Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/15 kr. 29-31
  • Tertio—Paulo Kyerɛwfo Nokwafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tertio—Paulo Kyerɛwfo Nokwafo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Akyerɛwfo
  • ‘Me Tertio, Mikyia Mo’
  • Krataa a Wɔkyerɛw Kɔmaa Romafo
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔkyerɛwfo
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Paulo Mfɛfo Adwumayɛfo Ná Wɔne Henanom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/15 kr. 29-31

Tertio—Paulo Kyerɛwfo Nokwafo

TERTIO nyaa adwumaden bi. Ná ɔsomafo Paulo pɛ sɛ ɔde no di dwuma sɛ ne kyerɛwfo bere a ɔrekyerɛw krataa tenteenten bi akɔma mfɛfo Kristofo wɔ Roma no. Ná eyi bɛyɛ adwumaden.

Dɛn nti na na ɛyɛ den sɛ obi bɛyɛ ɔkyerɛwfo wɔ afeha a edi kan Y.B. mu? Ɔkwan bɛn na na wɔfa so yɛ saa adwuma no? Nneɛma a wɔde kyerɛw ade bɛn na na ɛwɔ hɔ saa bere no?

Tete Akyerɛwfo

Ná akyerɛwfo gu ahorow wɔ tete Hela ne Roma ahemman no mu. Mmarima bi somee sɛ aban akyerɛwfo—ɔman adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma wɔ atumfoɔ adwumayɛbea. Ná baguam akyerɛwfo a wɔsom ɔmanfo wɔ guaso nso wɔ hɔ. Ná adefo fa wɔn ankasa akyerɛwfo (mpɛn pii no na wɔyɛ nkoa). Afei nso, na nnamfo a wɔn ani gye sɛ wobefi wɔn pɛ mu akyerɛw afoforo nkrataa ama wɔn nso wɔ hɔ. Sɛnea nhomanimfo E. Randolph Richards kyerɛ no, na wɔn a wɔnhyɛɛ da mfaa wɔn sɛ akyerɛwfo no “betumi ayɛ wɔn a wonni kasa no anaa akyerɛw ho nimdeɛ pii anaa wɔn a wɔn ho akokwaw a ɛbɛma wɔakyerɛw krataa a emu nsɛm yɛ dɛ na emu da hɔ ntɛm, mu biara.”

Henanom na na wɔfa akyerɛwfo? Nea edi kan koraa no, wɔn a na wonnim akenkan ne akyerɛw. Wɔkyerɛw nsɛm bi de hyɛɛ nnwuma ho nhyehyɛe ne aguadi ho nkrataa pii ase a na ɔkyerɛwfo no de di ho adanse sɛ ɔno na wakyerɛw krataa no esiane sɛ nea ɔde adwuma no maa no no nnim akyerɛw nti. Tete krataa bi a efi Thebes, Egypt kyerɛkyerɛ ade a ɛto so abien nti a wɔfaa akyerɛwfo no mu. Krataa a wɔkyerɛw maa obi a wɔfrɛ no Asklepiades no kae wɔ nsɛm a ɛde wiei no mu sɛ: “Herma ba Eumelus na akyerɛw ama no . . . efisɛ ɔnkyerɛw ntɛm papa.”

Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na ɛnyɛ akenkan ne akyerɛw a obi nim nti na ɛma wɔfa no sɛ ɔkyerɛwfo. Sɛnea Bible sɛnkyerɛwfo John L. McKenzie kyerɛ no, “gyama ɛnyɛ emu a ɛbɛda hɔ no titiriw nti, na mmom nsaano nkyerɛwee a ɛyɛ fɛ, anaa anyɛ yiye koraa no ɛho tew,” na ɛmaa nkurɔfo faa akyerɛwfo. Na akyerɛw yɛ ɔbrɛ adwuma ma wɔn a wonim nhoma no mpo, titiriw bere a nsɛm no ware na ɛdɔɔso no. Nhomanimfo J. A. Eschlimann ka sɛ obiara a na obetumi afa ɔkyerɛwfo no “fi anigye mu kwati dwumadi yi, na ɔdan ma nkoa ne akyerɛwfo a wɔbɔ wɔn paa no.” Bio nso, nea enti a na nkurɔfo mpɛ sɛ wɔkyerɛw wɔn ankasa nkrataa no nyɛ ade a asete yɛ den, sɛ yesusuw nnwinnade a wɔde yɛɛ adwuma ne tebea a wɔfaa mu no ho a.

Ná wɔtaa de mmɛw krataa titiriw na edi dwuma wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu. Ná wonya nhoma ntrantraa fi afifide yi a wɔpae mu yi mfinimfini no mu. Na wɔtrɛw nhoma a wonya no mu sɛw hɔ. Wɔde nhoma foforo bea nea edi kan no so. Wotintim abien no so ma ɛka fam ho, na ɛdan “krataa.”

Ná eyi so kyerɛw nyɛ mmerɛw. Ná ɛso yɛ weweree ne nhamanhama. Sɛnea nhomanimfo Angelo Penna kyerɛ no, “mmɛw krataa a na ɛso te sɛ sapɔw no maa adubiri no trɛwee, titiriw wɔ nsensanee nketenkete a ɛwowɔ nhoma no so no so.” Ebia ɔkyerɛwfo no tra fam ka ne nan bea so bere a ɔreyɛ adwuma no, na ɔde ne nsa biako so nhoma no mu wɔ apaawa bi so. Sɛ ne ho nkokwawee anaasɛ nhoma no nyɛ papa a, ne ntakra anaa demmire kyerɛwdua no betumi awowɔ mmɛw krataa no mu, na ama nhoma no atetew, anaasɛ nkyerɛwee no remma yiye.

Wɔde pupuawisiw ne aneneduru na na ɛyɛ adubiri no. Ná wɔma ɛyɛ den na wotwitwa no nteaanteaa tɔn, na na ɛsɛ sɛ wɔde nsu fra wɔ adubiri kuruwa mu ansa na wɔatumi de akyerɛw. Nea na ɛka nnwinnade a ebia na ɛbɛwɔ ɔkyerɛwfo te sɛ Tertio ho no ho ne sekamma a ɔde bɛsensen demmire kyerɛwdua no ano, ne sapɔw a emu afɔw a ɔde bɛpopa ne mfomso no. Ná ɛsɛ sɛ wɔde ntoboase kyerɛw nkyerɛwde biara. Enti na akyerɛw yɛ nyaa na na ɛyɛ den.

‘Me Tertio, Mikyia Mo’

Nea ɛka nkyia a ɛwɔ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Romafo no awiei ho ne Paulo kyerɛwfo no de a ɔkyerɛwee sɛ: “Me Tertio a mekyerɛw nhoma yi, mikyia mo Awurade mu” no. (Romafo 16:22) Eyi nkutoo ne bere a wɔhyɛɛ da bɔɔ akyerɛwfo a wɔkyerɛw Paulo nkrataa no bi ankasa din.

Yennim Tertio ho nsɛm pii. Yebetumi agyina ne nkyia wɔ “Awurade mu” no so aka sɛ na ɔyɛ Kristoni nokwafo. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ asafo a ɛwɔ Korinto no muni a na ebia onim Kristofo pii wɔ Roma. Bible ho sɛnkyerɛwfo Giuseppe Barbaglio kyerɛ sɛ na Tertio yɛ akoa anaasɛ akoa a wɔagyae no. Dɛn ntia? Nea edi kan no, esiane sɛ “akyerɛwfo taa fi saafo yi mu; na afei, esiane sɛ na nkoa ne nkoa a wɔagyae wɔn pii kura . . . ne Latin din no bi ntia.” “Enti,” Barbaglio ka sɛ, “na ɔnyɛ ɔkyerɛwfo ‘biara kɛkɛ’ a wɔbɔ no paa, na na ɔyɛ yɔnko dwumayɛni a ɔnam saa kwan yi so boaa Paulo ma ɔboaboaa ne krataa a ɛware na wɔahyehyɛ emu nsɛm yiye sen biara no ano: dwumadi a ɛsom bo a amma Paulo ammrɛ na wansɛe bere pii.”

Akyinnye biara nni ho sɛ Tertio adwuma yi som bo. Baruk yɛɛ adwuma a ɛte saa ara maa Yeremia, sɛnea Silwano yɛ maa Petro no. (Yeremia 36:4; 1 Petro 5:12) Hwɛ hokwan ara a yɔnko adwumayɛfo yi nyae!

Krataa a Wɔkyerɛw Kɔmaa Romafo

Wɔkyerɛw krataa a wɔde kɔmaa Romafo no bere a na Paulo akɔsoɛ Gaio, wɔ nea ebetumi aba sɛ na ɛhɔ yɛ Korinto no. Ná ɛno bɛyɛ 56 Y.B., wɔ ɔsomafo no asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa mu. (Romafo 16:23) Ɛwom sɛ yenim yiye sɛ Tertio na Paulo ma ɔkyerɛw krataa yi de, nanso yennim ɔkwan pɔtee a ɔfaa so de no dii dwuma. Sɛnea wɔfaa so yɛɛ no biara no, adwuma no yɛ renyɛ mmerɛw. Nanso yebetumi de ahotoso aka eyi ho asɛm sɛ: Te sɛ Bible no afã a aka no, Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no “fi Nyankopɔn home mu.”—2 Timoteo 3:16, 17.

Bere a wɔkyerɛw krataa yi wiei no, na Tertio ne Paulo de mmɛw nkrataa pii adi dwuma de akyerɛw nsɛmfua mpempem pii. Bere a wɔkekaa ano ano fam ho de ade sɔɔ akyi no, nhoma yi bɛdanee nhoma mmobɔwee a ne tenten bɛyɛ mita 3 kosi 4. Wɔde ntoboase bobɔɔ krataa no sɔɔ ano. Afei ɛte sɛ nea Paulo de maa Foebe, onuawa bi a ofi Kenkrea a na ɔrebetu kwan akɔ Roma no.—Romafo 16:1, 2.

Efi afeha a edi kan no mu no, akwan a wɔfaa so kyerɛw nhoma no asesa koraa. Nanso wɔ mfehaha no nyinaa mu no, Onyankopɔn akora krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Roma Kristofo no so. Hwɛ anisɔ ara a yebetumi akyerɛ ama Yehowa Asɛm fã yi a Paulo kyerɛwfo nokwafo a ɔpɛ adwuma, Tertio boaa no ma ɔkyerɛwee no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena