Nsɛmma Nhomakra
1 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔkra aboa pii ama wɔahu Onyankopɔn Asɛm no mu yiye. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ sɛ wɔn a wɔkra bi no bɛkɔ so anya ɔsom a eye sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara.
2 Nsɛmma nhomakra kratasin no a wɔbɛhyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no nyɛ nea wɔresi so dua dodo. Yɛanya nkɔanim pa wɔ eyi fam. Nanso, asɛnnennen a ɛreyɛ kɛse ba bere a obi a wakra bi atu no. Mpɛn pii no wɔmmɔ Asafo ti no amanneɛ ntɛm na nsɛmma nhomakra no mu twa.
3 Amanae dwumadibea no san de nsɛmma nhoma a wɔn wuranom nsa anka no nyinaa brɛ Asafo ti no. Eyi bɔ Asafo ti no ka kɛse afe biara. Mpɛn pii no wɔn nsa nka nsɛmma nhoma a wɔakra no efisɛ mfomso wɔ post office nɔma no mu. Ɛtɔ mmere bi nso a ɛte saa efisɛ onii a ɔkrae no atu afi hɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebekwati saa nsɛnnennen ne nneɛma ananmu a etwitware yi no, yɛsrɛ sɛ san hwɛ address biara a ɛwɔ nsɛmma nhomakra kratasin biara a wubegye so no na hwɛ hu sɛ biribiara a ɛwɔ so, titiriw post office nɔma no yɛ pɛpɛɛpɛ. Afei nso, sɛ obi a wakra bi tu a, momfa Asafo ti no Subscription Change of Address kratasin (M-205) mmana mfa address foforo no mma yɛn. Mo mmoa wɔ eyi mu no bɛboa Asafo ti no ma wɔatew ɛka a wɔbɔ no so.
4 Ɛsɛ sɛ wodi Ɛresa nkratasin nyinaa ho dwumadi ntɛm ara. Yɛhyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnsan nkɔhwehwɛ wɔn ntɛm ara na wɔmfa eyinom mma onua a ɔhwɛ nsɛmma nhomakra so no. Ɔdawurubɔfo betumi abu nsɛmma nhoma foforo biara a wɔn a wɔmmɔɔ wɔn asu kra anaa wɔsan kra no ho akontaa. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma, kratafa 102.) Nanso, sɛ wɔde nea wɔresan akra no ba ntɛm a ɛboa Asafo ti no. Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhomakra nyinaa mana Asafo ti no dapɛn biara.