Nsɛmma Nhoma A Ɛda Nsow A Yɛde Bɛbɔ Nkwagye Ho Dawuru
1 Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—nsɛmma nhoma a ɛda nsow na tumi wom bɛn ara na Yehowa de ama yɛn sɛɛ yi! October de a ɛyɛ soronko no ho hia titiriw esiane emu nsɛm atitiriw a aba wɔ ne bere mu a ɛka wiase asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm no nti. Ade foforo nso nti a yɛn ani gye ho ne sɛ yɛde nsɛmma nhoma yi bedi dwuma kɛse wɔ asɛnka mu wɔ November nsɛmma nhomakra ɔsatu no mu.
2 Anim hɔ nsɛm a ɛyɛ anigye, ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde nnuru ahorow na ayɛ October Awake! mu mfonini ahorow no bɛma nkurɔfo ani agye ho ntɛm ara na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛde ma wɔ anigye so. Watchtower abien no anim hɔ asɛm ne “Asomdwoe ne Ahotɔ—So Ɛbɛyɛ Nea Efi Ha?” ne “Asomdwoe ne Ahotɔ—Denam Onyankopɔn Ahenni So.” October 8 Awake! no anim hɔ asɛm ne “Asomdwoe—So Onipa Betumi Ama Aba?” na October 22 de no nso ne, “Amanaman Nkabom—So Ɛne Onyankopɔn Kwan a Ɛde Kɔ Asomdwoe Mu?” Nsɛm afoforo a ɛyɛ ne bere mu de nso wɔ nsɛmma nhoma no nyinaa mu.
HU A YEBEHU BO A ƐSOM NO
3 Wotumi hu bo a nsɛmma nhoma bi som denam nea ɛyɛ ma n’akenkanfo no so. Wotintim wiase nsɛmma nhoma ahorow bɛboro 140 wɔ Engiresi kasa mu a nea wotintim biara dodow a wɔkyekyɛ fi 300,000 kosi bɛyɛ ɔpepem 17. Nea ɛka eyi ho ne nsɛmma nhoma ahorow a ɔbrasɛe ne nneɛma fi ho nsɛm ayɛ no ma no. Ebinom ka ntade ne ahosiesie a aba so ho asɛm. Afoforo kamfo agumadi anaa TV ne sini mu nnipa ahorow. Ebi kura nsɛm a enni mũ anaa nea asɛm wɔ ho. Pii yɛ nea ɛko tia wo honhom mu yiyedi ankasa.—Ɔsɛnk. 12:12; 1 Tim. 6:20, 21.
4 Nanso Yehowa de nsɛm a ɛsom bo asie wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu, honhom mu nokware ahorow a wɔde ama a ɛbɛboa wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu ‘asraafo.’ (2 Tim. 2:4) Yɛn ɔko soronko a yɛde tia “ahohommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” no gye akode a ɛda nsow.—Efe. 6:12.
5 Wiase nsɛmma nhoma no mu biara nni hɔ a wobetumi de atoto Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ho. Bere a yɛrekasa akyerɛ obi a obetumi akra bi no, yebetumi akyerɛ nea ɛma ɛda nsow no denam “Ɔwɛn-Aban no Atirimpɔw” anaa “Nea Enti a Wotintim Nyan!” a ɛwɔ emu biara kratafa 2 no a yɛbɛdan adwene akɔ so no so. Eyinom nkutoo ne nsɛmma nhoma a ɛbɔ nkwagye ho dawuru wɔ asase so. Yɛn a yɛanya hokwan sɛ yɛde emu nsɛm a egyina Bible so no bɛkɔ akɔma nkurɔfo no nso wɔ gyinabea bi—yɛyɛ nnipa a wɔda nsow. Hyɛ nea wɔaka wɔ wɔn a wɔbɔ nkwagye ho dawuru ho wɔ Yesaia 52:7 no nsow.
NYA NKWAGYE HO DAWURUBƆ MU KYƐFA
6 Nkwagye asɛm a wotintim wɔ Ɔwɛn-Aban, mu no bo a ɛsom ma nnipa koma pafo no nni ano. Eyi daa adi wɔ ɔkwan a ɛda nsow so mfe kakraa bi a atwam ni denam osuahu bi a efi akuraa bi ase wɔ Afrika atɔe fam ha no so. Yɛn nuanom mu biako gyaw nsɛmma nhoma bi wɔ ofi bi mu, na bere a onipa a ɔhwɛ hɔ no behui no ɔbɔɔ akuraa no asefo amanneɛ sɛ ‘Onyankopɔn bɔfo de nkrasɛm abrɛ akuraa no asefo.’ Ofii ase tɔn nsɛmma nhoma no nkratafa no mmiako mmiako. Ɔpanyin bi tɔɔ kratafa biako, na nea ɔkenkanee no kanyan n’anigye wɔ Bible mu asɛm no ho. Ankyɛ na ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa ade.
7 Wiase asomdwoe ne ahotɔ yɛ asɛm a ɛwɔ nnipa ɔpepem pii adwene mu nnɛ. Nsɛm a ɛkanyan adwene a wɔatintim wɔ October Watchtower ne Awake! no biara mu no bɛboa yɛn ma yɛafi adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ase de adi adanse. Bere a yɛma wɔkra nsɛmma nhoma a ɛda nsow yi wɔ November mu no, nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no benya hokwan foforo ate nkwagye ho asɛm no na ebia wɔahu wiase asomdwoe ne ahotɔ nokware Fibea koro pɛ no.