Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/90 kr. 1-4
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ Hokwan Biara Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ Hokwan Biara Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KENKAN NSƐMMA NHOMA AHOROW NO
  • HOKWAN AFOFORO
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Asafo Nhoma Horow A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 1/90 kr. 1-4

Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ Hokwan Biara Mu

1 Ɔwɛn-Aban no adi Ahenni nokware no mu akoten bɛboro mfirihyia ɔha. Ɛde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma nnam so te sɛ nkrante de yiyi mfomso ho na ɛpa atorosom nkyerɛkyerɛ ho ntama. Ne hokafo a ɛne Nyan! no nso gyina nokware kwan no akyi. Ebetumi akanyan wɔn a wɔn ani gye trenee ho no anigye wɔ Kyerɛwnsɛm mu nneɛma a emu dɔ a wohu wɔ Asafo ti no nhoma afoforo mu no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama nnipa pii nsa aka nsɛmma nhoma ahorow yi?

2 Adeyɛ a edi kan ne sɛ yebehu nsɛmma nhoma ahorow no mu nsɛm. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛkenkan bere a yɛn nsa ka no ara pɛ na afei yɛaka nsɛm a ɛwom no ho asɛm akyerɛ asafo no mufo afoforo. Eyi bɛboa yɛn ma yɛde nnamyɛ de nsɛmma nhoma no ama afoforo na yɛakura bo a ɛsom no ho adwempa mu.

KENKAN NSƐMMA NHOMA AHOROW NO

3 Adeyɛ a edi hɔ ne sɛ wobɛma hokwan ahorow a ɛbɛma wode nsɛmma nhoma no ama afoforo abue. Sɛ nhwɛso no, wɔ nnamfo, anigyefo ne abusuafo a wugye wɔn di fam no, mpɛn pii no nea ɛho hia sɛ woyɛ ara ne sɛ wubebisa asɛm anaasɛ wubepagyaw asɛmti bi a wɔn ani gye ho. Sɛ wunya kanyan wɔn akɔnnɔ a, wubetumi aka sɛ wobɛsan de nsɛmma nhoma bi a ɛka asɛmti no ho asɛm aba. Afei fa nsɛmma nhoma a ɛka asɛmti a wopagyawee no ho asɛm no san kɔ hɔ.

4 Efi November a etwaam no mu no, Yehowa abue akwan ma yɛn nsa aka honhom fam aduan a ɛwɔ Engiresi nsɛmma nhoma ahorow no mu no a yɛn nsɛnnennen no mfa ho. Yenim sɛ mprempren de nea ɛba no sua. Ebia adawurubɔfo no nkutoo na ɛso wɔn so a wɔde bɛto wɔn nhomakorabea. Nanso, yɛwɔ anidaso sɛ adawurubɔfo pii ankasa bɛkra bi na ama yɛanya nea yɛkyekyɛ no pii de ama anigyefo a yegye wɔn di. Nokwarem no, wubetumi ahyɛ anigyefo no nso nkuran ma wɔakra bi.

HOKWAN AFOFORO

5 So woasɔ ahwɛ sɛ wubenya obi a wobɛma no nsɛmma nhoma daa? Sɛ wode nsɛmma nhoma ma a, ma onipa no nhu sɛ w’ani begye sɛ wobɛsan de nea edi hɔ no aba dapɛn abien ntam. Ebia wo ho bedwiriw wo sɛ wubehu sɛnea pii ani begye kɔ a wode bɛkɔ akɔma wɔn nhyehyɛe no ho no. Kae nso sɛ bere biara a wosan kɔ na wo ne onipa no kasa anaasɛ woma no nhoma no, wubetumi abu ho akontaa sɛ sankɔhwɛ.

66 Wubetumi ahwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wode nsɛmma nhoma ama, te sɛ abusuafo a wobɛkasa akyerɛ wɔn, sankɔhwɛ a wobɛyɛ, anaa akwan afoforo a ɛfata, na woama yɛn mprempren nsɛm tebea no atra w’adwene mu. Nyansahyɛ ahorow yi a yebedi akyi no betumi aboa pii ma wɔabɛyɛ wɔn a wɔkenkan yɛn Bible ho nhoma ahorow no daa na awiei no wɔabɛyɛ Yehowa ayeyifo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena