So Wopɛ Sɛ Woyɛ Bible Adesua?
1 Yesu hyɛɛ Kristofo sɛ wɔnyɛ pii nsen asɛm a wɔbɛka ara kwa. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ asuafo. 1987 Afe Nhoma, no kyerɛ sɛ sɛ wɔkyekyem a wɔyɛɛ ofie Bible adesua 2,726,252 ɔsram biara wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Wunyaa kyɛfa wɔ saa adwuma a ɛyɛ anigye yi mu?
2 Daakye Dwoodwoo Asetra,—Ɔkwan a Wobɛfa So Anya, So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho?, Pii Wɔ Asetra Mu! ne “Ahenni ho Asɛmpa Yi” nhomawa ahorow no yɛ mmoa fɛfɛ a wɔde fi Bible adesua foforo ase. Wɔakyerɛw nhomawa ahorow yi wɔ nsɛm kakraa bi mu na ekura nsɛm a ɛho wɔ mfaso a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte ase. Wɔ mmere a yɛte mu a adagyew nni mu yi mu no, nnipa pii ani gye ho sɛ yɛbɛka asɛm no tẽẽ. Esiane sɛ nhomawa no susua nti, ɛmma ofiewura no nte nka sɛ ɔreyɛ adwuma bi a ɛyɛ den anaasɛ egye bere pii bere a ɔresusuw asɛmti a akanyan n’anigye no ho no.
3 Wɔahyɛ da asiesie Daakye Dwoodwoo Asetra,—Ɔkwan a Wobɛfa So Anya ama wɔn a wogye Bible no di nanso asetra a emu kɔ so yɛ basaa no ama wɔahaw no. Ɛkyerɛ sɛnea wɔn a wosua Bible nkyerɛkyerɛ na wɔde di dwuma no betumi anya dwoodwoo asetra mprempren ne daakye.
4 Pii Wɔ Asetra Mu! de nkuranhyɛ ma wɔn a nneɛma bi ama wɔate nka sɛ nea ɛwɔ hɔ ara ne nea yɛyɛ wɔ da biara da asetra mu no. Afoforo pɛ sɛ wohu faako a onipa fi bae, nea asetra kyerɛ, ne nea ɛbɛba daakye. Saa nhomawa yi yɛ ne bere mu de ma wɔn nso. Ɛnyɛ nnipa a wɔadi mfe pɔtee bi nkutoo na wɔn ani gye saa asɛm yi ho. Asɛm a ɛwɔ mu no bua nsemmisa ahorow a ɛhaw nnipa pii adwene nnɛ, na ɛde mmuae a ɛma akomatɔyam ma.
5 So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho? nhomawa no bua nsemmisa te sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn a ɔnyɛ basabasa bɛma kwan ama nnipa ayɛ basabasa saa? So yebetumi ahu nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan? So Onyankopɔn dwen nea ɛto yɛn no ho ankasa?
6 “Ahenni ho Asɛmpa Yi” te sɛ Nokware nhoma no a ekura nkratafa 32. Ɛka Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ te sɛ nea ɛfa nokware Nyankopɔn no, Baasakoro, ɔkra, bɔne, owu ne Ɔbonsam; agyede, nneɛma nhyehyɛe yi awiei ne paradise asase a ebedi akyiri aba, ne ahosohyira ne asubɔ ho no ho asɛm. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wode befi ofie Bible adesua ne ne yɛ ase.
7 Adawurubɔfo nkumaa a wɔnyɛɛ Bible adesua da, adawurubɔfo afoforo a wɔte nka sɛ wɔrentumi nyɛ efisɛ wɔn ho nkokwawee, ne wɔn a wɔn ho akokwaw nanso mprempren wonni obi a wɔne no sua ade no mpo behu sɛ nhomawa ahorow yi mu biako a wɔde fi Bible adesua ase yɛ mmerɛw sen sɛ wɔde nhoma bi bɛyɛ saa.
8 Bobɔ nnianim nsɛm ntiantiaa a ɛtwe adwene si nhomawa yi mu biako so no so. Bɔ mmɔden sɛ wubefi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Fa mfonini ahorow di dwuma fa kyerɛkyerɛ ofiewura no na kanyan no ma onnwen ho. Kɔ so bɔ mmɔden na fi Bible adesua ase July yi mu.
9 Kae sɛ nsɛm a yɛbɛka no tiaa no betumi aboa yɛn ma yɛafi Bible adesua ase. Bɔ mmɔden sɛ ofiewura no beso nhomawa no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi nsɛmpɔw a morebɔ ho nkɔmmɔ no akyi yiye. Sɛ mususuw asɛm bi ho wie a, bisa asɛm a ɛwɔ kratafa no ase no na bɔ mmɔden sɛ wobɛma waka nea osusuw wɔ asɛm no ho.
10 Sɛ wopɛ sɛ wufi Bible adesua ase ampa a, bɔ mmɔden wɔ nokwaredi mu na srɛ Yehowa hɔ mmoa. Bere a wunya afie afie som adwuma no mu kyɛfa daa no, hwehwɛ hokwan ahorow a wode befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. San kɔsra onigyefo no ntɛm ara. Nya nhumu, anigye ne adwempa. Bɔhyɛ a efi honhom mu no yɛ nokware bere a ese: “Onyankopɔn nnom yɛn nhyira yɛn na wonhu wo kwan asase so” no.—Dw. 67:1, 2.