Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/1 kr. 3-4
  • Ɛsɛ sɛ Ahiafo Twɛn Kosi Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Ahiafo Twɛn Kosi Bere Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hokwan Ahorow Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Ahiafo?
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/1 kr. 3-4

Ɛsɛ sɛ Ahiafo Twɛn Kosi Bere Bɛn?

“Sɛ demokrase aman ntumi mmoa nnipa pii a wodi hia no a, ɛrentumi mmɔ nnipa kakraa bi a wɔyɛ adefo no ho ban.”—John F. Kennedy.

“MEPƐ sɛ obiara daakye yɛ nea anigye wom—ohia nni hɔ, obiara nna abɔnten, paradise na ɛwɔ hɔ!” Abarimaa bi a wadi mfe 12 a ofi São Paulo, Brazil, no na ɔkaa saa. Nanso ebetumi ayɛ yiye sɛ wobeyi ohia afi hɔ? Ɛsɛ sɛ ahiafo twɛn kosi bere bɛn?

Ebinom susuw sɛ wɔyɛ ahiafo efisɛ wontumi ntɔ nneɛma a wɔpɛ. Nanso susuw tebea a ɛyɛ awerɛhow a wɔn a wodi hia buruburoo wom no ho. Wubetumi asusuw ahokyere a emu yɛ den a nnipa a wɔte saa no wom ne anigye a wonni no ho? Ebinom ne asomfena ne akisi pere aduan ho wɔ sumina so! Ohia yi bɛkɔ so ahaw adesamma akosi bere bɛn? Adesrɛ a Federico Mayor, UNESCO (Amanaman Nkabom Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ Ahyehyɛde) no kwankyerɛfo panyin de too gua no fata: “Momma yɛmpow nneɛma bɔne a yɛma ho kwan a ɛma yɛpene nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛpene so so no—ohia, ɔkɔm, ne nnipa ɔpepem pii amanehunu no.”

Nnipa nyinaa yiyedi a wɔhwehwɛ no bɛbam? Anidaso bɛn na ahiafo wɔ?

Hokwan Ahorow Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Ahiafo?

Akannifo a wɔwɔ adwempa no ka sɛ wobebue nnwuma pii, wɔbɛma akatua pa, wɔbɛma asetra mu yiyedi ne asase kyekyɛ ho nhyehyɛe anya nkɔanim. Ebia wɔne kan U.S. manpanyin John F. Kennedy bɛyɛ adwene: “Sɛ demokrase aman ntumi mmoa nnipa pii a wodi hia no a, ɛrentumi mmɔ nnipa kakraa bi a wɔyɛ adefo no ho ban.” Nanso, adwempa nko rentumi nyi ohia mfi hɔ. Sɛ nhwɛso no, sikasɛm a enya nkɔso no bɛboa ahiafo nyinaa? Ɛnte saa ankasa. Kan Indiafo kannifo Jawaharlal Nehru kae sɛ: “Sɛ wɔansiw aman a wɔma ankorankoro buebue nnwuma tumi ano a, ɛma asikafo nya sika kɛse na ahiafo di hia kɛse.” Nanso, ahokyere ne ohia akyi no, te a ahiafo te nka sɛ wɔnsɛ hwee no ma wɔn haw yɛ kɛse. Nnipa akannifo betumi aboa ahiafo ma wɔanya abotɔyam?

Nokwarem no, wɔn a wodi hia buruburoo no mu pii asua sɛnea wobegyina ohia ano, na wɔadi nkate a ɛne sɛ wommu wɔn ho ahe biara so bere a wohyia nsɛnnennen akɛse te sɛ nneɛma bo a ɛkɔ soro, ne adwuma a wonnya nyɛ no. Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ wobeyi ɔkɔm ne amanehunu afi hɔ koraa, na wɔanya afie atra mu. Eyi yɛ wo nwonwa? Yɛsrɛ wo sɛ kenkan asɛm a edi hɔ yi: “Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena