Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 2 kr. 4-5
  • Bere a Atoyerɛnkyɛm Bi Asi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Atoyerɛnkyɛm Bi Asi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BIBLE MU NOKWARE MA YENYA ANIDASO
  • Woasiesie Wo Ho Anaa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Amanehunu Akyi Adwennwen Bɛba Awiei!
    Nyan!—2001
  • Sɛnea Wubetumi Agyina Dadwen Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 2 kr. 4-5
Ɔdan bi adwiriw agu, na mmarima baanu bi te baabi a nneɛma asɛe no

Bere a Atoyerɛnkyɛm Bi Asi

“Mfiase no de, na yɛn ani so atan yɛn. Atɛkyɛ ne nsuyiri twiw faa yɛn nneɛma nyinaa so.”​—Andrew, Sierra Leone.

“Bere a mframa kɛse no sɛee nneɛma wiei no, yɛsan kɔɔ yɛn fie. Biribiara anka. Asɛm no tɔɔ yɛn so. Me babea buu nkotodwe na osui.”​—David, Virgin Islands.

SƐ ASIANE bi ato wo pɛn a, ebia wobɛte nkurɔfo ase bere a wɔreka wɔn amanehunu ho asɛm no: sɛnea wɔn ho dwiriw wɔn, wɔn abam bui, wɔn adwene tu frae, wɔn ho yeraw wɔn, ne sɛnea na wɔsoso dae bɔne. Nnipa a wɔafa amanehunu a ɛte saa mu no pii abam abu ma wonhu nea wɔnyɛ wɔ abrabɔ mu.

Sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi ama woahwere wo nneɛma nyinaa a, ebia w’abam reyɛ abu. Ebetumi ama asetena koraa afono wo. Nanso, Bible ma yɛte ase sɛ ehia wo a nwu. Efisɛ anidaso wɔ hɔ.

BIBLE MU NOKWARE MA YENYA ANIDASO

Ɔsɛnkafo 7:8 ka sɛ: “Asɛm awiei ye sen ne mfiase.” Sɛ atoyerɛnkyɛm bi to wo a, mfiase no ɛbɛyɛ te sɛ nea anidaso nyinaa asa no. Nanso sɛ wobɔ mmɔden toto wo nneɛma yiye a, biribi pa betumi afi mu aba.

Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a, ‘wɔrente agyee! anaa buei! biara bio.’ (Yesaia 65:19) Sɛ asase dan paradise wɔ Onyankopɔn Ahenni ase a, wei nyinaa bɛbam. (Dwom 37:11, 29) Atoyerɛnkyɛm biara rensi bio. Dadwen ne kɔdaanna nyinaa befi hɔ koraa efisɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.”—Yesaia 65:17.

Wo de susuw ho hwɛ: Yɛn Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛma wo daakye ne anidaso,’ kyerɛ sɛ, wobɛtena ase asomdwoe mu wɔ Onyankopɔn Ahenni ase. (Yeremia 29:11) Sɛ wuhu saa nokwasɛm yi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo na w’abam ammu? Sally a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no kaa sɛ: “Sɛ wokae nneɛma pa a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama yɛn daakye no a, ebetumi aboa wo ma woayi w’adwene afi yaw a woafa mu no so, na woahwɛ sɛnea wubegyina tebea a wowom seesei no ano.”

Nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama nnipa nnansa yi ara no, adɛn nti na wunsua ho ade pii? Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woanya awerɛhyem sɛ, atoyerɛnkyɛm biara a woahyia no, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu. Afei nso, wubetumi ahwɛ kwan denneennen sɛ daakye atoyerɛnkyɛm biara rensi bio. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, Bible betumi ama wo afotu a ɛbɛboa ama woagyina atoyerɛnkyɛm biara a woahyia ano. Ma yɛnhwɛ saa afotusɛm no bi.

Bible Mu Nsɛm a Ebetumi Aboa Wo

Ɛyɛ a nya bere fa gye w’ahome.

“Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”​—Ɔsɛnkafo 4:6.

Abenfo ka sɛ, sɛ asiane bi to wo na “sɛ woantumi anna yiye a, ebetumi ama yaw a worefa mu no agye nsam koraa, na awerɛhow nso bɛmene wo.” Enti, nyansa wom pa ara sɛ wubegye bere ahome.

Ka w’asɛm kyerɛ obi.

“Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.”​—Mmebusɛm 12:25.

Ka w’asɛm kyerɛ wo busuani anaa w’adamfo bi a wugye no di. Ɔbɛyɛ aso atie wo, obetumi ahyɛ wo den, na ɔde mmoa a wuhia ama wo.a

Hu sɛ mmere pa bɛba.

“Na sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtena.”​—2 Petro 3:13.

a Sɛ adwinnwen ne kɔdaanna tena obi so kyɛ pa ara, na ogye ne ho a ennye a, ebia ɛho behia sɛ ɔkɔ ayaresabea kɔhwehwɛ mmoa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena