Monkɔ So Mmoa Mo Ho Mo Ho
1 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ, “Momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!” (Gal. 5:13) Asɛm yi kyerɛ honhom a ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛne afoforo abusuabɔ kwan wɔ Kristofo asafo no mu ne akyi. Afoforo ho ankasa a yesusuw ka yɛn ma yefi ase sɛ yɛbɛboa afoforofo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw a wɔne yɛn bɔ no. Wɔn a wɔrenya nkɔso nkakrankakra wɔ nokware no ho nimdeɛ a edi mũ mu no wɔ hɔ; wɔn nso hia mmoa. Ɔdɔ mu a yefi susuw afoforo ho no fa wɔn a wɔwɔ yɛn asafo mu a ebia wɔwɔ ahiade atitiriw no nso ho. Ɛmmra sɛ yɛn honhom bɛyɛ sɛ Paulo de no bere a ‘yɛyɛ yɛn ade nyinaa ɔdɔ mu’ no.—1 Kor. 16:14; Fil. 2:4.
BERE A EYE
2 Esiane nkɔso a ɛreba ntɛmntɛm mprempren no nti, wɔreto nsa afrɛ yɛn sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Gal. 6:10) Sɛ worenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa, ebia sɛ akwampaefo boafo anaa daa ɔkwampaefo a, so wubetumi ato nsa afrɛ afoforo ma wɔne wo ayɛ adwuma? Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi de mmoa ne nkuranhyɛ a eye ama afoforofo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw. Ayamye mu a wubefi ato nsa afrɛ wɔn mpɛn pii no betumi aboa wɔn ma wɔanya asɛnka adwuma mu kyɛfa bere nyinaa.
3 Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn Bible adesuafo nso ma wɔka yɛn ho wɔ asɛnka mu bere a wɔanya nkɔso pa na wɔafata no. Ɛho behia sɛ yɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔyɛ adwuma no. Yɛ a mobɛyɛ ahwɛ no bɛboa titiriw, bere a woresiesie wɔn ama adwuma no. Boa wɔn ma wonsiesie ɔkasa tiawa a wɔde nhoma a yɛde rema no anaa nsɛmma nhoma redi dwuma. Ebia mubetumi abom asusuw asɛm biako anaa abien bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu ho. Afei boa wo Bible suani no ma ɔmpaw nsɛm a ɛfata wom a obetumi de adi dwuma yiye wɔ afie afie asɛnka mu. Sɛ Nyan! na mode bɛma a, wubetumi de asɛm a ɛwɔ kratafa abien a ɛfa emu nsɛntitiriw ho no adi dwuma. Monyɛ nea obetumi ayɛ no ho ɔyɛkyerɛ. Mommom mmobɔ nea mobɛka no so. Akyinnye biara nni ho sɛ biribi pa befi boa a wobɛboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho ama asɛnka no mu aba.
4 So woahu sɛ adesua taa pa wo nuanom no binom ti so? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn? Ebia adamfofa kwan so a wonam bɛfrɛ wɔn wɔ telefon so anaa nsrahwɛ tiaa bi bɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛka nhyiam mu asɛm anaa osuahu a ɛyɛ anigye a woate akyerɛ wɔn. Ma onipa no nhu sɛ ɛhaw wo sɛ woanhu no. So wubetumi aboa onipa no ma waba nhyiam daa?
5 Ebia nsɛm tebea horow bɛsɔre a ɛhwehwɛ sɛ yɛbɛkɔ so aboa wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw bi esiane wɔn tebea nti no. Mmɔdenbɔ kɛse ho hia titiriw bere a woreboa obi a ne mfe akɔ anim anaasɛ bere a woreboa obi anaa abusua bi a wɔayare bere tenten no. Ebia obi a ne mfe akɔ anim anaa ɔyare no ne abusua no mufo afoforo behia nkuranhyɛ. Sra a wobɛsra wɔn daa no betumi ahyɛ wɔn honhom den na ama wɔatumi agyina. Frɛ a wɔfrɛ nnipa a wɔte sɛɛ wɔ telefon so no yɛ nea wɔn ani sɔ. Adamfofa kwan so serew ne nkuranhyɛsɛm kakraa bɛma yɛn nuanom no ahu sɛ yesusuw wɔn ho. (Mmeb. 25:11) Ebia ɛho behia sɛ wonoa aduan, wukodi gua, anaa woyɛ ofie nnwuma de boa saa abusua a ɛsɛ sɛ wogyina ɔhaw a ɛte sɛɛ ano bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn da biara nsɛm ho dwuma na wɔanya adansedi adwuma no mu kyɛfa bere nyinaa no.
6 Bɔ mmɔden sɛ wubehu afoforo ahiade ankasa na woaboa wɔn. (1 Yoh. 3:16-18) Mpɛn pii mo nhoma adesua sohwɛfo no nim wɔn a wɔwɔ kuw no mu no yiye, enti hwehwɛ akwankyerɛ ne afotu fi ne hɔ. Onuadɔ a pɛsɛmenkominya nnim betumi akanyan yɛn ma ‘yɛn mu biara asɔ ne yɔnko ani ama nea eye, na n’ase atim.’ (Rom. 15:1, 2) Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho ne ‘wɔn a wɔyɛ yɛn ankasa de’ wɔ tebea biara a yɛwom mu no, yenya akokoduru na ɛhyɛ yɛn gyidi den a yenim sɛ Yehowa dwen yɛn ho na obehyira yɛn bere a yɛkɔ so boa yɛn ho yɛn ho no.—1 Tim. 5:8; 1 Pet. 5:6, 7.