛ ɛno so na wobegyina ahu wɔn a wɔn ankasa bɛba no.
Wɔhwɛ kwan sɛ wobewie nhyiam dwumadi no nyinaa a adwuma ho nhyiam ne amanneɛbɔ ahorow ka ho no awia 1:00 anaa ɛno akyi pɛɛ. Wɔrenyɛ nhyiam no bi awia. Esiane sɛ nhyiambea hɔ sua nti, tekiti nkutoo na wɔde bɛto nsa afrɛ wɔn a wɔbɛba no. Wɔrenyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔafa telefon so atie afe afe nhyiam no wɔ Asa afoforo so.