Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/85 kr. 3-4
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mmeae a Yehyiam Som
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 6/85 kr. 3-4

Asemmisa Afã

● Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi Ahenni Asa no ho ban a yɛbɛbɔ ho dwuma?

Esiane mmere a emu yɛ den yi nti, ɛho hia sɛ yɛde atɛmpa di dwuma wɔ Ahenni Asa no ho ban a yɛbɛbɔ mu. Sɛnea yɛyɛ nhyehyɛe a etumi ma yɛtra yɛn afi mu wɔ asomdwoe mu a yɛwɔ ahobammɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn Ahenni Asa ahorow no ho. Ɛyɛ mpanyimfo asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔabɔ Ahenni Asa biara ho ban yiye. Hia a eyi ho hia no yɛ nea ɛda adi wɔ nneɛma a yehu sɛ wɔsɛe no ne korɔnbɔ ho asɛm a wɔka wɔ mmeae horow no mu.

Nea ɛho hia titiriw wɔ ahobammɔ pa yi mu ne sɛ wɔbɛtotow Ahenni Asa no apon ne ne mfɛnsere nyinaa mu yiye bere biara a wɔbɛkɔ adesua wɔ hɔ no akyi: Ɛsɛ sɛ wɔma anuanom a wɔn ani da hɔ na wɔwɔ wɔn mu ahotoso hwɛ di eyi ho dwuma bere biara a wobɛkɔ adesua wɔ asa no so no. Ɛsɛ sɛ wɔde bere a wɔkɔ asa no so kɔyɛ nneɛma afoforo te sɛ ayeforohyia anaa ɛhɔ asiesie a ɛnka asafo nhyiam horow a wɔyɛ daa no ho no ho asɛm ka ho.

Sɛ Ahenni Asa bi wɔ baabi a wɔde kar ahorow sisi a, wɔhyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wonya akanea a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ wɔ hɔ wɔ mmere horow a ɛfata mu. Eyi bɛma nneɛma a wɔsɛe no, kar ahorow a wowia ne pira a anuanom betumi apira bere a wofi asa no so repue no so atew. Wɔ faako a ɛfata na ɛho hia no, ebia asafo ahorow no betumi ama anuanom a wogye ahɔho no akyinkyin asa no ho mmiako mmiako efi bere kɔ bere mu bere a nhyiam rekɔ so no, ahwɛ kar ahorow a esisi hɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenwia anaa wɔrensɛe nneɛma.

Nna yi yɛ nna bɔne na ebia mmere no mu bɛyɛ den araa ma wɔ mmeae binom no, asafo ahorow behu sɛ ɛho hia sɛ wɔtotow asa no apon mu bere a nhyiam rekɔ so no. Nokwarem no, eyi rekɔ so mprempren wɔ asase so mmeae horow bi! Wɔ nsɛm a emu yɛ den a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho a wɔwɔ wɔn mu ahotoso gyina asa no apon ano bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ wɔn a woba asa no so no. Sɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wodi kan ma asafo no hu eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ wɔbɛtow Ahenni Asa no apon no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hu nhyehyɛe ahorow a ɛfata a ɛne ɔman no mmara anaa mmara horow a ɛfa baguam nhyiam ho no hyia.

Yɛpɛ sɛ anuanom ne anigyefo afoforo te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ bere a wɔba nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no na yɛpɛ sɛ yɛbɔ ho ban na amma wɔammɛsɛe anaa wɔammewia nneɛma wom. Amansin so ahwɛfo kɔ so de amanneɛbɔ a ɛfa Ahenni Asa ahorow a enni apon ne mfɛnsere ho brɛ yɛn. Wɔ ebinom fam no, ɔdan no ho akã kɛse ma enti ɔdan no ankasa mu tra yɛ hu ma wɔn a wɔkɔ adesua wɔ mu no. Eyi ne Kyerɛwsɛm nhyia. (Fa toto Deuteronomium 22:8 ho.) Yegye di sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo biara mu no besusuw tebea horow a ɛwɔ kurom hɔ no ho na afei wɔayɛ ade ma ɛne no ahyia sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ nneɛma ho ban na aboa ma wɔabɔ wɔn a wɔba nhyiam horow no ase nso ho ban.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena