Catharifo—Na Wɔyɛ Kristofo Mogya Adansefo?
“MUNKUNKUM wɔn nyinaa; Onyankopɔn behu Ne de.” Wɔ saa ahohuru bere mu da wɔ 1209 mu no, wɔde okunkɛse baa nnipa a wɔwɔ Béziers a ɛwɔ France kesee fam no so. Ɔkokorani Arnold Amalric, a wɔpaw no sɛ pope somafo no a odii Katolekfo mmeamudua ho akodifo anim no ankyerɛ mmɔborohunu. Bere a ne mmarima no bisaa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi Katolekfo afi ɔsom mu atuatewfo mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ mmuae a ɛyɛ aniwu a yɛafa aka wɔ atifi hɔ no na ɔde mae. Katolek abakɔsɛm akyerɛwfo brɛ no ase ma ɛbɛyɛ: “Mommma ɛnnhaw mo. Migye di sɛ wɔn mu kakraa bi na wɔbɛsesa wɔn gyidi.” Ɛmfa ho mmuae biara a ɔde mae no, nea efii mu bae ne anyɛ yiye koraa no, mmarima, mmea, ne mmofra 20,000 a mmeamudua ho akodifo bɛyɛ 300,000 a na Katolek Asɔre no asɔfopɔn di wɔn anim kunkum wɔn no.
Dɛn na ɛde okunkɛse yi bae? Ná ɛyɛ Albigensefo Mmeamudua Ho Akodi a Pope Innocent III de reko atia nkurɔfo a wose wɔyɛ ɔsom mu atuatewfo a wɔwɔ Languedoc mantam a ɛwɔ France kesee fam mfinimfini no mfiase ara kwa. Ansa na ɛreba awiei wɔ bɛyɛ mfe 20 akyi no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem biako—Catharifo, Waldensefo, ne Katolekfo mpo bebree—ahwere wɔn nkwa.
Ɔsom mu Kasatia Wɔ Mfinimfini Mmere mu Europa
Nkɔso a ɛbaa aguadi mu ntɛmntɛm wɔ afeha a ɛto so 11 Y.B. mu no de asetra ne sikasɛm mu nsakrae kɛse bae wɔ Mfinimfini Mmere mu Europa. Wɔkyekyeree nkurow maa nsaanodwumayɛfo ne adetɔnfo a na wɔredɔɔso no traa mu. Eyi de adwenkyerɛ afoforo bae. Ɔsom mu kasatia gyee ntini wɔ Languedoc, baabi a wonyaa nneɛma ho koma ma ɛyɛɛ nwonwa, na anibue nyaa nkɔanim wɔ hɔ sen baabi foforo biara wɔ Europa. Ná Toulouse a ɛwɔ Languedoc no ne nkuropɔn a edi yiye sen biara wɔ Europa no mu nea ɛto so abiɛsa. Ná ɛyɛ wiase a nnwontofo dii yiye, a na wɔn mu bi nnwom mu nsɛm fa amammuisɛm ne nyamesom ho.
Revue d’histoire et de philosophie religieuses reka nyamesom tebea a na ɛwɔ afeha a ɛto so 11 ne 12 ho asɛm no, ɛka sɛ: “Wɔ afeha a ɛto so 12 mu no, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edii ɛno anim no mu no, wɔkɔɔ so kekaa asɔfo no abrabɔ, wɔn ahonya, wɔn adanmugye, ne wɔn brasɛe ho nsɛm de, nanso wɔn ahonyade ne wɔn tumidi, pam a na wɔne wiase atumfoɔ pam wɔ kokoam, ne wɔn som a wɔde pɛɛ mfaso no titiriw na na wɔkasa tia.”
Asɛnkafo Akwantufo
Pope Innocent III mpo hui sɛ ɔporɔw a na abu so wɔ asɔre no mu na na ama asɛnkafo akwantufo akasatiafo redɔɔso wɔ Europa, titiriw wɔ France kesee fam ne Italy kusuu fam. Ná eyinom mu dodow no ara yɛ Catharifo anaasɛ Waldensefo. Ɔkaa asɔfo no anim wɔ kyerɛ a wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho sɛ: “Mmofra no hia paanoo na enhia mo sɛ mubebubu bi ama wɔn.” Nanso, sɛ anka Innocent bɛhyɛ Bible a wɔde bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho nkuran no, ɔkyerɛe sɛ “Onyankopɔn Kyerɛwnsɛm no mu dɔ araa ma ɛnyɛ ntetekwaa ne wɔn a wonsuaa nhoma da nko na wosua a wɔnte ase yiye, na mmom anyansafo ne nhomanimfo nso.” Wɔbaraa obiara Bible akenkan gye asɔfo nko, na afei wɔkyerɛe sɛ wɔnyɛ saa wɔ Latin kasa mu nkutoo.
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiw akasatiafo no nsɛm a wɔde kyinkyin no ano no, pope no penee Nkokorafo Asɛnkafo Nhyehyɛe, anaa Dominicfo no so. Nea ɛne Katolekfo asɔfo asetra a ahotɔ wom bɔ abira no, na saa nkokorafo yi bɛyɛ asɛnkafo a wobetutu akwan akodi Katolek nkyerɛkyerɛ ho adanse atia “ɔsom mu atuatewfo” a wɔwɔ France kesee fam no. Pope no tuu asomafo nso kɔɔ Catharifo no nkyɛn sɛ wɔne wɔn nkosusuw nsɛm ho na wɔmfa wɔn nsan mmra Katolek asɔre no mu. Esiane sɛ saa mmɔdenbɔ yi ankosi hwee, na wɔkyerɛe sɛ ɔsom mu otuatewfo bi kum Innocent III asomafo no biako nti, ɔde Albigensefo Mmeamudua Ho Akodi no bae wɔ 1209 mu. Ná Albi yɛ nkurow a Catharifo a wɔdɔɔso wom no biako, enti asɔre beresosɛm kyerɛwfo kaa Catharifo ho asɛm sɛ Albigensefo (Franse kasa, Albigeois) na wɔde edin no too “ɔsom mu atuatewfo” a wɔwɔ saa mantam no nyinaa mu, a Waldensefo ka ho. (Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ no mu.)
Henanom Ne Catharifo No?
Asɛmfua “cathar” fi Hela asɛmfua ka·tha·rosʹ, a ɛkyerɛ “ahotew” mu. Efi afeha a ɛto so 11 kosi 14 no mu no, Catharisom trɛwee wɔ Lombardy, Italy kusuu fam, ne Languedoc titiriw. Ná Catharifo gyidi yɛ Apuei Famfo gyidi a ɛkyerɛ sɛ nnipa yɛ honhom ne honam ne Nimdeɛ Som a adi afra, a ebia ananafo aguadifo ne asɛmpatrɛwfo na wɔde baa hɔ. The Encyclopedia of Religion kyerɛ Catharifo gyidi no ase sɛ gyidi a egyina “nnyinasosɛm abien so: biako yɛ papa, na edi honhom mu nneɛma nyinaa so, na nea ɛka ho no yɛ bɔne, na ɛno na ɛhwɛ honam fam nneɛma a ɛwɔ wiase no so, a ɔdesani nipadua ka ho.” Catharifo gye dii sɛ Satan na ɛbɔɔ honam fam nneɛma a ɛwɔ wiase a wɔbɛsɛe no ɔkwan biara so no. Ná wɔn anidaso ne sɛ wobefi honam fam wiase bɔne no mu.
Ná Catharifo no mu akyɛ akuw abien, pɛyɛfo ne gyidifo. Ná wɔnam amanne bi a ɛyɛ honhom mu asubɔ a wɔfrɛ no consolamentum so na ɛpene wɔn so. Ná wɔnam nsa a wɔde gu wɔn so wɔ bere a wɔasɔ wɔn ahwɛ afe biako akyi so na ɛyɛ eyi. Ná wosusuw sɛ amanne no gye nea wɔresɔ no ahwɛ no fi Satan nniso ase, tew ne ho fi bɔne nyinaa ho, na ɛma onya honhom kronkron. Eyi na ɛma wonyaa abodin “pɛyɛfo” a wɔde frɛɛ nnipa kakraa bi a wɔyɛ atitiriw a na wodi dwuma sɛ asɔfo wɔ gyidifo no so no. Pɛyɛfo no kaa ahotua, ahotew, ne hiadi ho ntam. Sɛ na pɛyɛfo no aware a, na ɛsɛ sɛ ogyae ne hokafo no, efisɛ na Catharifo no gye di sɛ ɔbarima ne ɔbea nna na ɛde bɔne bae.
Ná gyidifo no yɛ ankorankoro bi a wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ ahotua asetra no mu, nanso wogyee Catharifo nkyerɛkyerɛ toom no. Ná gyidini no nam kotow a ɔkotow pɛyɛfo no anim de di no ni wɔ amanne bi a wɔfrɛ no melioramentum mu so, bisa bɔne fafiri ne nhyira. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi atra ase te sɛ nnipa a aka no, na gyidifo no ne pɛyɛfo no yɛ convenenza, anaa apam, ma wɔde honhom mu asubɔ, anaa consolamentum, bɔ wɔn wɔ owupa so.
Sɛnea Wobuu Bible No
Ɛwom sɛ Catharifo faa Bible mu nsɛm kae pii de, nanso wobuu no sɛ mfatoho ne anansesɛm na ɛwom titiriw. Ná wosusuw sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu fã kɛse fi Ɔbonsam hɔ. Wɔde Hela Kyerɛwnsɛm no afã bi te sɛ nea ɛde honhom bɔ honam abira no dii dwuma de foaa wɔn nyansapɛ a ɛne sɛ onipa yɛ honhom ne honam no so. Wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, wɔbɔɔ “yɛn soro aduan” (a ɛkyerɛ “honhom mu aduan”) ho mpae mmom sen sɛ wɔbɛbɔ no sɛ “yɛn daa aduan,” na wobuu honam honam fam aduan sɛ adebɔne a wontumi nkwati.
Ná Catharifo nkyerɛkyerɛ pii bɔ Bible no abira tee. Sɛ nhwɛso no, na wogye ɔkra a enwu ne obi a owu ma wɔsan wo no bio no di. (Fa toto Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4, 20 ho.) Wɔde wɔn gyidi ahorow gyinaa atoro nkyerɛwee nso so. Nanso, bere dodow a Catharifo no kyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no afã bi ase kɔɔ ɛhɔnom kasa mu no, wɔmaa Bible bɛyɛɛ nhoma a wonim no yiye wɔ Mfinimfini Mmere no mu wɔ ɔkwan bi so.
Wɔnyɛ Kristofo
Pɛyɛfo no buu wɔn ho sɛ wɔne asomafo no ananmusifo a wɔfata, na ne saa nti, wɔfrɛɛ wɔn ho “Kristofo,” na wɔresi eyi so dua no, wɔde “nokware” anaa “papa” kaa ho. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, na Catharifo gyidi bebree nni Kristosom mu. Bere a na Catharifo gye Yesu tom sɛ Onyankopɔn Ba no, na wonnye ba a ɔbae wɔ honam mu ne n’afɔrebɔ a egye nkwa no ntom. Wɔrekyerɛ Bible afobu a ɛfa ɔhonam ne wiase no ho ase wɔ ɔkwammɔne so no, wɔfaa no sɛ ɔhonam mu nneɛma nyinaa fi bɔne mu. Enti wɔkyerɛe sɛ honhom nipadua nkutoo na Yesu betumi anya, na bere a ɔwɔ asase so no, ɔyɛɛ nnipa ani so te sɛ nea na ɔwɔ honam nipadua ara kwa. Te sɛ afeha a edi kan no mu awaefo no, na Catharifo no yɛ nnipa a “wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu.”—2 Yohane 7.
M. D. Lambert kyerɛw wɔ ne nhoma Medieval Heresy mu sɛ Catharisom “de ahotua katee besii Kristofo abrabɔ ananmu, . . . na ɛnam gye a annye sɛnea [Kristo wu] no tumi gye nkwa no antom so yii nkwagye fii hɔ.” Osusuw sɛ “nsɛdi ankasa da pɛyɛfo no ne Apuei Fam ahotuafo akyerɛkyerɛfo, ne Buddhafo nkokorafo ne Hindufo asɛnkafo a wɔwɔ China anaa India, ne Orphicfo anansesɛm mu abenfo, anaa Nimdeɛ Som mu akyerɛkyerɛfo ntam.” Wɔ Catharifo gyidi mu no, nkwagye nnyina Yesu Kristo agyede afɔre no so, na mmom egyina consolamentum, anaa asu a wɔbɔ kɔ honhom kronkron mu no so. Enti wɔ wɔn a wɔatew wɔn ho fam no, owu begye wɔn afi honam mu nneɛma mu.
Mmeamudua Ho Akodi Bi a Ɛho Ntew
Esiane sɛ na asɔfo no apoobɔ ne ɔporɔw kɛse no afono mpapahwekwa no nti, ɛmaa wɔn ani begyee Catharifo no asetra kwan no ho. Pɛyɛfo no kyerɛe sɛ Katolek Asɔre no ne ne mpanyimfo ne “Satan hyiadan” ne ‘nguaman nã,’ a ɛwɔ Adiyisɛm 3:9 ne 17:5 no. Ná Catharisom renya nkɔso, na na ɛregye ntini sen asɔre no wɔ France kesee fam. Pope Innocent III yɛɛ nea wɔfrɛ no Albigensefo Mmeamudua Ho Akodi ho nhyehyɛe bɔɔ ho ka, na ɛno ne mmeamudua ho akodi a edi kan a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe wɔ Kristoman mu de ko tiaa nnipa bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo.
Pope no nam nkrataakyerɛw ne asomafo so haw ahemfo, atumfoɔ, atitiriw, ne akunini a wɔyɛ Katolekfo a wɔwɔ Europa no. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsrɛ bɔne fafiri ama obiara a “ɔbɛfa ɔkwan biara so” aboa ma wɔako atu ɔsom mu atuatew ase no ne Languedoc ahonyade. Wotiee n’abisade no. Mmeamudua ho akodi asraafodɔm a Katolekfo asomafo ne nkokorafo dii wɔn anim a wofi France kusuu fam, Flanders, ne Germany de wɔn ani kyerɛɛ kesee fam kɔfaa Rhône Bon no mu.
Béziers sɛe no na efii nkonimdi akodi a ɛsɛee Languedoc wɔ adesɛe ne mogyahwiegu a ɛyɛ hu mu no ase. Mmeamudua ho akodi mogyapɛfo no dii Albi, Carcassonne, Castres, Foix, Narbonne, Termes, ne Toulouse nyinaa so nkonim. Wɔ mmeae a na Catharifo agye ntini wɔ hɔ te sɛ Cassès, Minerve, ne Lavaur no, wɔhyew pɛyɛfo ɔhaha pii wɔ nnua ho. Sɛnea ɔkokorani beresosɛm kyerɛwfo Pierre des Vaux-de-Cernay kyerɛ no, mmeamudua ho akodifo no de ‘komam anigye hyew pɛyɛfo no animono so.’ Wɔ 1229 mu, wɔ ɔko ne ɔsɛe no akyi mfe 20 no, Languedoc bɛhyɛɛ Fransefo Tumidi ase. Nanso na nipakum no mmaa awiei ɛ.
Atirimɔden Asenni no Bɔ Bɔtorɔfɛ
Wɔ 1231 mu no, Pope Gregory IX hyehyɛɛ pope Atirimɔden Asenni de boaa akodi no.a Mfiase no na atirimɔden asenni nhyehyɛe no de kasatia ne ahunahuna na edi dwuma, na akyiri yi, ɛbɛdanee ayayade a ɛkɔɔ so bere nyinaa. Na ne botae ne sɛ ebeyi nea nkrante antumi ansɛe no no afi hɔ. Pope nkutoo na na atirimɔden asenni atemmufo—a na wɔn mu dodow no ara yɛ Dominicafo ne Franciscafo nkokorafo—bu akontaa kyerɛ no. Ɔsom mu atuatew ho asotwe a na ɛwɔ hɔ ne sɛ wɔbɛhyew obi akum no. Ná atirimɔden asennifo no yɛ katee, na na wɔn tirim yɛ den araa ma ɛde atuatew bae mmeae foforo bi, Albi ne Toulouse. Wɔ Avignonet no, wokunkum atirimɔden asennifo no nyinaa.
Wɔ 1244 mu no, bepɔw Montségur a na ɛyɛ abannennen a etwa to a pɛyɛfo bebree de yɛɛ wɔn guankɔbea no a wofi wɔn pɛ mu gyaee mu no na ɛyɛɛ bɔtorɔfɛ maa Catharisom. Mmarima ne mmea bɛyɛ 200 hweree wɔn nkwa denam dua ho a wɔhyew wɔn so. Mfe a etwaam no mu no, Atirimɔden Asenni no tiw Catharifo nkae no. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔhyew Catharini a otwa to no wɔ dua ho Languedoc wɔ 1330 mu. Medieval Heresy nhoma no ka sɛ: “Catharisom a woguu no no yɛɛ Atirimɔden Asenni no akodi mu abasobɔde a ɛsen biara.”
Ná Catharifo no nyɛ Kristofo ɔkwan biara so. Nanso kasa a wɔkasa tiaa Katolek Asɔre no ma tɔre a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo tɔree wɔn ase atirimɔden so no yɛ nea ɛfata? Wɔn Katolekfo ataafo ne awudifo no guu Onyankopɔn ne Kristo ho fĩ, na wɔsɛee nokware Kristosom bere a wɔyɛɛ saa akasatiafo ɔpedudu pii no ayayade kunkum wɔn no.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ Mfinimfini Mmere mu Atirimɔden Asenni ho nsɛm pii a, hwɛ “Atirimɔden Asenni a Ɛyɛ Hu No” wɔ August 8, 1986 Nyan! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 20-3.
[Kratafa 28 adaka]
WALDENSEFO
Ɛde rekɔ afeha a ɛto so 12 Y.B. awiei no, Pierre Valdès, anaa Peter Waldo, ɔdefo guadini bi a ofi Lyons, bɔɔ Bible no afã bi a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Provençal kasa horow bi mu, kasa a na wɔka wɔ France kesee fam ne kesee fam apuei no ho ka. Sɛ́ Katolekni amapa no, ogyaee n’adwuma, na otuu ne ho maa Asɛmpa no ka. Bere a na asɔfo no ɔporɔw no afono Katolekfo no, wɔn mu bebree dii n’akyi, na wɔbɛyɛɛ asɛnkafo akwantufo.
Ankyɛ na ɛhɔnom asɔfo no sɔre tiaa Waldo, na wɔhyɛɛ pope nkuran sɛ ɔmmra ne baguam asɛnka no. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ne mmuae a ɔde mae ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Fa toto Asomafo no Nnwuma 5:29 ho.) Esiane sɛ Waldo ampa abaw nti, woyii no fii asɔre no mu. N’akyidifo a wɔfrɛ wɔn Waldensefo, anaa Ahiafo a Wofi Lyons no, bɔɔ mmɔden dii ne nhwɛso no akyi, nam baanu baanu kaa asɛm wɔ nkurɔfo afie mu. Eyi maa wɔn nkyerɛkyerɛ no trɛw ntɛmntɛm wɔ France kesee fam, apuei fam, ne kusuu fam afã bi, ne Italy kusuu fam.
Ne titiriw no, wɔkae sɛ wɔnkɔfa Kristosom mfitiase gyidi ne nneyɛe ahorow no bio. Nkyerɛkyerɛ pii a wɔkasa tiae no bi ne ahodwiragya, mpae a wɔbɔ ma awufo, Mariasom, “ahotefo” a wɔsɔre wɔn, bɔne fafiri a wɔsrɛ ma, mmeamudua som, Awurade adidi ase abodoo ne nsa a wose ɛdan Yesu honam ne mogya ankasa, ne nkokoaa asubɔ.b
Waldensefo nkyerɛkyerɛ ne Catharifo a wɔkyerɛkyerɛ sɛ nnipa yɛ honhom ne ɔhonam a ɛnyɛ Kristofo de no bɔ abira koraa, na nkurɔfo ntaa nhu emu nsonsonoe. Nea ɛmaa nkurɔfo anhu mu nsonsonoe no titiriw ne Katolekfo a wotia afoforo adwenkyerɛ a wɔhyɛɛ da de Waldensefo asɛnka no kaa Albigensefo, anaa Catharifo nkyerɛkyerɛ ho no.
[Ase hɔ asɛm]
b Sɛ wopɛ Waldensefo ho nsɛm pii a, hwɛ August 1, 1981 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Waldensefo—Wɔyɛ Ɔsom mu Atuatewfo Anaasɛ Wɔn a Wɔhwehwɛ Nokware?” a ɛwɔ nkratafa 12-15 no.
[Kratafa 29 mfonini]
Nnipa mpemnson wuwui wɔ St. Mary Magdalene Asɔredan a ɛwɔ Béziers no mu, baabi a mmeamudua ho akodifo kunkum mmarima, mmea ne mmofra 20,000 no