Yɛn Ho Yɛn Ho A Yɛbɛboa Ma Yɛakasa Afie Afie (Ɔfã III)
1 Yesu kae sɛ: “Nea wasua biribi ahu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.” (Luka 6:40) Na n’asuafo no dodow ara yɛ mpapahwekwa te sɛ yɛn. Ɛdenam Yesu akyi a wodii, tiee no na wɔhwɛɛ ɔkwan a ɔnam so kyerɛkyerɛ no so no, ankyɛ na otumi somaa wɔn baanu baanu sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ mfɛfo nnipa afoforo. Wodii ahyɛde a ɔde mae sɛ “monkɔ nkɔyɛ . . . m’asuafo. Mɔmmɔ wɔn asu . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so” no akyi.—Mat. 28:19, 20.
2 Sɛ Yesu asuafo nnɛ no, asɛyɛde da yɛn so sɛ yɛka asɛmpa no na ‘yɛyɛ asuafo.’ Sɛ́ Yehowa nhyira wɔ asɛm a yɛka kyerɛ afoforo wɔ afie afie no so; sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, da adi wɔ nnipa a wɔbɔ wɔn asu ɔsram biara no mu. Saa nnipa yi nso de wɔn ho hyɛ asuafoyɛ adwuma no mu, na eyi ma nnipa dodow a wɔreka asɛm no kɔ anim.
3 Te sɛ Yesu bere so no, yɛn mu dodow no ara hia mmoa nnɛ na yɛabɛyɛ asuafo-yɛfo. Asafo ahorow mu no wɔayɛ nhyehyɛe na aboa yɛn ma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo pa. Yɛn Ahenni Som abien a abɛsen no kaa nhyehyɛe a wɔayɛ ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw aboa afoforo ho asɛm. Sɛ wode wo ho ma sɛ wobɛboa obi anaa ɔfoforo de ne ho ma sɛ ɔbɛboa wo ma woaka asɛm wɔ afie afie a, dɛn na mubetumi ayɛ?
4 Nneɛma abien na wɔkamfo kyerɛ: (1) sɛ mobɛbom asiesie mo ho, na (2) moabom ayɛ adwuma wɔ adansedi mu. Wɔ ahosiesie a mobom yɛ sɛ nnamfo no, momfa bere bi nsusuw asɛnka ahorow a wɔhyɛ ho nyansa wɔ Yɛn Ahenni Som mu ho. Mommɔ nea mubetumi de adi dwuma wɔ nnianim asɛm mu, sɛnea mobɛhyɛn asɛm no ankasa mu, sɛnea mode Bible no bɛbam, sɛnea mobɛkɔ nhoma a mode bɛma no so, ne sɛnea mode asɛnka no bɛba awiei na moafi adesua ase baabi a ɛbɛyɛ yiye, ho nkɔmmɔ. Bere a moasusuw eyi ho akyi no, monyɛ nhwɛ. Obiako nyɛ ne ho sɛ ɔdawurubɔfo na obiako nyɛ ofiewura, na afei monsesa. Eyi bɛboa ma mode ahotoso akasa wɔ afie a mobɛkɔ mu no mu. Sɛnea na Yesu wɔ nokware no, saa ara na yɛn nso yɛwɔ nokware no, na ɛno na nnipa afoforo hia na wɔanya nkwa wɔ Ahenni nniso no ase.
5 Bere a morekɔ asasesin no mu no, ɛdenam nsɛntitiriw a mopɛ sɛ mode di dwuma a mobɛbɔ ho nkɔmmɔ no so no, emu bɛda hɔ yiye wɔ mo adwene mu bere a mobɛkɔ akodu ɔpon a edi kan no ano no, na ɛbɛma moanya mfiase pa. Mubetumi asi ho gyinae sɛ ebia ɛsɛ sɛ nea ne ho akokwaw pii no di kan kasa wɔ ofie a edi kan anaa nea ɛto so abien no mu. Anaasɛ, nnianim asɛm no akyi no, ebia mo baanu nyinaa betumi anya kyerɛw nsɛm no’ akenkan ne ne nkyerɛkyerɛmu mu kyɛfa. Bere a mobom yɛ adwuma no, mommɔ sɛnea mubetumi ama mo asɛnka atu mpɔw no ho nkɔmmɔ. Monhyɛ mo ho mo ho nkuran na mommoa mo ho mo ho wɔ asɛnka adwuma no mu.
6 Adwuma a mobɛbom ayɛ no bɛma moasua nneɛma a ɛho wɔ mfaso a mubetumi de adi dwuma wɔ adansedi mu. Mubehu hia a ɛho hia sɛ munya adamfofa su, na mokasa nkɔmmɔbɔ kwan so; sɛnea mubetumi de nsemmisa akanyan anigye na moahu nea ofiewura no susuw; sɛnea mubetumi asakra mo asɛnka mu; ne hia a ɛho hia sɛ mutie ofiewura no. Mubehu sɛnea asɛnka no bɛma moatumi de nhoma ama, na moafi Bible adesua ase baabi a ɛbɛyɛ yiye.
7 Mubehu sɛnea mubedi anibiannasoyɛ ne ɔsɔretia mpo ho dwuma wɔ ɔpon ano. Bebree rentie, nanso yɛn bo mfuw. Yɛrehwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguanten. (Yoh. 10:4) Yɛde boasetɔ kɔ ofie a edi hɔ no mu, na yɛkae sɛ yɛn adwuma no yɛ mpaapaemu adwuma. Yesua sɛ yɛde akokoduru bɛkɔ so wɔ Yehowa tumi mu, efisɛ yenim sɛ ɛyɛ n’adwuma ne sɛ obehyira yɛn mmɔdenbɔ so.
8 Yɛn mu dodow no ara hwehwɛ mmoa na yɛatumi akasa akyerɛ nkurɔfo ma atu mpɔw wɔ afie afie. Na yɛn mu dodow no ara nso ho akokwaw a wobetumi de mmoa a ɛho hia ama. Sɛnea Paulo tuu fo no: “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.”—Rom. 15:2.