Nkɔso A Wubenya Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu
1 Tete bɛ bi a ɛfa nkɔso ho ka sɛ: “Fi ase wɔ faako a wowɔ no. Nanso nnyina faako.”Hwɛ sɛnea saa bɛ no fa nkɔso a yebenya wɔ ɔsom adwuma no mu ho! Bere a wufii ɔsom adwuma no ase no, ebia na Ahenni nkrasɛm tiawa bi pɛ na wutumi ka kyerɛ. Nanso sɛ mfe kakra atwam na wuntumi nka nea ɛsen saa na wo da so ara gyina faako a, dɛn na wubetumi ayɛ?
2 Ade a edi kan a wobɛyɛ ne sɛ wubebisa nimdeɛ a wuhia a ɛbɛma wode ahokokwaw akyerɛkyerɛ no afi Yehowa hɔ. (Mmeb. 15:14; Yak. 1:5) Ade a ɛto so abien a wobɛyɛ ne sɛ wobɛyɛ ade ma ɛne wo mpaebɔ no ahyia. Yi bere si hɔ fa sua Reasoning nhoma no mu nsɛm a wɔbɛka akyerɛ no mpɛn pii. Hwehwɛ biako a wote nka sɛ wubetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so, na sua no mpɛn pii kosi sɛ ɛbɛka wo tirim koraa. Ade a ɛto so abiɛsa a wobɛyɛ ne sɛ wobɛka wo nuanom ho akɔ asɛnka sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi aka asɛm a woasiesie no akyerɛ.
NNAMFO A WƆBƐBOA WO
3 Ebia woreka sɛ, ‘Ne ka nyɛ den kɛse sɛ ne yɛ.’ Ɛwom, nanso ɛno nti na wowɔ nnamfo a wɔbɛboa wo no. Sɛ woyɛ abofra a, wo ne w‘awofo anaasɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ asomfo a wɔsow aba mmɔ nkɔmmɔ. Bisa sɛnea wo ne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ ade mu ho nyansahyɛ fi wɔn hɔ. Ebia wɔbɛhyɛ nyansa sɛ hwehwɛ bere fa sua sɛnea wobɛka asɛm no akyerɛ. Wobetumi ayɛ ofiewura ama wo, na wɔde anoyi a yɛtaa hyia wɔ bere a nsa da yɛn dwumadi so yi mu no ama. Bere a woasua sɛnea wɔka asɛm kyerɛ no, wubetumi ahu sɛnea wo ne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ ahokokwaw mu.
4 Wowɔ nnamfo afoforo a wobetumi aboa wo. Wɔne akwampaefo a wɔnam osuahu ne Akwampaefo Ɔsom Sukuu a wɔakɔ no so asua akwan a wɔfa so ka asɛm no. Mo kuw no sohwɛfo anaasɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no nso betumi ne wo ayɛ adwuma wɔ afie afie na wɔasan akyerɛ wo sɛnea wo ne nkurɔfo bɛkasa na moasusuw nsɛm ho.
WƆN A WƆKYERƐ ANIGYE A WOBƐSAN AKƆSRA WƆN
5 Yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛsan de honhom fam mmoa ama nkurɔfo a wogye yɛn nhoma. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn na yɛsan kanyan wɔn anigye bio. Ansa na wobɛsan akɔsra wɔn no, san tĩ nea wakae wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no mu, sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi atoa asɛm a ɛkanyan wɔn anigye no so wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so. Ma ɛntra w’adwenem nso sɛ, ɛwom sɛ yɛn na yedua na yegugu so nsu de, nanso Yehowa na ɔma enyin. Bisa n’akwankyerɛ ansa na woakɔ. (1 Kor. 3:6; 2 Kor. 9:10) Bere a yɛboa afoforo ma wosua ade no, yɛn ankasa nso nya nkɔso.
6 Ade a ehia a edi hɔ a wobɛyɛ ne sɛ wubefi ase ayɛ Bible adesua. Sɛ wuntumi nyɛɛ eyi wɔ wo som adwuma no mu a, kɔ so bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ ɔmmoa wo na nya obi a ɔte sɛ oguanten na ma no aduan. Wubetumi ahu sɛ ɛboa sɛ wobɛhwɛ sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo bi a otu mpɔn yɛ Bible adesua na afei woasua sɛnea ɔkyerɛkyerɛ no. Bio nso, hwɛ ɔkyerɛkyerɛ ho nsɛm a ɛwɔ Our Bulletin yi mu. wɔ asɛm a wɔato din sɛ “Abusua Adesua a Ɛsow Aba a Yɛbɛyɛ” mu no mu, efisɛ yebetumi de nnyinasosɛm koro no ara adi dwuma wɔ asɛnka mu nso. Enti wonam wo ho a wubesiesie so bɛyɛ krado ma woayɛ adesua bere a wɔabua wo mpaebɔ no.
FA BOTAE HOROW SISI W’ANIM NA DU HO
7 Ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn, sankɔhwɛyɛ, ne adesuayɛ ho botae horow ho a wubedu no gye bere. So wubetumi de botae foforo asi w’anim, te sɛ ɔkwampaefo boafo, anaasɛ daa ɔkwampaefo a wobɛyɛ? Bere a wunya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu no, wubetumi ayɛ nkuranhyɛ ama afoforo. Wubetumi anya Yehowa hɔ nhyira pii, sɛ woannyina faako na mmom wokɔ w’anim bere nyinaa a.