Nea Yɛwɔ Nyinaa A Yɛde Bɛma Wɔ Yehowa Som Mu
1 Nneɛma a na ɛda adi titiriw wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no biako ne akwampaefo a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔn dodow kɔɔ anim ɔha biara mu 26 no. Nneɛma pii fii nkɔanim kɛse yi mu bae fii afoforo pii a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ afe no mu no hɔ bae. Sɛ nhwɛso no, wɔ April a etwaam no mu wɔ Ghana nkutoo no, yenyaa akwampaefo aboafo 2,688. Ná eyi yɛ adawurubɔfo dodow a wobuu akontaa saa ɔsram no mu ɔha biara mu 11. Yɛwɔ anidaso sɛ pii a wɔn dodow sen saa mpo bɛyɛ nhyehyɛe asom sɛ akwampaefo aboafo April yi.
2 Wɔn a wotumi yɛ akwampaefo boafo adwuma no nya anigye pii wɔ saa yɛ mu. (Neh. 8:10; Aso. 20:35) Wotumi nya kyɛfa kɛse wɔ Onyankopɔn nokware Asɛm a wɔtrɛw mu no mu, na hokwan kɛse a ɛsen eyi bɛn na obi betumi anya? Asafo ahorow a emufo dodow no ara tumi yɛ akwampaefo aboafo no nya nkuranhyɛ efisɛ saa nnipa yi ka wɔn osuahu ahorow a ɛyɛ anigye no kyerɛ afoforo na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛka wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu.
SO YEBETUMI AYƐ PII?
3 Nanso, yɛn mu pii ntumi nyɛ akwampaefo boafo adwuma bere nyinaa. Nanso, so yɛde nea yɛwɔ nyinaa ma wɔ Yehowa som mu bere nyinaa? So yebetumi ayɛ pii asen saa? So yebetumi de bere pii ayɛ afie afie adwuma sɛ asafo mu adawurubɔfo mpo? So yebetumi akyekyɛ nsɛmma nhoma pii? So yebetumi ayɛ sankɔhwɛ pii? So anyɛ yiye koraa no yebetumi ayɛ ofie Bible adesua biako dapɛn biara?
4 Ebia yɛn mu binom betumi ayɛ akwampaefo aboafo mpɛn pii. Anaa, so yɛn mu pii betumi ayɛ daa akwampaefo wɔ nea yɛwɔ nyinaa a yɛde ma wɔ Yehowa som mu no mu? Susuw anigye a saa asafo ketewaa a ɛwɔ Ashanti a wɔn Ahenni adawurubɔfo 35 no mu 20 yɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw no wɔ no ho!
5 Afei nso wɔn a ebia wobetumi akɔsom wɔ faako a mmoa ho hia kɛse no wɔ hɔ. Ebia mpanyimfo binom a wɔwɔ asafo akɛse mu ne wɔn mmusua betumi atu akɔ asafo nketewaa a ɛwɔ wɔn mansin mu a nguanhwɛfo a wɔn ho akokwaw ho hia kɛse no. So woasusuw eyi ho? Sɛ wubetumi aboa wɔ saa kwan yi so a, ka ho asɛm kyerɛ mo mansin sohwɛfo no. Anaasɛ, so yɛn mu binom betumi akɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu, ne titiriw wɔ Ghana ɔmantifi? Kae sɛ wubetumi ayɛ eyi bere biara wɔ afe no mu. Wo ne obi a ɔno nso betumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma nyɛ nhyehyɛe na monkyerɛw Asafo ti no na wɔnkyerɛ mo faako a ɛsɛ sɛ mokɔ.
6 Sɛ ɛyɛ nea yɛrentumi mfa bere saa nyɛ asɛnka adwuma no anaasɛ yɛrentumi ntu nkɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse no a, ebia ɔkwan foforo da so ara wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ nea yɛwɔ nyinaa a yɛde bɛma wɔ Yehowa som mu no mu. Ɛno ne sɛ yɛbɛma ɔkwan a yɛfa so yɛ ɔsom adwuma no anya nkɔso denam bere a yɛde yɛ ɔsom adwuma no a yɛde bedi dwuma yiye no so. So yɛkɔ asɛnka wɔ bere a yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pii, yɛbɛto nnipa pii wɔ fie no mu? Afei nso, sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, so yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdannan yɛn asɛm mu ma afata ofiewura no? Ɛsɛ sɛ yesusuw nea ebia ofiewura no wɔ ka ne sɛnea n’anim tebea te no ho. So onipa no yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔbarima anaa ɔbea? Ɛsɛ sɛ yɛka yɛn asɛm no ma ɛfata onipa no ne ne tebea ahorow.
7 Nnipa 7,416,974 na wɔbaa Nkaedi no ase afe a etwaam wɔ wiase nyinaa. Eyinom mu pii nso kɔɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow. Yesusuw nnipa ɔpepem pii a wonnya mfaa wɔn ho mmɔɔ Yehowa ahyehyɛde no ankasa bere nyinaa no ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe ankasa de boa Bible adesuafo ne anigyefo afoforo ma wɔba asafo nhyiam ahorow daa. Bio nso, yɛpɛ sɛ wonya nkɔso kodu baabi a wɔbɛfata sɛ wobenya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma a wɔyɛ ho nhyehyɛe mu. Nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔyɛ nnam a wodi Kristo anammɔn akyi. Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse boa saafo yi mu pii a yebetumi na wɔde wɔn ho bɛbɔ yɛn asafo ahorow no. Wubehu nnipa dodow a wɔbaa Nkaedi no ase wɔ mo asafo no mu afe yi wɔ April 4 akyi. Wɔn mu baahe na wɔyɛ Yehowa Adansefo ankasa? Wɔn a wɔaka no mu baahe na wɔreboa wɔn ankasa ma wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ? Sɛnea wubetumi ahu no, yɛwɔ adwuma kɛse a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa afoforofo ma wosi gyinae a emu yɛ den ma nokware som.
8 Bere a yɛkɔ so de nea yɛwɔ nyinaa ma wɔ Yehowa som mu no, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so agyina pintinn wɔ nokware no mu a nhyɛso ahorow biara a ebia Satan de bɛba yɛn so mfa ho. (1 Kor. 15:58) Yebenya anigye kɛse nso wɔ afe yi awiei bere a yɛn nsa aka Yehowa Adansefo Afe Nhoma foforo a ɛbɛba no na yɛakenkan adwuma a yenyaa mu kyɛfa no ho asɛm ne sɛnea anya nkɔso ara wɔ wiase nyinaa de ayi Yehowa ayɛ no.—Dw. 150:6.