Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/94 kr. 7
  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ so Bere Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ so Bere Nyinaa
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nya 1999 Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi no Mu Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Ɔfã 2—Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu No Mu Mfaso Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 12/94 kr. 7

Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ so Bere Nyinaa

1 Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi foforo no befi ase January 1995. Dɛn na ɛyɛ foforo wɔ dwumadi no mu? Asɛm a wobesusuw ho wɔ ɔkyerɛkyerɛ kasa no dodow no ara mu ne Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho abakɔsɛm a ɛyɛ anigye no. Wɔ afe no mu no, wobesusuw Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no nkratafa 178 ho. Esiane sɛ wommisa nsɛm biara wɔ ɔkyerɛkyerɛ kasa a egyina Proclaimers nhoma no so akyi nti, dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn ani aba yɛn nkyerɛkyerɛ so na ama mfaso a efi mu ba no adɔɔso?—1 Tim. 4:16.

2 Ɛwom sɛ nnipa pii akenkan Proclaimers nhoma no dedaw de, nanso emu nsɛm no a yebesusuw ho wɔ sukuu dwumadi no mu no bɛboa obiara ma n’ani asɔ ne teokrase agyapade no kɛse mpo.—Dw. 71:17, 18.

3 Ɔkyerɛkyerɛ Kasa Ahorow a Emu Yɛ Hyew na Ɛyɛ Anigye: Ɛsɛ sɛ wɔma kasa ahorow a egyina Proclaimers nhoma no so no ɔhyew ne anigye so. Ɛsɛ sɛ wosi asɛm no so mfaso ankasa so dua ma obu a yɛwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no ne hokwan ahorow a yenya sɛ Onyankopɔn asomfo no ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse. Sɛ abusua biara a wɔba Sukuu dwumadi no ase de Proclaimers nhoma no bi ba nhyiam no ase a, abusua mufo betumi adi ɔkyerɛkyerɛ kasa no akyi yiye na wɔanya nhoma no mu mfonini ahorow no so mfaso.

4 Bible Akenkan Ahorow a Ɛkanyan Adwene: Akenkan a wodi ho dwuma yiye na wosi adwene a ɛwom so dua yiye, na nkate wom yɛ ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn fã a ɛho hia. Ɛsɛ sɛ Ɔkasa a Ɛto so 2 no nnianim kanyan atiefo na n’awiei yɛ nea wɔasiesie no yiye.

5 Wobetumi ahu nsɛm afoforo a ɛfa sukuu dwumadi no ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ dwumadi ahorow no ho wɔ “Theocratic Ministry School Schedule for 1995” [1995 sukuu dwumadi krataa] no mu. Yɛ ahosiesie a edi mu ma Teokrase Ɔsom Sukuu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena