Abusua No—Ɛyɛ Nnipa Ahiade!
WƆKA sɛ adesamma asetra yiyedi gyina abusua no so. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ bere a abusua nhyehyɛe no sɛe no, ɔmamfo ne aman pii ahoɔden so huan. Bere a ahohwibɔ sɛee mmusua wɔ tete Hela no, n’anibue sɛee, na ɛmaa Romafo tumi dii wɔn so. Roma Ahemman no kɔɔ so yɛɛ den bere tenten a na mmusua yɛ den no. Nanso mfe pii twaam no, abusua asetra mu gowee, na ahemman no ahoɔden so tewee. Charles W. Eliot a kan na ɔyɛ Harvard Sukuupɔn titrani no kae sɛ: “Anibue botae titiriw ne sɛ abusua benya ahobammɔ ne nkɔso, na ɛno nti ne ɔbrɛ bebrebe yi.”
Yiw, abusua yɛ nnipa ahiade. Enya ɔman bammɔ ne mmofra ne nkyirimma yiyedi so nkɛntɛnso tee. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛwɔ ɛnanom bebree a wonni kununom a wɔbɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛtete mmofra pa, na wɔfata nkamfo wɔ adwumaden a wɔyɛ no ho. Nanso, nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ sɛ mmofra ne awofo baanu nyinaa tra a, wɔtaa di yiye kɛse.
Nhwehwɛmu bi a Australiafo yɛe wɔ mmerante ne mmabaa bɛboro 2,100 ho daa no adi sɛ, “na nyarewa horow haw mmerante ne mmabaa a wonnya nnii mfe aduonu a wofi mmusua a emu apaapae mu no, na na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛda nkate mu haw ahorow adi, de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu asen mmofra a wofi mmusua a emu mpaapae mu.” Nhwehwɛmu bi a U.S. Ɔman Asuae a Ebu Akwahosan Ho Akontaa yɛe daa no adi sɛ mmofra a wofi mmusua a emu apaapae mu “a wobetumi ahyia akwanhyia no dɔɔso sen afoforo ɔha mu 20-30, wɔn a wɔbɛtra wɔn ananmu wɔ sukuu mu no dɔɔso sen afoforo ɔha mu 40-75, na wɔn a wobetumi ayi wɔn adi afi sukuu no dɔɔso sen afoforo ɔha mu 70.” Agyinatu ho nhwehwɛmufo bi bɔ amanneɛ sɛ “ɛnyɛ den koraa sɛ mmofra a wofi ɔwofo biako mmusua mu de wɔn ho bɛhyɛ nsɛmmɔnedi mu asen wɔn a wɔtete wɔn wɔ mmusua a edi mũ mu no.”
Ofie Ne Guankɔbea No
Abusua nhyehyɛe no ma obiara nya ofie a emu yɛ anigye, ɛma denhyɛ na emu yɛ anika. Swedenni bi a wobu no kae sɛ “ɛnyɛ adwuma a obi yɛ, ahonyade, anigyede ahorow, anaa nnamfo mu titiriw na anigye ne yiyedi fi, na mmom abusua no.”
Bible kyerɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ asase so nya ne din fi abusua Bɔfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn hɔ, efisɛ ɔno na ɔde abusua nhyehyɛe no sii hɔ. (Genesis 1:27, 28; 2:23, 24; Efesofo 3:14, 15) Nanso, ɔsomafo Paulo hyɛɛ ntua kɛse bi a ɛbɛba abusua so a ɛbɛma abrabɔ ho nnyinasosɛm ne adesamma abusua a ɛwɔ Kristofo asafo no akyi no asɛe ho nkɔm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɔkae sɛ nnipa a wonni nokware “wonni dɔ,” na wɔyɛ awofo asɛm ho asoɔden, bɛba wɔ “nna a edi akyiri” no mu, a wɔn a “wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa” no mpo ka ho. Otuu Kristofo fo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi saafo no ho. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ, ɔtaa a ɛbɛba nokwaredi ma Nyankopɔn so no bɛpaapae mmusua mu.—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 10:32-37.
Nanso, Onyankopɔn nyaw yɛn ɛ. Wɔama yɛn abusua asetra ho akwankyerɛ ahorow pii wɔ N’asɛm no mu. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ama abusua no adi yiye, na fie nso bɛyɛ baabi a anigye wɔ a abusua muni biara benya hokwan ayɛ biribi ama ɔfoforo.a—Efesofo 5:33; 6:1-4.
So wubetumi anya abusuabɔ a ɛyɛ anigye sɛɛ wɔ mmere a abusua da asiane kɛse mu yi mu? Yiw, ɛte saa! Wubetumi ama w’abusua ayɛ anigye te sɛ asasebere wɔ wiase a emu asetra yɛ den na ɛte sɛ anhweatam yi mu. Nanso eyi hwehwɛ sɛ abusua kɔntɔnkrɔn no muni biara yɛ biribi. Nyansahyɛ ahorow bi na edidi so yi.
W’abusua a Wobɛboa Ma Agyina
Akwan a eye sen biara a ebetumi ama abusua de biakoyɛ atra ne sɛ wobenya bere atra ase abom. Ɛsɛ sɛ emuni biara nya adagyew ma abusua no. Ebia ɛno begye afɔrebɔ. Sɛ nhwɛso no, ebia ebehia sɛ mo a moyɛ mmofra no de TV so dwumadi bi a mo ani gye ho, agumadi bi, anaa pue a mo ne mo nnamfo bepue, bɔ afɔre. Mo, agyanom a motaa pɛ abusua no ano aduan no, mommfa agodie anaa nneɛma foforo a mo nkutoo ani gye ho nsɛe mo ahomegye mmere. Mo ne abusua no nyɛ dwumadi ahorow ho nhyehyɛe, ebia sɛnea mubedi dapɛn awiei anaa akwamma abom. Nanso yɛ biribi a obiara ani begye ho na wɔbɛhwɛ kwan ho nhyehyɛe.
Mmofra hia pii sen nea wɔfrɛ no bere a mfaso wɔ so, kyerɛ sɛ, dɔnhwerew fã anaa nea ɛte saa a wonya ma mmofra bere ne bere mu. Wohia bere pii. Sweden atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo bi kyerɛw sɛ: “Mahyia mmofra bɔne pii wɔ me mfe 15 a mede ayɛ adwuma sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo no mu . . . Nea ɛtaa ba ne sɛ, ɛte sɛ nea wɔde bere a mfaso wɔ so nkutoo na ɛtete wɔn: ‘Ná m’awofo nni adagyew.’ ‘Wontie me da.’ ‘Ná me papa taa tutu akwan.’ . . . Sɛ́ ɔwofo no, bere nyinaa wubetumi apaw bere dodow a wubenya ama wo ba. Mfe 15 akyi na abofra a wadi mfe 15 a onhu wo mmɔbɔ bɛma nea wopaw no ada adi.”
Sika Ho Adwempa
Ɛsɛ sɛ abusua mufo nyinaa nya sika ho adwempa nso. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de aboa ma wɔatua ɛka horow a abusua no bɔ no. Ɛsɛ sɛ mmea pii nya adwuma bi yɛ na ama wɔn nsa aka asetrade, nanso mo, ɔyerenom, monhwɛ yiye wɔ asiane ne sɔhwɛ ahorow a mubetumi ahyia no ho. Wiase yi hyɛ mo nkuran sɛ “munni mo bere” na “monyɛ nea mopɛ.” Ebetumi ama watew wo ho na wabu ɔfã a Onyankopɔn de adom wo sɛ ɛna ne ofiehwɛfo no animtiaa.—Tito 2:4, 5.
Sɛ mo, ɛnanom, betumi atra fie na moayɛ mo mma akwankyerɛfo ne nnamfo a, akyinnye biara nni ho sɛ anka ɛbɛboa ma moanya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛbɛka mo abusua no abom, ɛmfa ho tebea biara. Ɔbea betumi ayɛ pii de aboa ama ofie ayɛ baabi a anigye, ahobammɔ, ne nkɔso wɔ. Afeha a ɛto so 19 no mu ɔmanyɛfo bi kae sɛ: “Mmarima ɔha na wɔde wɔn bɔ nsra, nanso ɔbea biako betumi akyekye abusua.”
Sɛ wɔn a wɔwɔ abusua no mu nyinaa yɛ biako hwɛ abusua no sikasɛm so yiye a, ɛbɛma abusua no ade ne ho afi ɔhaw pii mu. Ɛsɛ sɛ awarefo pene so sɛ wɔbɛma wɔn asetra ayɛ nea ɛnkyere so na wɔde honhom mu nneɛma adi kan. Ɛsɛ sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛpene nea wɔwɔ so, a wɔnhwehwɛ nneɛma a ɛboro abusua no sikasɛm so. Hwɛ yiye wɔ aniwa akɔnnɔ ho! Nneɛma a wɔn sika nso a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔ, ne boseabɔ ama mmusua pii agu asu. Sɛ abusua no mufo nyinaa de wɔn sika bom yɛ ade—akwantu a ɛyɛ anika, adwinnade bi a ɛho yɛ anika na ehia a wɔtɔ si fie, anaa ntoboa a wɔde boa Kristofo asafo no—a, ebetumi de biakoyɛ aba.
Ade foforo a “wɔde boa” ma abusua ani gye a ɛsɛ sɛ abusuafo nyinaa bɔ ho mmɔden ne ofie asiesie—hwɛ a wɔbɛhwɛ fie, mfikyifuw, kar, ne nea ɛkeka ho so, a obiara benya mu kyɛfa. Wobetumi ama abusua muni biara, a mmofra mpo ka ho adwuma no bi ayɛ. Mmofra, mommɔ mmɔden sɛ morensɛe mo bere. Mmom no, munnya ayamye ne biakoyɛ su; eyi bɛma moanya adamfofa ne ayɔnkofa su a ɛde biakoyɛ ba abusua mu no.
Ɛbo a Bible Ntetee Som
Wosi hia a Bible adesua a wɔyɛ no daa ho hia so dua wɔ Kristofo abusua a biakoyɛ wom mu. Bible kyerɛw nsɛm a wobesusuw ho da biara da ne sua a wobesua Kyerɛw Kronkron no dapɛn biara no de nea abusua nam so bɛyɛ biako ma. Ɛsɛ sɛ wɔbom susuw Bible mu nokware atitiriw ne nnyinasosɛm ahorow ho wɔ ɔkwan a ɛkanyan abusua no mufo nyinaa koma so.
Ɛsɛ sɛ abusua nhyehyɛe a ɛtete saa no de ntetee ma, na bere koro no ara no, ɛyɛ anigye na ɛma denhyɛ. Ná Sweden atifi fam abusua bi ma mmofra no kyerɛw nsɛmmisa a ɛba wɔn adwenem dapɛn no mu no to hɔ. Afei na wosusuw nsɛmmisa yi ho wɔ dapɛn dapɛn Bible adesua no ase. Ná nsɛmmisa no taa yɛ nea emu dɔ na ɛkanyan adwene, na ɛmaa mmofra no nsusuwii ne anisɔ a wɔwɔ ma Bible nkyerɛkyerɛ ahorow no bɛdaa adi. Nsɛmmisa no bi ne: “So Yehowa hwɛ ma nneɛma nyinaa nyin bere nyinaa anaasɛ ɔyɛɛ no pɛnkoro pɛ?” “Dɛn nti na Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ‘ne suban so’ bere a Onyankopɔn nyɛ onipa?” “So awɔw ankye Adam ne Hawa wɔ Paradise wɔ awɔw bere mu esiane sɛ na wɔnhyɛ mpaboa na wonni ntade biara no?” “Dɛn nti na yehia ɔsram no anadwo, bere a ɛsɛ sɛ esum ba no?” Mprempren, mmofra no anyinyin na wɔresom Nyankopɔn sɛ bere nyinaa asomfo.
Sɛ moredi abusua mu ɔhaw bi ho dwuma a, ɛsɛ sɛ mo, awofo, mobɔ mmɔden sɛ mubenya adwempa na mode animtew yɛ ade. Munsusuw afoforo ho na monyɛ fakaa, nanso sɛ ɛba sɛ moredi nnyinasosɛm ahorow a ɛho hia so a, monyɛ pintinn. Momma mmofra no nhu sɛ ɔdɔ a mowɔ ma Onyankopɔn ne ne nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ no na bere nyinaa mugyina so si gyinae ahorow. Mpɛn pii no, sukuu mu tebea yɛ ahometew na ɛhaw adwene, enti mmofra no hia nkuranhyɛ pii wɔ fie na wɔde ako atia nkɛntɛnso a ɛte saa.
Awofo, monnyɛ mo ho te sɛ nea moyɛ pɛ. Monye mfomso ntom, na sɛ ɛho behia a, mompa mo mma kyɛw. Mmofra, sɛ Maame ne Paapa gye mfomso bi tom a, munnya ɔdɔ kɛse mma wɔn,—Ɔsɛnkafo 7:16.
Yiw, abusua a biakoyɛ wom de asomdwoe, ahobammɔ, na anigye ba fie. Germany anwensɛm kyerɛwfo Goethe kaa no bere bi sɛ: “Ɔhene anaa ɔpapahwekwa a onya n’anigye fi fie no na ɔwɔ anigye kɛse.” Wɔ awofo ne mmofra a wɔn ani sɔ ade no fam no, baabiara nsen fie.
Nokwarem no, nhyɛso a ɛwɔ wiase a yɛte mu nnɛ no de abusua no ato asiane kɛse mu. Nanso esiane sɛ abusua no fi Onyankopɔn nti, ebegyina. Sɛ mudi Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a ɛteɛ a wɔahyehyɛ ama abusua asetra a anigye wom no so a, mo abusua no begyina, ma mo nso moagyina pintinn.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm yi pii a, hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a ekura nkratafa 192 a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.