Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ
1 Efi 1939 reba no asɛm a ɛne “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ” no apue wɔ Ɔwɛn-Aban biara a wotintim no anim, na hwɛ fata ara a eyi fata! Nnipa a wɔwɔ baabiara hia sɛ wohu Onyankopɔn Ahenni no. Dɛn ntia? Efisɛ Ahenni no ne nsɛnnennen ahorow a ɛhaw adesamma no ano aduru, ne sɛ, nnipa nkwa ankasa ho aba asɛm. Ɛnam Bible no a wɔakenkan a nsɛmma nhoma yi ka ho so na ama nnipa mpempem pii a wofi wiase nyinaa aba abehu Yehowa, na wɔanya ɔdɔ ama no, na wofi anigye mu de wɔn ho rebɔ Ahenni no akyigyinafo anokwafo a wɔn dodow redɔɔso no ho.
2 Ɛnde, ɛyɛ nea ɛfata sɛ yefi afe afe Ɔwɛn-Aban, nsɛmma nhomakra ɔsatu a ɛto so 48 no ase wɔ ɔsram a ɛne February mu. Bere a ɛsɛ sɛ yesi Ɔwɛn-Aban no kra so dua no, nneɛma pa betumi afi Nyan! a yɛbɛma wɔakra no nso mu aba.
ƆWƐN-ABAN NO A YƐDE BƐBOA AFOFORO
3 Yɛbɛpɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya wɔ nsɛmma nhomakra mu no di dwuma. Akwan kakra a yebetumi afa so ayɛ eyi ne afie afie mu; wɔ sankɔhwɛ mu; wɔ borɔn so ne adwuma mu adansedi mu; adanse a yebedi afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo anaasɛ mfɛfo sukuufo ne bi a yɛbɛkra de akyɛ abusuafo. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi asusuw akwan afoforo a wobɛfa so ama wɔakra nsɛmma nhoma ho. Wɔde nyansahyɛ ahorow a eye mae wɔ June 1983 Yɛn Ahenni Som no mu.
4 Ɛsɛ sɛ nsɛm ahorow a edi kan wɔ January Watchtower mu no kanyan yɛn ma yɛde nsɛmma nhoma no ma wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Sɛ nhwɛso no, January 1, Watchtower no anim asɛm ne “Adiyisɛm no mu Apɔnkɔsotefo No—Nea Ahintasɛm No Kyerɛ Ada Adi,” na January 15 de no ne “Adiyisɛm no mu Apɔnkɔsotefo No—Sɛnea Apɔnkɔ So a Wɔtra No Ka Wo.” February 1 ne 15 de no bɛtoa asɛmti yi so a anim asɛm ne “Adiyisɛm no mu Mmoa No—Wogyina Hɔ Ma Dɛn?” ne “Adiyisɛm No—Bere Bɛn?” Hwɛ mmoa kɛse ara a nsɛmma nhoma yi bɛyɛ wɔ nkurɔfo a yɛbɛboa wɔn ma wɔasua Yehowa Ahenni no ho ade no mu!
5 Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ama wɔanya biribi a mfaso wɔ so no, wo ho a wubedi kan asiesie ho hia. Hu nsɛm a wode bedi dwuma no yiye. Si nsɛntitiriw so dua.
6 Siesie wo ho nso sɛ wobɛka nea enti a wotintim Ɔwɛn-Aban no ne emu asɛm ho asɛm. Ebia wɔbɛkyerɛ anigye wɔ nsɛm te sɛ kasa horow a wotintim Ɔwɛn-Aban no wom, ebiara a wotintim no dodow, nsase a wɔkyekyɛ wɔ so no dodow ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa a wɔwɔ asɔre ahorow nyinaa mu kenkan no ho.
NSƐNTITIRIW A ƐSƐ SƐ WOKAE
7 Yɛn adwuma no atirimpɔw ankasa ne sɛ yebedi nkurɔfo adanse na yɛakanyan anigye wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Ɔwɛn-Aban no yɛ ade a ɛsom bo a yɛde boa nkurɔfo ma wɔkyerɛ obu ma Bible no na wonya mu ntease. Da gyidi ne anigye adi bere a wonam Ɔwɛn-Aban kra no so ka Yehowa Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkonimdi mu wɔ February mu no.