Nya Yehowa Ahenni Ho Dawurubɔ Mu Kyɛfa
1 Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn de dwumadi ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ n’ahenni no ho baguam adawurubɔfo! Sɛ́ saa nniso kɛse yi ho adawurubɔfo no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ wɔ baabiara. (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu nea Ahenni no yɛ, nea ne ba kyerɛ, ne sɛ, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ obiara si gyinae.—Fa toto Marko 1:14, 15 ho.
2 Adwinnade fɛfɛ a ɛwɔ hɔ na aboa yɛn wɔ yɛn adwuma no yɛ mu ne Ɔwɛn-Aban no. Efi March 1, 1939 no, saa nsɛmma nhoma yi din no nyinaa ayɛ Ɔwɛn-Aban, Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Edin no ka n’atirimpɔw titiriw ho asɛm na ɛma ɛyɛ soronko fi nsɛmma nhoma afoforo nyinaa ho. Hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yebesi nokwasɛm yi so dua wɔ yɛn afie afie asɛnka adwuma no mu.
3 So woatumi ama nsɛmma nhoma a wode ma no akɔ anim wɔ bere a atwam no mu? Dɛn na ɛboaa wo ma woyɛɛ saa? Bebree akyerɛ sɛ nea ɛboaa wɔn ne adwempa a wonyae a wɔamma fɛre ansiw wɔn kwan sɛ wɔde nsɛmma nhoma no bɛma bere biara—wɔ fie, bere a wɔrekɔsra wɔn nnamfonom, wɔ sukuu mu, adwuma mu, aguadi afiase horow mu, adwumayɛbea ahorow, mmɔnten so, afie afie, baabiara! Ɛwom sɛ ɔsram yi Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm na yɛde bedi dwuma titiriw de, nanso yɛpɛ sɛ yɛkae nsɛmma nhoma no na yɛde ma bere biara, titiriw bere a wɔannye Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no. Na, yɛpɛ sɛ enya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa yiye nso Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan biara wɔ ɔsram no mu.
4 Akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ nsɛmma nhoma no ka nsɛm a ɛyɛ anigye yiye wɔ nnansa yi de a ɛba no mu. Nsɛm te sɛ ‘Mpaebɔ nhwɛso No,’ “W’ahenni Mmra” ne ‘Wiase Tebea Horow’ yɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Engiresi April ne May de no mu afe yi. Saa nsɛm yi nyinaa ka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na esi so dua sɛ ɛno so na wɔnam beyi adesamma haw ahorow afi hɔ. Nsɛm afoforo nso a ɛyɛ anigye na ɛho wɔ mfaso a aba Engiresi Nyan! mu nnansa yi binom ne ‘Nnɛyi Mmofra Amanehunu,’ ‘Nsɛm a Emu Yɛ Den a Afeha a Ɛto so Aduonu Yi mu Ɔbea Hyia ne ne Hokwan Ahorow,’ ‘Agumadi mu Basabasayɛ’ ne ‘Adwuma Hwehwɛ.’ Amanneɛbɔ a nsa ka fi nsasesin ahorow mu no da no ‘adi sɛ nnipa pii rekan nsɛmma nhoma no. Nanso ɛsɛ sɛ yɛde fi adi, na yɛatumi de ama wɔn.
‘KƆ SO HWEHWƐ N’AHENNI
5 Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ ‘wɔnkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn ahenni.’ (Luka 12:31) Enti osii hia a ehia sɛ yɛda Onyankopɔn ahenni no ho anigye ne ɛho hia a ehia yɛn no adi daa no so dua. Afei nso ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkuran sɛ, “Momma yenso anidaso asɛm a egyina so ka no mu pintinn.” (Heb. 10:23) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ɔkwan biako a ɛho hia ne sɛ yebenya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa, a yɛmma dapɛn bi ntwam a yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛka yɛn Ahenni anidaso no ho asɛm. So woayɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ wubenya Yehowa ahenni ho dawurubɔ no mu kyɛfa dapɛn yi?
6 Kae sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔbɛkaa yɛn ho wɔ Nkaedi no ase no hia nkuranhyɛ na wɔakɔ so anya Onyankopɔn ahenni no ho anigye. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn anigye so ma wɔabɛka yɛn ho wɔ God’s Kingdom of a Thousand Years Has Approached nhoma no a yɛresua no mu. Ebia yɛn nhoma adesua a ɛte sɛ abusua adeyɛ bi no bɛka wɔn adwene ma wɔabenya ɔdɔ nsiesiei a Yehowa ayɛ ma ɔde akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo no ho anisɔ. Ebia ebekanyan wɔn ma wɔne yɛn aba daa.
BU W’AHENNI SODI NO
7 Ahenni nniso no nyɛ nsusuwii bi a nnipa de aba ara kwa. Ɛyɛ ahenni paara a ɛwɔ n’ahemmɔfo, ne n’asase so nkoa bɛboro ɔpepem abien a wɔwɔ hɔ sɛ Ahenni no ananmusifo.—Mmeb. 25:13; 2 Kor. 5:18-20.
8 Ɛsɛ sɛ kae a yɛkae sɛ yɛrekasa ama Onyankopɔn ne Kristo no ma yehu hia a ehia sɛ yebegyina wɔn ananmu ɔkwan pa so. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛpɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛaka Ahenni asɛm no ma emu ada hɔ na ayɛ nea ntease wom. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ aban adwumayɛfo pii a wɔpɛ akatua ara kwa nti na wɔyɛ adwuma no, na mmom ɛsɛ sɛ adwuma a yɛyɛ no fi gyidi ankasa a yɛwɔ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam no nti. Ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo nso ma wonya nkwagye. Enti bere a yenya Yehowa Ahenni no ho dawurubɔ mu kyɛfa no, ɛnyɛ asɛm bi ara kwa na yɛka kyerɛ. Yɛbɛpɛ sɛ yɛne wɔn susuw nneɛma ho ma ɛka yɛn atiefo koma na ebia wɔn so abegye adi na wɔada gyidi a ɛte saa adi.—Aso. 28:23.
9 Ansa na Ahenni no de “ahenni horow nyinaa” bɛba awiei no, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmɔ Yehowa ahenni no ho dawuru na yɛmma nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nhu hokwan a wɔwɔ mprempren sɛ wɔbɛba n’ahobammɔ ase no.—Dan. 2:44, 45.