Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/85 kr. 4
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu No Mu Mfaso Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu No Mu Mfaso Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Kɔ So Nya Nkɔanim
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ so Bere Nyinaa
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 1/85 kr. 4

Nya Teokrase Ɔsom Sukuu No Mu Mfaso Kɛse

1 Ebedu saa bere yi de mo nyinaa nsa aka afe yi Teokrase Ɔsom Sukuu ho nhyehyɛe no. Ɛbɛyɛ nea eye sɛ wobɛkenkan nnianim asɛm no yiye na woayɛ aso atie no yiye bere a wɔredi ho dwuma wɔ Ɔsom Nhyiam mu no.

2 Wɔ nhyehyɛe yi mu no, wobedi Bible mu nhoma ahorow a ɛne 1 ne 2 Samuel, 1 ne 2 Ahene, ne 1 ne 2 Beresosɛm ho dwuma. Wɔbɛma nhoma yi mu biara mu ɔkyerɛkyerɛ kasa ansa na wɔafi ase akenkan. Ɔkasa ahorow a ɛfa nhoma horow yi ho no renyɛ nea egyina nea epue wɔ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no mu no nkutoo so. Wobetumi afa nsɛm afoforo a ɛfa nhoma ahorow yi ho afi Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛbɛba ntɛm sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma wɔn a wɔrema ɔkyerɛkyerɛ kasa no atumi de emu nsɛntitiriw ahyem no mu. Ɛsɛ sɛ nsɛm ahorow yi ma afotu kasa no yɛ anigye a ɛda nneɛma ahorow adi.

3 Sukuu so ahwɛfo bɛpɛ sɛ wɔde wɔn adwene si nsɛntitiriw a edidi so yi nso so: Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔama nsɛm a epue wɔ akyerɛw sɔhwɛ no mu no ada adi, sɛ wɔn a wɔwɔ dwumadi no mu kyɛfa no anyɛ saa a. Nea etia abien, ɛsɛ sɛ wɔde afotu a eye na ɛboa ma adesuafo no ansa na wɔada nsɛm a ɛyɛ anigye a wɔanka ho asɛm wɔ osuani kasa no mu no adi. Nea ɛto so abiɛsa, Sukuu so ahwɛfo no bɛma wɔn ani akũ bere ho, a wɔn ankasa mmu bere so, na wɔde afotu ama wɔn a wɔma ɔkyerɛkyerɛ kasa a wobu wɔn ani gu wɔn bere so no wɔ kokoam.

4 Sɛ wɔreyɛ nhyiam dwumadi ho nhyehyɛe a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔhwɛfo guamtrani no ne Sukuu sohwɛfo no bɛbom ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a, faako a ɛbɛyɛ yiye no, wɔremma ɔpanyin biako dwumadi wɔ nhyiam abien no nyinaa mu anwummere koro no ara. Afei nso, faako a ɛho hia no, wobetumi ama asafo mu asomfo a wɔfata adi ɔkyerɛkyerɛ kasa ne Bible akenkan afã mu nsɛntitiriw a wɔda no adi no ho dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena