Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Nhyehyɛe No Ho Mfaso a Yebenya
1 Hwɛ oye ara a Yehowa ye ma yɛn sɛ ɔma yɛn honhom mu aduan bere a yehia? Ɔmansin nhyiam dwumadi nhyehyɛe no yɛ eyi ho nhwɛso pa. So yɛn nyinaa mfa nsii yɛn anim sɛ yɛpɛ sɛ yɛsow trenee aba denam Kyerɛwsɛm mu afotu ne osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a yɛtee wɔ yɛn ɔmansin nhyiam a etwaam no ase no so? Ɔkasa ahorow a wɔmae no nso kaee yɛn mfaso kɛse a yenya denam yɛn Bɔfo no akwankyerɛ akyi a yedi so. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛanya mfaso ne honhom mu ahoɔden kɛse.
2 Dwumadi nhyehyɛe no sii hia a ehia sɛ yɛnantew sɛ ‘asoɔmmerɛw mma na yɛyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu’ so dua. (1 Pet. 1:14-16) Ɛkyerɛɛ mfaso a yenya bere a yɛde yɛn ho hyɛ asafo nhoma adesua nhyehyɛe no mu, nhyira a mmusua horow a wɔde asoɔmmerɛwyɛ som Yehowa na wodi n’ahyɛde horow so nya, ne hia a ɛho hia sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ osetie. Yebetumi asua pii afi nhwɛso a Yesu yɛe sɛ ɔyɛɛ osetie ne adwene a ɔdaa no adi no mu.
3 Fi ase susuw nhyiam a ɛbɛba no ho na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ. Susuw afoforo nso a wɔwɔ asafo no mu anaa nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye a ebia wobehia nkuranhyɛ na wɔakɔ no nso ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ wubenya honhom mu apontow no ho mfaso kɛse.