So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo Adwuma March Ne April Mu?
1 Akyinnye biara nni ho sɛ mo mu pii de ahopere bɛma asemmisa yi ho mmuae sɛ “Yiw.” Moayɛ mo nhyehyɛe ahorow dedaw. Afoforo bebua sɛ: “Ebia . . . sɛ biribiara kɔ yiye a.” Afoforo nso bɛte nka sɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ March ne April yi mu rentumi nyɛ yiye na enti wobebua sɛ: “Mɛpɛ sɛ meyɛ, nanso merentumi.” Wubua dɛn?
2 Wɔ wɔn a wɔayɛ wɔn nhyehyɛe dedaw no fam no, yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nhyehyɛe ahorow yi nto Yehowa anim sɛnea ɛbɛyɛ a ebegyina pintinn. (Mmeb. 16:8) Sɛ w’adwenem yɛ wo naa wɔ ho ara saa bere yi a, yɛhyɛ nyansa sɛ susuw wo nsɛm tebea ho yiye ankasa na hwehwɛ nea ebetumi aboa wo ma wode wo ho ahyem. Di nhwɛso pa ahorow a ɛwɔ mo asafo no mu a ebetumi ahyɛ wo nkuran na akanyan wo no akyi. Esiane sɛ nnipa a wɔn dodow boro 2,600 yɛɛ akwampaefo boafo adwuma April a etwaam no mu nti, ɛda adi sɛ ebia wubehu afoforo a wɔn nsɛm tebea te sɛ wo de no a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma bio March ne April yi wɔ wo asafo no mu. Wo ne wɔn nkasa. Ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no nso. Wobetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛboa ama.—Mmeb. 13:20.
AFƆREBƆ AHOROW HO HIA
3 Sɛ ɛyɛ nea wote nka sɛ worentumi nyɛ akwampae adwuma no esiane wo nsɛm tebea ahorow nti mpo a, ebia wubehu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma no mu March ne April mu denam akwampaefo no a wo ne wɔn bɛyɛ adwuma mpɛn pii sɛnea wubetumi no so. Adawurubɔfo binom de botae sisi wɔn anim wɔ nnɔnhwerew a ɛkɔ anim a wɔbɛbɔ mmɔden anya wɔ asram abien yi mu no mu. Wɔn a wotumi yɛ saa no hu sɛ asɛm no a wɔde bɛto Yehowa anim wɔ mpaebɔ a emu yɛ den mu no hyɛ wɔn gyinaesi no mu den. (Fil. 4:6) Wohu nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma ahorow bi bɔ afɔre ne sɛ, bɔ a wɔbɛbɔ mmɔden ayere wɔn ho nso ho hia.—1 Kor. 9:23; Luka 13:24.
4 Ebinom a wɔayɛ bi no kyerɛ sɛ, sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe a, wosi gyinae sɛ wɔbɛsɔre ntɛm anɔpa biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde da mũ no nyinaa bɛyɛ adwuma. Afoforo tew bere a wɔde gye wɔn ahome, wɔde yɛ honam fam adwuma ne nea wɔde di wɔn ankasa nneɛma afoforo ho dwuma no so. Mmusua mũ aka abom sɛ wɔbɛtew mmere a wɔde di nneɛma ahorow a ɛho hia wɔ fie ho dwuma no mpo so. Ɛkyerɛ sɛ, ‘wɔatow adesoa biara adesoa agu’ na wɔde wɔn adwene nyinaa asi akwampae adwuma wɔ ɔsram biako anaa abien mu so.—Heb. 12:1.
5 Sɛ yɛde nhwɛso kakraa bi bɛma a, Accra Betel abusua no mufo dodow bi de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu March ne April a etwaam no mu de kaa wɔn Betel adwuma nhyehyɛe no ho. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛe? Wɔn nyinaa kaa mmɔden a wobɛbɔ, bere nhyehyɛe pa ne anwummere ne adapɛn awiei a wode bɛyɛ asɛnka adwuma ho asɛm. Onuawa biako a wadi mfirihyia 74 a koma yare haw no kae sɛ ɔbɛsɔ ahwɛ. Ɛdenam afoforo mmoa so no, otumi yɛe na onyaa mu anigye pii. Ɔpanyin bi a ɔyɛ adwuma anadwo yɛɛ bere a ɔde da no ho nhyehyɛe foforo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi anya bere de ayɛ ɔsom adwuma no. Obi a na wabɔ asu foforo tumi yɛɛ akwampaefo boafo adwuma denam ne kunu a onnye nni mmoa so. Yiw, eyinom nyinaa ne afoforo pii de nneɛma ahorow bɔɔ afɔre, nanso hwɛ sɛnea Yehowa nhyira a wonyae no ma wɔtee nka sɛ wɔanya akatua kɛse!—Mmeb. 10:22.
YƐ NHYEHYƐE MPREMPREN
6 Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe ankasa ma March ne April. Mpanyimfo betumi aboa denam asɛnka ho nhyehyɛe pa ahorow a wɔbɛyɛ, adi kan ahu nhoma a wobehia na wɔama wɔanya asasesin a ɛso sɛnea ɛsɛ no so. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wobɛma asafo no ate asɛnka ho nhyehyɛe titiriw a wɔayɛ. Sɛnea ɛte biara no, momma akwampae adwuma no nyɛ ade a ankorankoro ne asafo no bɔ ho mpae.—1 Tim. 2:8.
7 So yebenya dodow a wɔboro 1,300 a wɔyɛɛ akwampaefo boafo adwuma March a etwaam no ne 2,600 wɔ April a etwaam no mu no? Wɔn a wobetumi ayɛ akwampae adwuma March ne April yi mu no na wobetumi ama ho mmuae yiye. Mmebusɛm 10:21 ka sɛ: “ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii.” Ɛmmra sɛ wobɛka wɔn a wɔde wɔn ano bedi dwuma wɔ saa kwan yi so March ne April mu de ahyira Yehowa na wɔde akyerɛ wɔn a wɔte sɛ nguanten no kwan aba nkwa kwan so no ho.