Misuaa Bible Mu Nokware Wɔ Romania
SƐNEA GOLDIE ROMOCEAN KA KYERƐE
Bere a edi kan wɔ mfe 50 mu no, mekɔsraa abusuafo wɔ Romania wɔ 1970 mu. Ná nkurɔfo hyɛ Komunis nniso nhyɛso ase, na wɔkɔɔ so bɔɔ me kɔkɔ sɛ menhwɛ me kasa yiye. Afei bere a na migyina aban adwumayɛbea wɔ m’akuraase no, ɔpanyin no hyɛɛ me sɛ mimfi ɔman no mu ntɛm ara. Ansa na mɛkyerɛkyerɛ mu no, ma menka sɛnea misuaa Bible mu nokware wɔ Romania no ho asɛm.
WƆWOO me March 3, 1903, wɔ Ortelec akuraa a ɛwɔ Romania kusuu fam atɔe a ɛbɛn Zalău kurow mu no mu. Yɛtraa baabi a na ɛhɔ yɛ fɛ. Ná nsu ne mframa mu tew. Yeduaa yɛn ankasa aduan na na biribiara nhia yɛn. Me mmofraberem no, na asomdwoe wɔ ɔman no mu.
Ná nkurɔfo ani gye nyamesom ho. Nokwarem no, na yɛn abusua no wɔ ɔsom ahorow abiɛsa mu. Ná me nananom mu biako yɛ Ortodɔks Katolekni, na na ɔfoforo yɛ Adventistni, ná m’awofo yɛ Baptistfo. Esiane sɛ na me ne wɔn som no mu biara nyɛ adwene nti, m’abusuafo kae sɛ mɛyɛ obi a onnye Onyankopɔn nni. Misusuw ho sɛ ‘sɛ Onyankopɔn yɛ biako a, ɛsɛ sɛ ɔsom nso yɛ biako pɛ—ɛnyɛ abiɛsa wɔ abusua biako mu.’
Nneɛma a mihuu wɔ nyamesom mu no haw m’adwene. Sɛ nhwɛso no, na ɔsɔfo no kyinkyin afie mu gyegye asɔre tow. Sɛ nkurɔfo nni sika a wɔde bɛma a, ɔfa wɔn kuntu a eye sen biara hyɛ ananmu. Wɔ Katolek asɔre mu no, mehwɛɛ nanabea sɛ wabu nkotodwe wɔ Maria mfonini anim rebɔ mpae. Misusuw ho sɛ ‘dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mfonini mpae?
Ɔhaw Mmere
Paapa kɔɔ United States wɔ 1912 mu sɛ ɔrekɔpɛ sika de atua ne ka bi. Ɛno akyi, ankyɛ na ɔko pae gui, na yɛn akuraa ase mmarima kodii ako—mmea ne mmofra, ne nkwakora nkutoo na ɛkae. Yɛn akuraa no bɛhyɛɛ Hungarifo nniso ase bere tiaa bi, nanso Romania asraafo san bae begyee akuraa no. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ yemfi hɔ ntɛm ara. Nanso bere a yɛde ahopere reboaboa nneɛma ano ne mmofra no akɔ anantwi teaseɛnam mu no, wogyaw me hɔ. Ɛte saa efisɛ na mene mmofra baanum no mu panyin.
Mede mmirika kɔɔ akwakoraa bi a ne fi bɛn yɛn a wanguan hɔ, na ɔkae sɛ: “Kɔ fie. Toto w’apon mu, na mma obiara mmma mu.” Mitiee ntɛm ara. Bere a midii akokɔ nkwan a ahopere nti wogyaw hɔ no wiei no, mibuu nkotodwe wɔ me mpa anim bɔɔ mpae. Ankyɛ na medaa hatee.
Bere a mibuee m’ani no, na ade akye, na mekae sɛ: “Oo, Onyankopɔn, meda wo ase! Mete ase!” Esiane sɛ na wɔatoto atuo anadwo mũ no nyinaa nti, na atutu ɔfasu no ho ntokuru pii. Bere a Maame hui sɛ na menka wɔn ho wɔ akuraa a ɛtoa yɛn so ase no, ɔsomaa abarimaa George Romocean, ma ɔbɛfaa me de me kɔe. Ankyɛ biara na yɛsan kɔɔ yɛn akuraa san kɔtoaa abrabɔ so.
Bible Mu Nokware Ho Akɔnnɔ a na Mewɔ
Ná me maame pɛ sɛ wɔbɔ me asu sɛ Baptistni, nanso na mempɛ sɛ mɛyɛ saa efisɛ na minnye nni sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ bɛhyew nnipa daa wɔ hell. Bere a na Maame rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu no, ɔkae sɛ: “Wiɛ, sɛ wɔyɛ abɔnefo a.” Nanso mibuae sɛ: “Sɛ wɔyɛ abɔnefo a, kum wɔn ɛ, na nyɛ wɔn ayayade. Merenyɛ ɔkraman anaa ɔkra mpo ayayade.”
Mekae sɛ bere a na madi mfe 14 wɔ fefɛw bere bi a na wim tew no, Maame maa mede anantwi kɔɔ adidi. Bere a na meda fam wɔ nsu bi ho na kwae atwa me ho ahyia no, mehwɛɛ wim kae sɛ: “Onyankopɔn, minim sɛ wowɔ hɔ; nanso mempɛ ɔsom ahorow a atwa me ho ahyia yi mu biara. Ɛnyɛ dɛn ara a wowɔ biako a ɛyɛ wom.”
Migye di ankasa sɛ Onyankopɔn tiee me mpaebɔ, efisɛ saa 1917 ahohuru bere no mu no, Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) baanu baa yɛn akuraa ase hɔ. Ná wɔyɛ bere nyinaa asɛnkafo, na wɔbaa Baptist asɔre no mu bere a na wɔreyɛ asɔre no.
Bible Mu Nokware Trɛw Wɔ Romania
Mfe kakraa bi ansa na Carol Szabo ne Josif Kiss, a na wɔabɛyɛ Bible Asuafo wɔ United States no resan aba Romania no, wɔde Bible mu nokware baa hɔ wɔ 1911 mu. Wɔkɔtraa Tîrgu-Mureş, bɛyɛ kilomita 160 wɔ yɛn akuraa no kesee fam atɔe. Mfe kakraa bi ntam no, nnipa ɔhaha pii tiee Ahenni asɛm no na wɔde wɔn ho hyɛɛ Kristofo som adwuma no mu.—Mateo 24:14.
Wiɛ, bere a Bible Asuafo nkumaa baanu no baa Baptist asɔre a ɛwɔ yɛn akuraa ase wɔ Ortelec no, na George Romocean adi mfe 18 pɛ de, nanso ɔno na na ɔreyɛ asɔre na na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Romafo 12:1 mu. Awiei koraa no, bere nyinaa asomfo no mu biako sɔre gyinae kae sɛ: “Anuanom, nnamfonom, dɛn na ɔsomafo Paulo pɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn wɔ ha?”
M’ani gyee yiye, bere a metee saa no! Misusuw ho sɛ, ‘Gyama mmarima yi nim sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Bible mu.’ Nanso wɔn a na wɔahyiam no pii teɛɛm sɛ: “Atoro adiyifo! Yenim mo!” Afei ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye. Nanso George papa sɔre gyinae kae sɛ: “Mo nyinaa monyɛ komm! Honhom bɛn ni—toa mu de anaa? Sɛ mmarima yi wɔ biribi ka kyerɛ yɛn na sɛ mompɛ sɛ mutie a, mereto nsa afrɛ wɔn me fie. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔba no, ɔkwan wɔ hɔ.”
Mede anigye tuu mmirika kɔɔ fie kɔkaa nea asi kyerɛɛ Maame. Ná meka wɔn a wogyee nsato no so kɔɔ Romocean fie hɔ no ho. Hwɛ sɛnea m’ani gyei saa anwummere no sɛ mihu fii Bible mu sɛ hell a ogya rehyew wɔ hɔ biara nni hɔ, na mihuu Onyankopɔn din, Yehowa, wɔ m’ankasa Romaniafo Bible mu! Bere nyinaa asɛmpakafo no yɛɛ nhyehyɛe na ama Bible Suani bi aba Romocean fie Kwasida biara abɛkyerɛkyerɛ yɛn. Ahohuru bere a edi hɔ, bere a na madi mfe 15 no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho nsɛnkyerɛnne.
