Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/88 kr. 2-4
  • So Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo Boafo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo Boafo?
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 2/88 kr. 2-4

So Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo Boafo?

1 Asemmisa no bɛyɛ nea ɛfata yiye bere a yɛrebɛn Nkaedi bere mu dwumadi ahorow wɔ April mu no. Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma, kratafa 113, ka sɛ: “Sɛnea wo nsɛm tebea te biara no, sɛ woagye asubɔ na wowɔ abrabɔ gyinabea pa a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no ayɛ asɛnka adwuma ɔsram no, na nokwarem, wubetumi asom ɔsram biako anaa asram pii sɛ ɔkwampaefo boafo, na asafo mu mpanyimfo no ani begye sɛ wobesusuw wo akwammisa ma ɔsom hokwan yi ho.” Enti adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu pii betumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ afe no mu bere bi mu. So wubetumi de hokwan yi adi dwuma wɔ March, April anaa May mu?

2 Nka ntɛm ara sɛ wurentumi nsom saa. Mpanyin ne mmofra​—wɔn a wɔte apɔw ne wɔn a wonni ahoɔden nyinaa​—de anigye anya akwampaefo aboafo adwuma no mu kyɛfa ɔsram biako anaa nea ɛboro saa. Egye afɔrebɔ ne yere a wɔyere wɔn ho, nanso nhyira horow a wobenya no ma ɛfata.​—Luka 13:24; 1 Kor. 9:16.

3 Ɛboa sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe a ɛne wo nsɛm tebea hyia, nea sɛ wɔkyekyɛ mu a ɛbɛma woanya nnɔnhwerew abien da biara. Hwɛ sɛ wode asɛm no bɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛto nsa afrɛ afoforo ma wɔne wo ayɛ adwuma. Eyinom nyinaa bɛboa wo ma woadu nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no ho.

4 Wubetumi abisa ɛho akwammisa krataa afi w’asafo mu ɔhwɛfo guamtrani no hɔ. Ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ eyi ansa na bere a wopɛ sɛ wosom no adu. Sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no pene w’abisade no so a, wɔbɛbɔ ho amanneɛ akyerɛ asafo no. Eyi bɛma afoforo ani aba wɔn ho so wɔ hokwan a wobenya ne wo ayɛ adwuma sɛnea wɔn nsɛm tebea bɛma kwan no ho, na wo nhwɛso no betumi ahyɛ wɔn nkuran. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bɛka pii a wonya akwampaefo aboafo adwuma mu kyɛfa daa no ho, titiriw wɔ March, April ne May mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena