Ɔfã 2—Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso
1 Bere a wɔde Teokrase Ɔsom Sukuu no sii hɔ wɔ 1943 mu akyi bere tiaa bi no, Asafo ti no baa dwumadibea ahorow no mu biako bɔɔ amanneɛ sɛ: “Saa nhyehyɛe pa yi tumi de bere tiaa bi boaa anuanom pii a na wosusuw sɛ wɔrentumi nyɛ baguam akasafo da no ma wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka agua so na wɔsow aba kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.” Sukuu no kɔ so de ntetee a ɛkyɛn so a yɛn nyinaa hia ma.
2 Bible Akenkan: Ɛnyɛ wɔn a wɔde ɔkasa afã no ma wɔn no nkutoo na wonya sukuu no mu mfaso. Nokwarem no, yɛn nyinaa wɔ dwumadi bi—dapɛn biara Bible akenkan. School schedule no kyerɛ Bible no mu atiri a yɛbɛkenkan no dapɛn biara. Nkaesɛm pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a esi hia a ehia sɛ yɛkenkan Bible no daa so dua. (Yos. 1:8; Dw. 1:2; Aso. 17:11) Bible akenkan ho hia ma honhom fam akwahosan pa; esiesie adwene ne koma no. Sɛ anyɛ yiye koraa no, yɛde simma anum kenkan Bible da biara a, yebetumi adi nhyehyɛe no so. Ebedu afe no awiei no, na yɛakenkan Onyankopɔn Asɛm no atiri bɛboro 150. Sɛ yɛma Bible no bɛn yɛn a, ɛsɛ sɛ yetumi kenkan ɔfã bi da biara da.
3 Ɔkyerɛkyerɛ Kasa: Sɛnea ɛbɛyɛ na aka anuanom ma wɔde nokwaredi ne nsiyɛ asom no, ehia sɛ ɔkasafo a ɔma ɔkyerɛkyerɛ kasa no fa ɔkwampa so kyerɛkyerɛ, ma wɔte ase, na ama wɔakyerɛ Yehowa, n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no ho anisɔ. Mpanyimfo ne asafo asomfo betumi ayɛ eyi denam sie a wobesiesie wɔn ho yiye, wɔama ɔkasa no afa asɛmti no ho, wɔakasa wɔ ahotoso mu, na wɔama asɛm no ayɛ anigye so. (Heb. 4:12) Ɛho hia sɛ ɔkasafo no wie wɔ bere a wɔde ama no mu. Bible mu nsɛm ahyɛ “All Scripture” nhoma no mã na ɛde Kyerɛwnsɛm a ɛyɛ anigye pii a ebetumi aboa yɛn honhom fam ma. Ɛnnɛyi Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ho abakɔsɛm na ɛwɔ Proclaimers nhoma no mu, na ɛka nsɛm a esisii wɔ nnipa bi a wɔtraa ase ankasa na wɔdaa gyidi, nsiyɛ, ahofama, ne ɔdɔ adi, asetra mu ho nsɛm. Pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua wɔ yɛn teokrase apɛgyade ne sɛnea Yehowa ahyira ne nkurɔfo nnɛ mmere yi mu no ho.
4 Bible mu Nsɛntitiriw: Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde saa dwumadi yi ma wɔn no paw nkyekyem pɔtẽẽ bi a wobetumi de adi dwuma ɔkwampa so de aboa asafo no. Eyi hwehwɛ sɛ wɔkenkan atiri a wobedi ho dwuma no, susuw ho, na wɔyɛ nkyekyem ahorow bi a wɔapaw no mu nhwehwɛmu de nya nsɛntitiriw bi a ɛbɛma saa kyerɛw nsɛm no asekyerɛ mu ada hɔ. “Kyerɛwnsɛm a wɔahyehyɛ” (“Scripture Index”) a ebetumi aboa ma wɔanya Bible nkyekyem pɔtẽẽ bi ho nsɛm wɔ Watch Tower Publications Index akyi. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔredi saa ɔfã yi ho dwuma no de atɛmpa di dwuma na wɔkwati sɛ wɔde nsɛm a ɛho nhia bɛka ho. Ɛnsɛ sɛ wosiesie nsɛm pii sen nea wobetumi de simma asia adi ho dwuma ma ntease abam.
5 Yɛn nyinaa betumi anya Teokrase Ɔsom Sukuu no mu mfaso. Ebetumi aboa yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ yɛn kasa ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Nokwarem no, saa nsiesie yi a yebenya mu mfaso akosi ase no bɛboa yɛn ma yɛn ‘nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.’—1 Tim. 4:15.