Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/92 kr. 8
  • Sɛ Wosan Kɔ Hɔ A, Dɛn Na Wobɛka?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Wosan Kɔ Hɔ A, Dɛn Na Wobɛka?
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Fa Nhumu San Kɔsra Anigyefo
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Boa Afoforo ma Wonsua Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 2/92 kr. 8

Sɛ Wosan Kɔ Hɔ A, Dɛn Na Wobɛka?

1 Mpɔn a yebetu wɔ yɛn som adwuma no mu no hia ahosiesie sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye mfiase no nkyɛn a, yɛatumi asan akanyan wɔn anigye na yɛatoa yɛn nkɔmmɔbɔ no so. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

2 Esiane sɛ nokware Kristofo wɔ afoforo ho nokware anigye ankasa nti, wubetumi adi kan aka biribi a wusuae wɔ ofiewura no ho wɔ nsrahwɛ a atwam no mu ho asɛm.

Wubetumi aka akyerɛ obi a ɔkae sɛ nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so haw no no sɛ:

◼ “Bere a etwa to a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, wokae sɛ mmarato a wuhu sɛ ɛrenya nkɔanim no haw wo. So wususuw sɛ polisifo pii a wɔbɛfa wɔn no bɛma wɔadi ɔhaw no ho dwuma?’

Sɛ obi kae sɛ nsɛm a esisi wɔ wiase nnansa yi haw no a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Bere a etwa to a me ne wo bɔɔ nkɔmmɔ no, wɔkaa asomdwoe a enni wiase no mu no ho anigyesɛm bi. So wususuw sɛ wiase akannifo de wiase nhyehyɛe foforo bi bɛba?”

Wubetumi aka akyerɛ obi a afoforo pɛsɛmenkominya haw no no sɛ:

◼ “Bere a etwa to a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, wokaa adifudepɛ a yehu wɔ nnipa mu no ho asɛntitiriw bi. Wususuw sɛ Onyankopɔn bu adifudepɛfo dɛn? [Ma ommua.] Nea Bible no ka wɔ Efesofo 5:5 ni.”

3 Nsɛm afoforo a wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no bi ni:

◼ “M’ani gyee yɛn nkɔmmɔbɔ a etwa to no ho yiye, enti mehwehwɛɛ asɛm tiawa yi mu na mede akyerɛ wo sɛnea Yehowa hu amanehunu a wɔn a wonni afie a wɔbɛtra mu hyia no. Hyɛ Yesaia 65:21-23 nsow.”

◼ “M’ani gyee asɛm a wokae sɛ adesamma hia nniso pa no ho.”

◼ “Wubisaa anigyesɛm bi faa sɛ ebia Onyankopɔn pene asɔre nyinaa so no ho.”

◼ “Woma midwen nea woka taa nkrabea ho no ho ankasa.”

◼ “Meresusuw yɛn nkɔmmɔbɔ no ho, na asɛm bi wɔ nhoma yi mu (ka asɛm ko) a misusuw sɛ w’ani begye ho. [Wubetumi de nsɛm a woapaw wɔ nhoma no mu no akyerɛ ofiewura no.]”

Nnianim nsɛm te sɛ eyinom kyerɛ sɛ yɛn ani sɔɔ nkɔmmɔ a yɛbɔe bere a atwam no, na yɛn ani gye ho sɛ yɛne ofiewura no bɛkasa bio.

4 Ansa na wobɛyɛ sankɔhwɛ no, susuw nea wobɛka no ho. Ma w’asɛm no mfa tebea a obiara wom no ho.

5 Sɛ onipa a yɛrekɔ ne nkyɛn no nni adagyew a, yebetumi atu mpɔn ara denam eyi a yɛbɛka no so:

◼ “Minim sɛ simma kakraa bi pɛ na wowɔ, nanso biribi a wubetumi asusuw ho bere a woreyɛ w’adwuma no awie no ni. [Kenkan Mateo 5:3.]”

Anaasɛ wubetumi aka sɛ:

◼ “Mekyerɛw kyerɛw nsɛm abiɛsa yi maa wo. Esiane sɛ ɛnyɛ bere a yebetumi abɔ nkɔmmɔ nti, ma memfa nnyaw wo, na sɛ mesan ba a, mɛpɛ sɛ me ne wo de simma anum susuw ho.”

6 Nsɛm a Ɛnsɛ sɛ Yɛka: Nsemmisa a ebetumi ama wɔapow asɛm no anaa ɛbɛma ofiewura no afɛre no ntaa mma ontie wo. Ebi ni: “So wokenkan nea mede gyaw wo no?” “So wowɔ nsemmisa bi?” “So wokae me?” “Mebae sɛ merebebisa sɛ w’ani gye ho ara sɛ yɛbɛka Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ma asase yi ho asɛm.”

7 Sɛ yedi kan siesie yɛn sɛ yɛde mmoa a eye ankasa bɛma ankorankoro a wɔdaa anigye adi wɔ bere a atwam no mu no a yebenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena