Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/84 kr. 3
  • So Wode Nkratawa Redi Dwuma Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Nkratawa Redi Dwuma Yiye?
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Ho Nkratawa A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 10/84 kr. 3

So Wode Nkratawa Redi Dwuma Yiye?

1 Asafo ahorow pii wɔ Ahenni Asɛm, a ɛto so 30, 31 ne 32 no pii; na sɛ ɛnte saa a mubetumi akra bi afi Asafo ti hɔ. Yɛwɔ Ahenni Asɛm a ɛto so 30 no wɔ Twi, Ga ne Ewe kasa mu. Yɛwɔ nea ɛto so 31 no nso bi wɔ Engiresi ne Franse kasa mu ne nea ɛto so 32 no wɔ Engiresi, Ewe ne Twi kasa mu nso. Asafo ahorow binom da so ara wɔ nkratawa a yɛde ayɛ adwuma wɔ bere bi a atwam mu a ɛde nkrasɛm a ɛyɛ ne bere so de ma dodow bi. So mode saa nkratawa yi redi dwuma wɔ mo som adwuma mu?

2 Yebetumi ayɛ pii wɔ afie afie som adwuma no mu denam nkratawa a yebegyaw wɔ ofie a yɛanto obiara wom mu wɔ nyansa mu no so. Bio nso ebia yebetumi de kratawa ama obi a ɔkyerɛ anigye kakra nanso ɔmpɛ sɛ obegye nsɛmma nhoma anaa nhoma a yɛde ma no ma watua ho ntoboa no. Ebinom ahu sɛ mpɛn pii kratawa a wɔde ma kwa de fi nea wɔka kyerɛ no ase no yɛ nea etu mpɔn. Na so woasusuw bo a nkratawa som wɔ bɔnnɔ so adansedi mu no ho?

3 Esiane sɛ wotintim Ahenni Asɛm nkratawa no fi bere kɔ bere mu a emu biara ka asɛm a ɛyɛ ne bere so de nti, dɛn nti na wunsua saa nkratawa yi mu nsɛm yiye na womfa nni dwuma nwie w’Ahenni som adwuma no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena