Ɔmansin Nhyiam A Ɛreba Mu Nsɛm
“Monyɛ Kronn Sɛ Akanea Kurafo” ne yɛn mprempren ɔmansin nhyiam a ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei no asɛmti. Saa nhyehyɛe fɛfɛ yi de ‘aduan rema wɔ bere a ɛsɛ mu.’ (Mat. 24:45) Wɔn a wɔwɔ honhom mu ntease aniwa pa no tumi hu sɛ yɛn nnɛ awo ntoatoaso yi ‘akɔntɔn na akyea.’ (Fil. 2:15) Wɔde afotu ne nyansahyɛ ahorow a eye ma wɔ sɛnea yebekwati biribi a yɛbɛyɛ a ɛde Yehowa abufuw bɛba yɛn so no ho.
Ɔmansin nhyiam horow a edi hɔ a efi ase February mu no asɛmti ne “Nokware no a Yɛbɛma Ada Adi wɔ Yɛn Asetra Mu.” (2 Kor. 4:2) So yenim nokware no ankasa na so yɛde redi dwuma wɔ yɛn asetra mu? Wɔasiesie nhyiam yi na ɛde mmoa a eye ama wɔ ne nyinaa mu—nokware no a yebehu na yɛde atra ase. Wobesi akwampae adwuma so dua, titiriw ama mmerante ne mmabaa. Wobesusuw nsɛm a ɛfa nsɛnnennen wɔ asɛnka mu ho dwumadi ne sukuu mmofra a wɔbɛboa wɔn ma wɔadi adannandi nkyerɛkyerɛ no so ho. Ɔfã a ɛne, “Ɛdenam Yɛn Nantew a Yɛbɛhwɛ no Yiye So” no besi hia a ɛho hia sɛ yɛn mu biara hwɛ sɛnea ɔrenya honhom mu su ahorow wɔ n’ankasa mu ne wɔ wɔn a ɔne wɔn sua ade no mu no so dua. Baguam ɔkasa no atifi asɛm ne: “Ɔkwan Bɛn So Na Nokware no Ka W’asetra?” Ɔkasa ahorow abien bedi ɛno akyi: “Adwene a Emu Tew a Yɛde Bɛtra Ase Nnɛ” ne “Yehowa Ahyehyɛde no a Yɛne No Bɛnantew Pɛpɛɛpɛ wɔ Nokware no Mu.” Mma nhyiam nhyehyɛe fɛfɛ yi fã biara mpa wo ti so.