Kɔ So Kyerɛkyerɛ Daa
1 Bible no ma yehu asomafo no ne Kristofo asuafo a wodi kan no asasesin pefee. Yesu wu akyi bere tiaa bi no, atumfo no bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ “wɔnnkyerɛkyerɛ” Yesu ho asɛm. (Aso. 4:18) Dɛn ntia? Ade biako nti a wɔka saa ne sɛ na wɔn adwuma no resow aba ma ɛyɛ nwonwa. Na mpempem pii redan gyidifo, sɛnea Asomafo no Nnwuma 4:4 bɔ amanneɛ no: “Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye dii, na mmarima no bɛyɛ sɛ mpemnum.”
2 Esiane sɛ yɛn nso yɛkɔ so kyerɛkyerɛ daa nti, ɔpehaha pii, yiw, ɔpepem pii redan gyidifo wɔ yɛn bere yi mu. Wɔ November mu no, yɛwɔ hokwan a ɛbɛma yɛama wɔakra Nyan! ne Ɔwɛn-Aban. Akyinnye biara nni ho sɛ Nyan! adi dwuma titiriw wɔ nkurɔfo a yɛma wɔn ani ku wɔn honhom mu ahiade ho no mu. Eyi ama nnipa pii anya anigye, efisɛ wɔasua Onyankopɔn apɛdeyɛ.—Fa toto Mateo 5:3 ho.
YƐ NSI
3 Sɛ wubetumi ama wɔakra bi wɔ ɔsatu no mu a, ɛsɛ sɛ woyɛ nsi ankasa wɔ wɔn a wobɛhwehwɛ wɔn ma wɔakra bi no mu. Ɛwom mpo sɛ nsa da so ara da yɛn dwumadi so de, nanso wɔ mmeae pii no, anuanom tumi di bɔnnɔ so adanse na wɔhyɛ da di adanse nso a wonsiw wɔn kwan. Esiane sɛ Nyan! ne Ɔwɛn-Aban no ka nsɛmti a ɛfa nkurɔfo asetra ho tee nti, nea ehia a ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wɔbɛpagyaw asɛm bi a ɛfata de akanyan onipa a wokasa kyerɛ no no anigye. Bere a woahu n’adwene na wode nkyerɛkyerɛmu tiawa bi ama akyi no, wubetumi atwe n’adwene asi saa asɛmti pɔtee no so wɔ nsɛmma nhoma no biako mu. Hyɛ no nkuran sɛ ɔnkra bi, na ma no awerɛhyem sɛ saa kwan no so no, ne nsa bɛkɔ so aka nkrasɛm no daa efisɛ yɛntaa nsrasra afoforo nnansa yi esiane nsa a ɛda yɛn dwumadi so no nti. Mo mu binom betu akwan afi ɔman yi mu wɔ November mu. Monhwɛ nhyira ara a mubenya wɔ ɔman a nsa nna yɛn dwumadi so wɔ hɔ no mu, faako a mubetumi adi adanse a hwee nsiw mo kwan na moaka nsɛmma nhomakra ho asɛm akokoduru so no! Yɛhyɛ mo nkuran sɛ momfa saa hokwan no nni dwuma bere a moakɔ nhyiam no.
4 Akwan pa pii wɔ hɔ a yɛbɛfa so ama wɔakra nsɛmma nhoma wɔ ɔsram no mu. Biako ne sɛ yɛbɛma yɛn Bible asuafo ne anigyefo afoforo akra bi. Ebia yɛn Bible asuafo no mu biako akra nsɛmma nhoma no biako dedaw. Dɛn nti na yɛmfa nyansahyɛ mma sɛ ɔnkra n’abien nyinaa? Yebetumi ahyɛ mmusua nkuran ma wɔakra Ɔwɛn-Aban no bi ama abusua no muni biara na wɔatumi asiesie wɔn ho ama Ɔwɛn-Aban adesua. Nyansahyɛ foforo nso ne sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn a yɛbɛma wɔn nsɛmma nhoma daa, na afei yɛaka ne kra ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔkyerɛ ho anigye kɛse no. Ɛsɛ sɛ yɛka Bible adesua ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye ankasa no.
TRƐW WO SOM ADWUMA NO MU
5 Ɛnkaa akyi dodo sɛ wubebisa sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ November mu. Sɛ abusua no, so moreyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛyɛ akwampae adwuma no bi wɔ wiase no nnapɔnnadi no mu wɔ December mu? Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ mufi ase susuw sɛnea mubetumi ayɛ no ho. Sɛ abusua mũ no nyinaa rentumi nyɛ akwampaefo aboafo a, so mubetumi ayɛ adwuma abom na ama mo abusua no muni biako anaa nea ɛboro saa atumi ayɛ bi? Sɛ ɛnte saa nso a, so anyɛ yiye koraa no mubetumi de bere pii ayɛ ɔsom adwuma no de Nyan! ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma amema?
6 Yɛn ani sɔ honhom fam mfaso ne nhyira horow a yɛn nsa aka denam Nyan! ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no so no. Yenim sɛ yɛn asasesin no mu nnipa komapafo nso benya mfaso pii afi nsɛmma nhoma no a wɔbɛkenkan no daa no mu. Wɔ November mu no, momma yɛnkɔ so mfa nnwinnade pa a Yehowa ama yɛanya no nkyerɛkyerɛ. Yɛnam saayɛ so benya Yehowa nhyira na yɛada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ nhyira ma afoforo.—Gal. 6:9.