Bere bi akyi no, Prodan abusua no ne Romocean abusua no nyinaa gyee Bible mu nokware no, na wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa. Wɔn a wofi yɛn akuraa ase pii yɛɛ saa, a na awarefo a bere bi a atwam no, na wɔn fie na Baptistfo yɛ asɔre no nso ka ho. Ɛno akyi no, wɔdanee no baabi a Bible Asuafo no hyiam sua ade. Kyerɛwnsɛm mu nokware trɛw ntɛmntɛm wɔ nkuraa a ɛbemmɛn hɔ no ase, na ebeduu 1920 no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 1,800 na ɛwɔ Romania!
Yɛkɔ United States
Ná yɛn ho pere yɛn sɛ yɛne me papa, Peter Prodan besua nea yɛahu no. Nanso anwonwasɛm ne sɛ, ansa na yɛrebɛkyerɛw no no, yɛn nsa kaa krataa bi fii ne nkyɛn a na ɔreka akyerɛ yɛn sɛ wabɛyɛ Yehowa somfo a wɔabɔ no asu. Ná ɔne Bible Asuafo a wɔwɔ Akron, Ohio, no asua ade na na ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa bɛka ne ho wɔ United States. Nanso, Maame ampene sɛ obefi Romania. Enti 1921 mu no, mede sika a Paapa de menaa me no tuu kwan kɔkaa ne ho wɔ Akron. Ná George Romocean ne ne nuabarima adi kan atu kɔ States, adi afe wɔ hɔ dedaw.
Bere a mede po so hyɛn duu Ellis Island, New York no, na ɔpanyin a ɔhwɛ atubrafo nsɛm so no ntumi nkyerɛ me din, Aurelia, ase nkɔ Engiresi kasa mu, enti ɔkae sɛ: “Wɔbɛfrɛ wo Goldie.” Ɛno na wɔde afrɛ me firi saa bere no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, me ne George Romocean waree May 1, 1921 mu. Bɛyɛ afe anaa nea ɛte saa no, Paapa san baa Romania na ɔde ne nuabea Mary san baa Akron wɔ 1925 mu. Afei Paapa san baa Romania bɛkaa Maame ne abusua no mufo a aka no ho.
Yɛn Som Adwuma Mfitiase Wɔ States
Ná George yɛ Yehowa akoa nokwafo a ɔde ahofama som. Wɔ 1922 ne 1932 ntam no, yɛwoo mmabaa baanan a wɔn ho yɛ fɛ—Esther, Anne, Goldie Elizabeth, ne Irene. Wɔtee Romaniafo asafo wɔ Akron, na mfitiase no, na wɔyɛ nhyiam horow no wɔ yɛn fie. Bere bi akyi no, Bible Asuafo no ananmusini bi a ofi wiase nyinaa dwumadibea ti wɔ Brooklyn, New York no bɛsraa yɛn asafo no na ɔne yɛn bɛtrae.
Yɛde da mũ nyinaa sii hɔ yɛɛ asɛnka adwuma Kwasida pii. Yɛde yɛn nhoma hyehyɛ bag mu siesie aduan a yebedi no awiabere, na yɛde mmabaa no gu yɛn Model T Ford no mu, na yɛka asɛm no wɔ nkuraase da mũ nyinaa. Afei sɛ edu anwummere a, yɛkɔ Ɔwɛn-Aban Adesua. Yɛn mmabaa no ani begyee asɛnka adwuma no ho. Wɔ 1931 mu no, bere a Bible Asuafo no de din soronko, Yehowa Adansefo too wɔn ho so no, na mewɔ Columbus, Ohio.
Nteɛso a ná Mihia
Mfe kakraa bi akyi no, me bo befuw Joseph F. Rutherford, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no. Ná Ɔdanseni bi a wɔbɔɔ no asu nkyɛe susuw sɛ Onua Rutherford ne no anni no yiye, bere a wannya bere antie n’asɛm no. Misusuw sɛ na Onua Rutherford adi mfomso. Wiɛ, Kwasida bi, me nuabea Mary ne ne kunu Dan Pestrui bɛsraa yɛn. Bere a yewiee anwummere adidi no, Dan kae sɛ: “Momma yensiesie yɛn ho nkɔ nhyiam.”
Mekaa sɛ: “Yɛagyae nhyiam kɔ. Yɛn bo afuw Onua Rutherford.”
Dan de ne nsa guu n’akyi dii akɔneaba na afei ɔkae sɛ: “Bere a wɔbɔɔ wo asu no, na wunim Onua Rutherford?”
Mibuae sɛ: “Dabi. Wunim sɛ wɔbɔɔ me asu wɔ Romania.”
Obisae sɛ: “Dɛn nti na woma wɔbɔɔ wo asu?”
Mibuae sɛ: “Efisɛ misuae sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn, na na mepɛ sɛ mihyira me nkwa so de som no.”
Obuae sɛ: “Mma wo werɛ mmfi ɛno da! Na sɛ Onua Rutherford gyae nokware no a, wobegyae?”
Mekae sɛ: “Dabida!” Ɛno ma m’ani baa me ho so na mekae sɛ: “Obiara nsiesie ne ho mma yɛnkɔ nhyiam no.” Na efi saa bere no yennyaee kɔ. Hwɛ sɛnea medaa Yehowa ase wɔ me nuabea kunu nteɛso a efi ɔdɔ mu no ho!
Yɛn Ho Mmɔden a Yɛbɔ Wɔ Ahokyere Mmere no Mu
Wɔ 1930 mfe no mu Ahokyere mmere mu no, na nneɛma mu yɛ den. Da bi, George fii adwuma bae a na wayɛ basaa, na ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ wɔama wɔagyae adwuma a ɔyɛ wɔ amane adwumayɛ mu no. Mekae sɛ: “Mma ɛnnhaw wo, yɛwɔ Agya a ɔyɛ ɔdefo wɔ ɔsoro, na ɔrennyaw yɛn da.”
Saa da no ara, George hyiaa damfo bi a na ɔso kɛntɛn kɛse bi a mmire ayɛ mu ma. Bere a George huu faako a n’adamfo no kotuu mmire no, ɔde mmire pii baa fie. Afei ɔde yɛn dɔla abiɛsa pɛ a aka no kɔtɔɔ nkɛntɛn nketewa bi. Mibisae sɛ: “Dɛn nti na woyɛ saa, bere a wunim sɛ yɛwɔ mmabaa baasa a wohia nufusu no?”
Obuae sɛ: “Mma ɛnnhaw wo, wo de, yɛ nea mɛka biara.” Adapɛn kakra a edi yɛn anim mu no, na yɛanya adwinnan ketewa bi wɔ yɛn fie a yɛpopa mmire ho na yɛboaboa ano. Yɛtɔn maa adidibea horow a edi mũ, na yɛde dɔla 30 anaa 40 baa fie da biara, sika a na ɛsom bo ma yɛn saa bere no. Okuani a ɔmaa yɛn kwan ma yetuu mmire wɔ n’asase so no kae sɛ ɔde mfe 25 na atra hɔ nanso onhuu mmire pii saa da. Ankyɛ na adwinnan a wɔyɛ amane ho adwuma no san faa George adwuma.
Yɛn Gyidi a Yekura Mu
Yetu kɔɔ Los Angeles, California wɔ 1943 mu, na mfe anan akyi no, yɛkɔtraa Elsinore. Yebuee sotɔɔ a yɛtɔn nnuan wom wɔ hɔ, na yɛn abusua no mufo nyinaa yɛɛ adwuma wom bi. Saa bere no, na Elsinore yɛ kurow ketewa a emu nnipa bɛyɛ sɛ 2,000, na na ɛsɛ sɛ yetu kwan kilomita 30 kɔ kurow foforo mu kɔ yɛn Kristofo nhyiam horow. Hwɛ sɛnea m’ani gyee sɛ wɔtee asafo ketewa bi m’anim wɔ Elsinore wɔ 1950 mu! Seesei asafo horow 13 na ɛwɔ mpɔtam hɔ.
Wɔ 1950 mu no, yɛn babea, Goldie Elizabeth (a seesei nnipa pii nim no sɛ Beth) no, wiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ South Lansing, New York, na wɔmaa no dwumadi wɔ Venezuela sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Wɔ 1955 mu no, yɛn babea a osua koraa, Irene ani gyei sɛ wɔtoo nsa frɛɛ ne kunu sɛ ɔnkɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ ɔmansin adwuma no mu. Afei wɔ 1961 mu, bere a na wɔn baanu nyinaa akɔ Ahenni Som Sukuu wɔ South Lansing, New York, awie no, wɔde wɔn kɔɔ Thailand. Ɛtɔ mmere bi a na mefe me mmabea no araa ma misu, nanso meka kyerɛ me ho sɛ ‘Saa na na mepɛ sɛ wɔyɛ.’ Enti ɛyɛ a na mafa m’asɛnka bag, na mekɔ asɛnka. Bere nyinaa na mede anigye ba fie.
Wɔ 1966 mu no, me kunu a medɔ no George, fã dwudwoe. Beth a esiane akwahosan ho haw nti ofi Venezuela aba no boae ma yɛhwɛɛ no. Afe a edi hɔ no, George wui, na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ odii Yehowa nokware kosii owu mu, na ne nsa aka ne soro akatua no, kyekyee me werɛ. Ɛno akyi no, Beth kɔɔ Spain kɔsom wɔ beae a Ahenni asɛnkafo ho hia kɛse. Me babea panyin, Esther, nyaa kokoram na owui wɔ 1977 mu, na wɔ 1984 mu no, ɔyare a wɔfrɛ no leukemia kum Anne. Wɔn mu biara fi nokwaredi mu de ne nkwa som Yehowa.
Ebeduu bere a Anne wui no, na Beth ne Irene afi wɔn amannɔne asɛnka dwumadi mu aba. Ná wɔn nyinaa aboa ama yɛahwɛ wɔn nuammeanom, na yɛn nyinaa dii awerɛhow yiye. Bere bi akyi no, meka kyerɛɛ me mmabaa no sɛ: “Eye, muntwa so! Yɛde Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo akyekye nkurɔfo werɛ. Afei ɛsɛ sɛ yɛkyekye yɛn ho werɛ. Satan pɛ sɛ yɛhwere anigye a yɛde som Yehowa no, nanso yɛremma no kwan.”
Yɛn Abusuafo Anokwafo no Wɔ Romania
Me ne me nuabea Mary na etuu kwan a yɛn werɛ remfi da no kɔsraa yɛn abusua wɔ Romania wɔ 1970 mu. Ná yɛn nuabeanom mu biako awu nanso yetumi kɔsraa yɛn nuabarima John ne yɛn nuabea Lodovica a na wɔda so ara te Ortelec akuraase no. Yɛn nsrahwɛ bere no mu no, na Paapa ne Maame awuwu, na na wɔakura wɔn nokwaredi ma Yehowa mu. Nnipa pii ka kyerɛɛ yɛn sɛ na Paapa yɛ odum wɔ asafo no mu. Ne nanakansoanom bi a wɔwɔ Romania no mpo yɛ Adansefo seesei. Afei nso yɛkɔsraa me kunu abusuafo a wɔakɔ so akura Bible mu nokware mu no.
Wɔ 1970 mu no, na Romania hyɛ Nicolae Ceauşescu, Komunis atirimmɔden nniso no ase, na na wɔtaa Yehowa Adansefo denneennen. Me nua barima John babarima, Flore ne m’abusuafo foforo dii mfe pii wɔ nneduaban mu esiane wɔn Kristofo gyidi nti, na saa ara na wɔyɛɛ me kunu wɔfa babarima panyin, Gabor Romocean nso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a wɔde nkrataa a yɛde bɛkɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York ho dwumadi hyɛɛ yɛn nsa no, yɛn nuanom Romaniafo no kae sɛ gye sɛ wɔate sɛ yɛafi ɔman no mu ansa na wɔn koma atɔ wɔn yam!
Bere a yehui sɛ yɛn akwantu tumi nkrataa a yɛde tra ɔman bi mu awu no, yɛkɔɔ aban adwumayɛbea a ɛwɔ Ortelec no. Ná ɛyɛ Fida awiabere, na na ɔpanyin biako pɛ na ɔreyɛ adwuma. Bere a ohuu nnipa ko a yɛbɛsraa no ne sɛ yɛn nuabarima babarima no ada nneduaban mu pɛn no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Enonom, mumfi ha ntɛm!”
Me nuabea buae sɛ: “Na sɛ́ keteke biara ntu nnɛ.”
Ɔkaa no ntɛm sɛ: “Ɛmfa ho. Momfa bɔs. Momfa keteke. Momfa taksi. Monantew. Sɛnea mubetumi biara, mumfi ha ntɛm!”
Yɛyɛɛ sɛ yɛrekɔ no, wɔsan frɛɛ yɛn yii yɛn asotiw sɛ keteke bi a wɔnhyɛɛ da nyɛɛ ho nhyehyɛe bɛba anwummere nnɔn 6. Hwɛ sɛnea yɛn ti yɛɛ yiye! Anka wɔbɛhwehwɛ yɛn nkrataa mu mpɛn pii atoatoa so wɔ keteke a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe mu, nanso esiane sɛ keteke yi fa asraafo na yɛn a yɛnyɛ asraafo no yɛ baanu pɛ no nti, obiara ammisa yɛn akwantu tumi nkrataa. Ebia wobesusuw sɛ yɛyɛ mpanyimfo no bi nananom.
Ade kyee no, yeduu Timisoara, na obusuani bi adamfo boaa yɛn ma yɛn nsa kaa yɛn akwantu tumi nkrataa a yɛde tra ɔman bi mu no. Ade kyee no, na yenni ɔman no mu. Yɛde yɛn Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Romania no ho nsɛm a ɛyɛ anigye ne nea yɛbɛkae bere nyinaa no baa fie.
Wɔ mfe a edi yɛn nsrahwɛ wɔ Romania no anim no, asɛnka adwuma no ho nsɛm kakraa bi na yɛte fii Komunisfo nniso no ase. Nanso na yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea no bedi nokware ama yɛn Nyankopɔn—ɔkwan biara so. Na wɔayɛ saa nso! Hwɛ anigye ara a ɛyɛe sɛ yɛtee sɛ wɔagye Yehowa Adansefo atom sɛ ɔsom ahyehyɛde wɔ Romania wɔ April 1990 mu! Ahohuru bere a edi hɔ no, yɛn ani gyee ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Romania ho amanneɛbɔ ho. Hwɛ, nnipa bɛboro 34,000 na wɔkɔɔ bi wɔ nkurow awotwe mu, na wɔbɔɔ 2,260 asu! Seesei nnipa bɛboro 35,000 na wɔreyɛ asɛnka adwuma no bi wɔ Romania, na afe a etwaam no, nnipa 86,034 na wɔkɔɔ Kristo wu ho Nkaedi no ase.
Nokware no Da So Ara Som Bo Ma Me
Migyaee Nkaedi abodoo no di mfe kakraa bi. Mehwɛɛ anuanom mmarima a wɔfata a wonni bi no, na misusuw sɛ: ‘Dɛn nti na Yehowa de hokwan a ɛne sɛ mɛyɛ ne Ba no yɔnko difo wɔ soro no bɛma me, bere a afoforo a wonim kasa sen me wɔ hɔ?’ Nanso bere a manni no, metee nka sɛ mahaw yiye. Ná ɛte sɛnea merepo biribi. Adesua pii ne mpaebɔ a mede srɛe akyi no, mifii ase dii bio. Asomdwoe ne anigye a na mewɔ no san bae, na akɔ so ara.
Ɛwom sɛ mintumi mfa m’ani nkenkan ade bio de, nanso da biara mitie Bible ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔakyere agu kasɛt so. Afei nso meda so ara nya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma mu. Metaa de nsɛmma nhoma 60 ne 100 ma ɔsram biara, nanso bere a yɛyɛɛ April Nyan! ho ɔsatu soronko no, mede 323 na ɛmae. Me mmammea no boa me ma mitumi nya Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi mu kyɛfa. Ɛyɛ me anigye sɛ metumi akɔ so ahyɛ afoforo nkuran. Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ Ahenni Asa so no frɛ me, Nana.
Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ ahofama a mede asom Yehowa mfe 79 no a, meda no ase da biara sɛ wama mahu ne nokware a ɛsom bo no, ne sɛ mede me nkwa asom no no. Ɛyɛ me anigye pii sɛ matra nkwa mu ahu Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛkaa wɔn a wɔte sɛ Onyankopɔn nguankuw no anoboaboa mmamu wɔ awiei mmere yi mu ho asɛm no mmamu.—Yesaia 60:22; Sakaria 8:23.
[Kratafa 23 mfonini]
Me nuabea Mary, ne Paapa a wogyina hɔ, ɛna me, George, ne yɛn mmammea Esther ne Anne
[Kratafa 24 mfonini]
Me ne me mmammea Beth ne Irene ne Irene kunu ne wɔn mmammarima baanu, a wɔn nyinaa de nokwaredi resom Yehowa