“Monyɛ Eyi . . . ”
1 Yesu hyɛɛ Kristofo nyinaa sɛ wɔnhyɛ ne wu no ho fã mfa nkae afɔre kɛse a ɔbɔ maa adesamma nyinaa no. Afe yi, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkae Kristo wu no Dwoda, March 24, bere a owia akɔtɔ. Wɔbɛkyerɛ anisɔ a wɔwɔ wɔ ayamye mu a Onyankopɔn fi de ne Ba no kyɛe no ho bio. So woafi ase reyɛ nhyehyɛe dedaw sɛ wobɛba?—Luka 22:19.
WO HO A WUBESIESIE
2 Wo ho a wubedi kan asiesie ho hia. Dɛn na ɛka ɛno ho? Ɛsɛ sɛ ankorankoro ne mmusua yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba ntɛm. Sɛ w’abusua mufo no bi nnye nni a, ebia wubetumi akanyan wɔn anigye wɔ bere titriw yi ho. So woayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛto nsa afrɛ anigyefo afoforo? Sɛ wopɛ sɛ woboa afoforo ma wɔba a, so woayɛ nhyehyɛe sɛ wubefi fie ntɛm na ama woadu hɔ ansa na nhyiam no afi ase? Ebia ɛho behia sɛ wokae afoforofo hia a ɛho hia sɛ wodu hɔ ntɛm no.
3 Yɛn 1986 kalenda no kyerɛ Bible afã horow a yɛbɛkenkan fi March 19 de asiesie yɛn ho ama Nkaedi no. So woayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkenkan eyi? Ebia mubetumi ayɛ eyi sɛ abusua. Wubetumi akyerɛ Bible adesuafo afã horow a wɔbɛkenkan no na woahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkenkan Kyerɛwnsɛm no da biara mfa nhwɛ Nkaedi no kwan.
4 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ di nneɛma ahorow a ɛbɛma Nkaedi no akɔ so pɛpɛɛpɛ ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wonya wɔn a wobegye ahɔho, ɛsɛ sɛ wosusuw nkongua afoforo a wɔbɛhyehyɛ aka ho, wɔn a wɔde nkae ade no bɛfa nnipa no anim, nkae ade no ankasa, ne nneɛma afoforo a ɛho behia ho. Esiane sɛ wɔbɛhwɛ nnipa a wɔdɔɔso kwan nti, ɛsɛ sɛ wɔyɛ faako a wɔbɛfa aba mu ne faako a wɔbɛfa apue ho nhyehyɛe yiye, titiriw wɔ faako a asafo a ɛboro biako na ɛbɛba Ahenni Asa no so no. Afei nso, monhwɛ sɛ mubenya mframa sɛnea ɛsɛ wɔ hɔ.
NNEƐMA AFOFORO A ƐSƐ SƐ WOYƐ
5 Yesu de ahyɛde afoforo mae a ɛfa nnwuma a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ ho. Eyi mu titiriw biako ne sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no. (Marko 13:10) Ɛsɛ sɛ wɔde ntɛmpɛ yɛ nkwagye adwuma yi. Yɛn bere yi yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma kɛse, na egye gyidi ne nnamyɛ kɛse. Kae, ɛrenkyɛ da koro bɛyɛ yɛn da a etwa to wɔ nhyehyɛe dedaw yi mu. Nkwa ayɛ tiaa nnɛ, etwam ntɛm so. Obiara rentumi nkyerɛ sɛ ɔbɛtra ase ɔkyena. Bere tiaa bi na yɛwɔ a yɛde bɛkyerɛ yɛn nokwaredi ne mudi mu a yekura ma Onyankopɔn. (Hwɛ Dwom 39:5; Luka 12:18-21; 9:59-62) Enti ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yebebisa yɛn ho sɛ: So m’ani sɔ nea meyɛe nnɛ no? So mayɛ nhyehyɛe a eye ankasa ama Nkaedi bere yi a mede bɛkyerɛ Yehowa ne Yesu Kristo sɛ m’ani sɔ nea wɔayɛ de abue ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu ama me no? So metumi ama kyɛfa a minya wɔ asɛnka adwuma mu no ayɛ kɛse wɔ Nkaedi bere yi mu? So mede mpaebɔ asusuw akwampaefo boafo adwuma wɔ April mu no ho sɛnea ɛbɛyɛ a mɛyɛ nea Yesu ahyɛ me no nyinaa?
6 Yɛbɛtoa Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra afe biako no so wɔ March mu. Wobɔɔ mmɔden dɛn wɔ ɔsatu yi mu ɔsram a etwaam no? Ebia nnipa pii hyɛɛ wo bɔ sɛ wɔbɛkra bi. San kɔhwɛ wɔn nyinaa. Pii bɛkra ampa sɛnea wɔkae no. Na wubenya hokwan de ato nsa afrɛ wɔn nyinaa aba Nkaedi no ase March 24. Hwɛ sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wɔbaa baguam ɔkasa titiriw no ase March 9 no nso ma wɔasan aba Nkaedi no ase March 24.
7 Ɛsɛ sɛ hu a yehu sɛ yɛadu mprempren nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no fã a etwa to mu no ka yɛn ma yɛyɛ adwuma kɛse. (2 Tim. 3:1) Momma yɛnkyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa denam nea yebetumi nyinaa a yɛbɛyɛ wɔ ne som mu wɔ Nkaedi bere yi mu no so. Eyi renyɛ nea yɛn soro Agya no nhu.—Heb. 6:10.