Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/84 kr. 1-4
  • Yɛn Guanhwɛfo A Ɔwɔ Ɔdɔ No A Yebesuasua No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Guanhwɛfo A Ɔwɔ Ɔdɔ No A Yebesuasua No
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BOA WƆN MA WƆMMRA NHYIAM HOROW
  • SIESIE WƆN MA ASƐNKA
  • Tete Afoforofo Ma Wɔmfata Sɛ Adawurubɔfo
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • April—Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Adwumaden’
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Siesie Adesuafo Ma Wonnya Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 10/84 kr. 1-4

Yɛn Guanhwɛfo A Ɔwɔ Ɔdɔ No A Yebesuasua No

1 Sɛ́ yɛn Guanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ no, nea yebedi, yɛn akwankyerɛ ne ahobammɔ ho hia Yehowa. (Hes. 34:11-14) Ne dwumadi ho kyerɛwtohɔ wɔ nnɛ bere yi mu asi mmɔborohunu mu a ofi hwɛ adesamma a wɔahaw no so dua. Afe biara ne dɔ no twetwe nnipa mpem dudu pii ba wɔne no ntam abusuabɔ a emu yɛ den a ɛyɛ ahobammɔ, ne yɛn Kristofo nuayɛ no biakoyɛ a ɛsom bo no mu. Wɔ Ghana no, yɛyɛ Bible adesua horow a ɛboro 35,000. Mpempem pii a yɛne wɔn yɛ adesua horow yi baa Nkaedi no ase April 15. Sɛ anigyefo afoforo yi benyin honhom mu a, na ɛsɛ sɛ yɛde mmoa a efi ɔdɔ mu ma wɔn na yɛnam saa yɛ so suasua sɛnea Yehowa ankasa hwɛ yɛn brɛoo no.​—Yes. 40:11.

2 Nea ɛne di a Yehowa di ne nkurɔfo anim wɔ bere yi mu hyia no, ɛsɛ sɛ yɛma hia a ɛho hia (1) sɛ yɛboa afoforofo ma wɔba asafo nhyiam horow daa na (2) yesiesie wɔn, bere a wɔfata no, ma wonya asɛnka mu kyɛfa, no tra yɛn adwene mu. (Heb. 10:24, 26; Mat. 28:19, 20) Saa asɛyɛde a ɛyɛ anigye nanso egye ahobrɛase yi hwehwɛ sɛ yebefi ɔdɔ mu aka ‘Onyankopɔn tirim agyina nyinaa’ akyerɛ afoforofo no. (Aso. 20:27) Bere a wonya nimdeɛ kɛse na wofi ase ne asafo no bɔ no, wobehu sɛnea yɛn Guanhwɛfo a Ɔwɔ Ɔdɔ no hwɛ ne nguan brɛoo no.​—1 Tes. 2:7, 11, 12.

BOA WƆN MA WƆMMRA NHYIAM HOROW

3 Yehu Yehowa ani a egye yɛn ho no wɔ nsiesiei a wayɛ ma yɛadidi daa wɔ ne honhom mu pon so no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible adesuafo ne wɔn a wɔbaa Nkaedi ase no ma wɔanya anisɔ ama asafo nhyiam ahorow no? Nea edi kan no, to nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam ahorow no bere nyinaa. Nea ɛto so abien no, hyɛ wɔn nkuran na boa wɔn ma wonni kan nsiesie wɔn ho na wonnya kyɛfa wɔ asafo nhyiam ahorow mu. Bere a osuani no de n’ankasa nsɛm ka nea ogye di no, ɔda no adi sɛ ɔrenya nkɔso wɔ kyɛfa a obenya wɔ asɛnka adwuma no mu sɛ Kristoni suani no mu.

SIESIE WƆN MA ASƐNKA

4 Ɛdenam Yehowa ahyehyɛde no a wo ne no yɛ adwuma so no, wudi dwuma boa sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ afoforofo a wosiesie wɔn ma asɛnka no mu. Ɛdenam ɔkasa ne nhwɛso so no, hyɛ nea ɔfata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo no nkuran ma ɔnkyerɛw ne din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, efisɛ ɛde ntetee ma wɔ ɔsom adwuma no mu. Bere a woahu sɛ onipa no fata no, wubetumi ato nsa afrɛ no ma waka wo ho wɔ asɛnka mu. Nanso, ansa na wobɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ osuani no nkɔso mu yiye bere a woma nsemmisa a ɛwɔ Our Ministry nhoma no nkratafa 98 ne 99 kyerɛ wo kwan no. Eyi bɛboa wo ma woahu sɛ ebia wasiesie ne ho sɛ obetu anammɔn titiriw a ɛho hia yi. Sɛ saa a, ɛnde to nsa frɛ no na ɔnka wo ho wɔ asɛnka mu. Siesie asɛntiaa bi a obetumi aka bere a ɔka wo ho wɔ afie afie mu no.

5 Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔfata no nkuran ma wofi ase de wɔn ho hyɛ asɛnka mu ɔsram yi bere a yɛde Happiness nhoma no rema no. Ebia wubetumi aboa wɔn ma wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi dwuma. Nnianim tiawa akyi no, ebia ebinom bɛka sɛ: “Kɔ ara na wiase nsɛm tebea kɔ so sɛe, so ɛnte saa? [Ma ommua.] Sikasɛm mu ahokyere ne nuklea ɔko ho hu ama nnipa pii adwene mu ayɛ wɔn naa wɔ nea onipa daakye bɛyɛ no ho. Bible no ma yenya daakye ho nkuranhyɛ ne anidaso. Hwɛ sɛnea wɔkaa mprempren wiase nsɛm tebea horow no ho asɛm too hɔ wɔ nkɔmhyɛ bi a ɛyɛ nwonwa a ɛfa yɛn awo ntoatoaso yi ho mu. [Kenkan Mateo. 24:7.] Yɛahu nneɛma ahorow yi, so ɛnte saa? [Ma ommua.] Nanso, Yesu kyerɛ sɛ nneɛma pa wɔ hɔ ma wo ne w’abusua. [Kenkan nkyekyem 13.] Onyankopɔn Ahenni no na ebegye adesamma.” Wubetumi adan akɔ Happiness nhoma no mu nsɛm bi a woapaw so tiaa na wode akyerɛ.

6 Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ odwo ne boasetɔ mu. Te sɛ Paulo no, “ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko” na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn kyɛ, “na mmom yɛn ankasa kra nso,” bere a yesuasua yɛn Guanhwɛfo a Ɔwɔ ɔdɔ no.​—1 Tes. 2:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena