Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnipa A Woma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa A Wubenya So
1 Yesu asɛm a wonim no yiye a ɛne “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so” no boa yɛn ma yehu sɛ ɛnyɛ nnakoro nnakoro na yehia honhom mu aduan na mmom bere nyinaa. Enti, honhom mu aduan a yɛde ma nnipa a wɔwɔ asasesin no mu daa no ho hia ma wɔn honhom mu nkɔso ne onyin.—Mat. 4:4; 1 Kor. 3:6.
2 Ebinom ahu sɛ, sɛ́ wubenya nnipa a woma wɔn bi daa no boa ma wɔn a wɔte sɛ nguanten no anigye nya nkɔso, na ɛka wɔn ma wosua Onyankopɔn Asɛm no daa. Ada adi sɛ eyi tu mpɔn kɛse wɔ nsasesin a nnwuma pii wom a wuntumi nni adanse pii wom no mu. Faako a amanade nhyehyɛe no nyɛ papa na nnipa no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkra no, nhyehyɛe a wobɛyɛ ama wɔn bi daa tumi boa. Ntease pa pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wususuw wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa a wubenya no ho.
ƆKWAN A WOBƐFA SO ANYA WƆN A WOMA WƆN BI DAA
3 Nea edi kan no, fa yɛ wo su sɛ wobɛyɛ afie afie kyerɛwtohɔ pa. Kyerɛw nsɛmma nhoma a wode mae bere a woreyɛ adwuma wɔ afie mu no NYINAA to hɔ. Sɛ woreyɛ adwuma wɔ asasesin a nnwuma pii wom mu a, kyerɛw onipa no din, faako a ɔyɛ adwuma, ɔdan a ɔwom, ne ade to hɔ.
4 Nsɛm a ɛwɔ wo afie afie kyerɛwtohɔ no so no bɛboa wo ma woahu sɛnea wobɛsan akɔ wɔn nkyɛn nnidiso nnidiso. Eyi remma wonnantew nni akɔ-ne-aba pii sɛnea ɛho nhia na ɛrennye wo bere pii nso. Nea wode mae ho kyerɛwtohɔ a woyɛ no bɛboa wo nso ma woahu nea ɛsɛ sɛ wode kɔma wɔn ne dodow a wubehia bere biara a wobɛsan de bi akɔma wɔn.
5 Dɛn bio na ehia na woatumi de bi akɔma wɔn daa? Hwɛ wo afie afie kyerɛwtohɔ no so na hwɛ nsɛmma nhoma no mu asɛm a wode rekodi dwuma. Susuw nea ofiewura biara ani begye ho no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ne abofra na ɛkasae a, ebia wobɛpɛ sɛ wode “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” nsɛm ahorow no di dwuma.
6 Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wɔn a woma wɔn bi no nkyɛn adapɛn abien biara. Ɛnyɛ wɔn a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa na wɔbɛpɛ sɛ wode bi brɛ wɔn bere nyinaa. Nanso, ebinom ani begye sɛ wɔbɛsan ahu wo bio. Sɛ wunya nnipa kakraa bi bere a edi kan no a, mma w’aba mu mmu. Bere a bere kɔ so no, ɛho behia sɛ wuyi wɔn a wɔmpɛ sɛ wogye nsɛmma nhoma no daa no din fi mu na wode foforo a wɔkyerɛ ho anigye ka ho.—Ɔsɛnk. 11:6.
ƆKWAN A WOBƐFA SO DE NSƐMMA NHOMA NO AMA
7 Ɛbɛyɛ papa bere nyinaa sɛ wobɛma w’asɛm no ayɛ tiaa na woatwe ofiewura no adwene asi emu nsɛm biako pɛ so. Eyi ho hia titiriw wɔ asasesin a nnwuma pii wom mu. Wubetumi aka tiaa sɛ: “M’ani agye sɛ mahu wo bio. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no foforo aba na ɛyɛ m’anigye sɛ mede bi bɛbrɛ wo de agye ntoboa koro no ara. Ná misusuw sɛ w’ani begye sɛ wobɛkenkan saa asɛm yi. [Fa asɛm no kyerɛ no.] Sɛ wowɔ nsemmisa bi wɔ emu nsɛm no ho a, m’ani begye sɛ yebesusuw ho bere foforo a mɛba no.” Anigye a wobɛma anya nkɔso wɔ saa kwan yi so no betumi adan ofie Bible adesua.
8 Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ yɛwɔ nnwinade a ɛyɛ nwonwa te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no a yɛde boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo! Ɛmmra sɛ yɛbɛma nnipa koma pafo nsa aka Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no daa denam wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa a yebenya wɔ yɛn nsasesin mu no so.