Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Hokwan Biara Mu So
1 Afifide bi betumi asow aba ɔhaha anaasɛ ɔpepem pii. Wɔ saa kwan yi so no. Yehowa hwɛ hui sɛ afifide a ɛte sɛɛ no bɛkɔ so afifi wɔ asase so.—Gen. 1:29, 30.
2 Saa ara nso na ɛdenam Yehowa ayamye kɛse so no, ɛnyɛ ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so no anom nko so na ɔnam ma Ahenni nokware aba bu so na mmom denam nkrataa a wotintim nso so. Susuw nhoma, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne brochure ahorow ɔpehaha pii a wɔakyekyɛ wɔ mfe no nyinaa mu no ho. Wɔyɛɛ nkratawa afoforo bi afe a etwaam no mu. So yɛde nkratawa no redi dwuma de atrɛw asɛmpa no mu wɔ hokwan biara mu?
3 Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi de nkratawa no adi dwuma ma atu mpɔn no, ɛsɛ sɛ yehu emu nsɛm yiye. Hyɛ no nsow sɛ wɔde nnuru ayɛ ma ɛyɛ fɛ na wɔatintim no wɔ krataa a eye na etumi kyɛ so. Sɛnea ɛyɛ nketewaa no ma yetumi de bi kɔ baabiara a yɛrekɔ. Nea ehia sen ne nyinaa no, kratawa no mu asɛm a egyina Bible so no mu da hɔ, esi asɛm no so, na etumi dan ti. So wuhu hokwan ahorow pii a ɛwɔ hɔ a wode bedi dwuma no?
4 Afie Afie Adwuma: Adawurubɔfo pii hu sɛ kratawa a wɔde ma kwa wɔ wɔn nnianim asɛm mu no bue kwan ma wɔne ofiewura bɔ nkɔmmɔ. Ebia wobɛpɛ sɛ wode mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no sɔ eyi hwɛ bere a wode Life in a Peaceful New Earth anaasɛ Nea Enti a Wubetumi de wo ho Ato Bible no So redi dwuma no. Wɔ apon ano nkɔmmɔbɔ mu no ebia wubehu sɛ obi ahwere obi a ɔdɔ no wɔ owu mu nnansa yi. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wone no bɛka awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ kratawa What Hope for Dead Loved Ones? no mu no ho asɛm. Anaasɛ ebia nkɔmmɔbɔ no bɛda no adi sɛ onipa no wɔ nsusuwii ahorow bi a ɛnteɛ fa Yehowa Adansefo ho. Kratawa What Do Jehovah’s Witnesses Believe? no ne nea ohia ankasa. Mpɛn pii no sɛ ofiewura no annye nhoma a yɛde ma no mpo a, ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye kratawa bi. Yennim nkɛntɛnso a kratawa biako betumi anya wɔ saa onipa no anaasɛ afoforo a wɔwɔ ne fie a ebia wɔbɛkenkan no so.—Ɔsɛnk. 11:6.
5 Bɔnnɔ so Adansedi: Wɔ yɛn da biara da dwumadi mu no, ebia yehyia wiasefo pii. Baabiara a yɛwɔ no, nkratawa no boa yɛn ma yesiesie yɛn ho sɛ yebedi adanse. Kratawa bi a yɛde bɛma obi ma wɔakenkan akyiri yi no betumi atrɛw hokwan a yebenya de akasa tiawa akyerɛ no no mu.
6 Wɔ w’adwumam no, so mfɛfo adwumayɛfo no ne afoforo ka nneɛma nhyehyɛe yi mu asetra mu nhyɛso ne nsɛnnennen ho asɛm? So wɔbɛpɛ sɛ wohu nea ama woanya daakye anidaso no? Sɛ “wosi apini na wodi nkɔmmɔ” wɔ wiase no mu tebea horow a trenee nnim no ho ampa a., asɛm a ɛwɔ kratawa Life in a Peaceful New Earth no mu no bɛkanyan wɔn koma na abue hokwan ama nkɔmmɔbɔ bio.—Hes. 9:4.
7 So mo mmofra a mokɔ sukuu no te sɛ akyerɛkyerɛfo anaasɛ mfɛfo sukuufo no gye sɛnea wobetumi de ho ato Bible no so no ho kyim? Nea Enti a Wubetumi de wo ho Ato Bible no So kura nsɛm bi a ɛma gyidi mu yɛ den na ɛkyerɛ sɛnea Bible no yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ nyansahu ne abakɔsɛm mu a ebia ɛbɛkanyan wɔn anigye ma wɔasua pii.
8 Yesu kae sɛ yɛn afuw a yɛreka asɛm wom no ne asase so nyinaa. (Mat. 13:38: 24:14) Enti, baabiara a nnipa wɔ-adwumam, sukuu mu, oduruyɛfo bi dan a wɔtra mu twɛn mu, wɔ bɔs gyinabea anaasɛ beae a yedi gua, wɔ abusuafo anaa afipamfo afi mu, anaasɛ wɔ yɛn ankasa apon ano bere a nkurɔfo ba hɔ esiane nneɛma bi nti no—momma yɛmfa hokwan biara ntrɛw Ahenni asɛmpa aba no mu, na yenya ahotoso sɛ eyinom mu bi begu “asase pa” so na asow aba foforo de ahyɛ Yehowa anuonyam.—Mat. 13:23.