Papa A Yɛbɛyɛ Wɔn A Wohia Mmoa Pɔtee Bi
1 Wɔka kyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho,’ sɛ wonnya afoforo yiyedi ho anigye ankasa. (Yoh. 13:34; Rom. 15:1, 2) Bere a yɛda so ara wɔ “bere a ɛfata yi,” yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔn a yɛne wɔn wɔ gyidi no mu yiye titiriw. (Gal. 6:10) Afotu a efi honhom mu no se “mfa yiye nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.”—Mmeb. 3:27.
2 Wɔ Kristofo asafo no mu no, nyisaa, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, akunafo, ayarefo, wɔn a wodi awerɛhow, wɔn a wɔadi dɛm ne afoforo a wohia mmoa pɔtee bi, wom. Ɛsɛ sɛ abusuafo a wɔbɛn pɛɛ ne abusuafo afoforo ma wɔn ani kũ mmoa a wɔde bɛma eyinom no ho titiriw. Bere a yesuasua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma wɔn ho hia yɛn. 1 Tim. 5:4, 8; Hes. 34:16; Mat. 9:36.
DƐN NA YEBETUMI AYƐ?
3 Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa? Wɔ ebinom fam no, nsrahwɛ ne adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ bɛkanyan wɔn honhom. Anaasɛ, ebia yebetumi akɔfa wɔn akɔ nhyiam horow, ato nsa afrɛ wɔn abɛka yɛn ho wɔ asɛnka adwuma mu, anaasɛ wɔaka yɛn ho wɔ Bible adesua a yɛyɛ mu. Yebetumi ato nsa afrɛ onuawa a ne mfe akɔ anim anaasɛ abofra a ɔyɛ ayisaa aba yɛn abusua adesua ne/anaa adidi ase. Obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi anya kyɛfa wɔ mmoa a wɔde ma wɔn a wohia mmoa pɔtee bi no mu. Ebia mmofra bɛboa denam soma a wɔbɛsoma wɔn, ofie nnwuma a wɔbɛyɛ anaa gua a wobedi ama wɔn no so. Mmerante anaa mmabaa a wɔn awofo biako pɛ na ɔwɔ nokware no mu betumi afi ase denam saa mmoa yi a wɔde bɛma wɔ fie no so. Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ Kristofo dɔ ankasa, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.—Aso. 9:39; 1 Pet. 4:8-10.
4 Wɔn a wohia mmoa pɔtee bi no taa yɛ nnipa a wɔka wɔn a wodi kan de mmoa ma afoforo no ho. Nokwarem no, pii ahu akwan a wobetumi afa so aboa wɔn ho. Obi ho mmɔden a ɔbɔ yɛ ade a ɛho hia titiriw wɔ Kristoni asetra a anigye wom na ɛsow aba mu. Akwampaefo ɔhaha pii wɔ hɔ a wɔyɛ ayarefo, nanso wɔyere wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no binom yɛ anifuraefo, asotifo anaa mmubuafo. Akwampaefo afoforo a wɔafa wɔn no mu pii yɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim, a ebinom yɛ ayarefo a wɔn nkutoo na wɔte. Sɛ́ anka wɔbɛtew wɔn ho na wɔde wɔn adwene asi wɔn tebea no so ayɛ wɔn ho mmɔbɔmmɔbɔ mmom no, wɔyɛ wɔn a wɔwɔ anidaso na wɔbɔ mmɔden. Wɔde wɔn ho hyɛ Ahenni no ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no mu denneennen. (Aso. 18:5) Saa ara na ɛte wɔ mmofra a wɔyɛ nyisaa pii a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampae adwuma, Betel som adwuma anaa asɛmpatrɛw adwuma no mu no ho. Ɛwom, wɔn a wohia mmoa pɔtee bi no mu pii nyɛ wɔn a wobetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Nanso, nhwɛso horow a wɔde ama no kyerɛ honhom a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ne nhyira a efi mu ba.—Marko 10:28-30.
5 Nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn mu biara betumi ayɛ na ama yɛanya anigye ne anidaso. Yebetumi akenkan Bible, nsɛmma nhoma ahorow ne Asafo no nhoma afoforo daa; atie Bible mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no na ama nokware no ayɛ yɛn koma ma; yebetumi afrɛ wɔn a wɔyare anaasɛ wodi awerɛhow no wɔ telefon so ahyɛ wɔn nkuran. Yebetumi akyerɛw nkrataa de adi kan akyerɛ wɔn ho anigye; na yɛde botae ahorow te sɛ Bible adesua foforo a yebefi ase anaa akwampaefo boafo adwuma a yɛbɛyɛ asi yɛn anim; ahu anuanom no yiye denam to a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛsra yɛn anaa yɛakɔ wɔn nkyɛn no so. Yebetumi anya nkɔso wɔ yɛn som adwuma no mu ne wɔ yɛn ɔkyerɛkyerɛ ne ɔkasa mu nso denam yɛn ho a yɛde bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no so. Anuanom mmarima betumi anya hokwan ayɛ asomfo. (1 Tim. 3:1) Dodow a yɛyɛ ade ma afoforo ne yɛn ankasa ho no, dodow no ara na yebenya anigye kɛse.—Aso. 20:35.
6 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, a ɛmfa ho sɛnea yɛn ahiade ahorow te, fura ɔdɔ ne ahobrɛase. Sɛ yehia mmoa pɔtee bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ fɛre nka dodo a yɛbɛte anaa ma a yɛbɛma ahantan asiw yɛn kwan sɛ yebegye mmoa a efi ɔdɔ mu a efi yɛn nuanom hɔ no ho. Sɛ yɛde mmoa rema a, ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma na yɛanhyɛ afoforo aniwu anaa yɛansɛe obu anaa nidi a wɔwɔ ma wɔn ho no. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ ade ma ɛtra so wɔ yɛn nuanom ayamye no ho anaa yedidi wɔn ho. Ɛsɛ sɛ yenya adwempa wɔ yɛn nneyɛe mu, nya odwo su, yɛ honhom mufo, nya anigye wɔ yɛn anidaso no mu. (Fil. 4:4-9) Afotu a ese ‘yemfi koma mu nnodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen’ no fa Kristofo NYINAA ho, efisɛ ɛyɛ biribi titiriw a yɛn NYINAA hia.—1 Pet. 1:22.