Boa Bible Asuafo ma Wonsiesie Wɔn Ho mma Wɔn Adesua
1 Bible asuafo a wosiesie wɔn ho ma wɔn adesua dapɛn biara no da no adi sɛ wɔwɔ adesua no ho anigye ankasa, na wɔtaa nya honhom mu nkɔso ntɛmntɛm sen wɔn a wonsiesie wɔn ho no. Ɛtɔ mmere bi a, ebia osuani bi nsiesie ne ho efisɛ onnim ɔkwan a wɔfa so yɛ saa. Ɛho behia sɛ wokyerɛ no sɛnea obesua ade na wasiesie ne ho. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
2 Wɔ mfiase pɛɛ no, gye bere tiawa fa hwɛ hu sɛ osuani no nim sɛnea obesiesie ne ho. Ahosiesie gye adesua, na ɛwom sɛ nnipa pii nim akenkan de, nanso wɔnkyerɛɛ wɔn sɛnea wosua ade. Theocratic Ministry School Guidebook no mu adesua a ɛto so 7 ne 8 de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so pii ma a wubetumi aka akyerɛ osuani no, sɛ ɛho hia a.
3 Kyerɛ Osuani no Adesua so Mfaso: Wubetumi de nhoma bi a wusua a wɔahyɛ nsɛmfua ne nsɛntitiriw agyirae anaa woasensan ase wom akyerɛ osuani no. Ma onhu sɛnea afã a wahyɛ no agyirae no a ɔbɛhwɛ no betumi akae no nsɛm a obetumi de n’ankasa nsɛm aka no. Saa kwan yi so no, ɛremma sɛ bere a ɔremma mmuae no, ɔbɛkenkan nsɛm pii afi nhoma no mu. Ntetee pa a obenya saa bere yi bɛboa no ma akyiri yi wama mmuae a etu mpɔn wɔ asafo nhyiam horow ase. Ne mmuae ahorow bɛda no adi sɛ n’ani sɔ asɛm a wɔresusuw ho no, na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ntease a emu dɔ.
4 Kyerɛ No ma Ɔmfa Bible no Nni Dwuma: Ehia sɛ osuani no sua sɛnea wɔhwehwɛ kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ adesua asɛm no mu no. Sɛ otumi yɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, obehu no yiye sɛ ɔyɛ Bible suani ampa. Ɛwom sɛ ebia mfiase no ebehia sɛ ɔhwɛ Bible nhoma ahorow no din a wɔahyehyɛ wɔ Bible no mfiase no de, nanso ɛsɛ sɛ wohyɛ osuani no nkuran ma ohu sɛnea Bible nhoma 66 no didi so no. Sɛ obue kyerɛwsɛm bi na ɔkenkan a, boa no ma onhu ɔfã a esi asɛm a ɛwɔ nkyekyem a moresusuw ho no so dua, na amma afã a ɛmfa adesua a moreyɛ saa bere no ho tee no annye n’adwene.
5 Bere a osuani no nya nkɔanim no, hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan Bible no mfi mfiase nkosi awiei. Si so dua sɛ Bible mũ no nyinaa yɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔde honhom kyerɛwee, na ɛsɛ sɛ ɛwowaw nokware Kristofo wɔ honhom fam.—Mat. 4:4; 2 Tim. 3:16, 17.
6 Ma No Teokrase Nhwehwemu Nhoma Afoforo: Sɛ osuani no nya nkɔanim sɛnea ɛsɛ a, obetumi afi ase ayɛ nhwehwɛmu wɔ teokrase nhoma ahorow mu. Fa nhumu hyɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ nsɛm afoforo wɔ Asafo ti no nhoma ahorow a obesua bere a ɔba nhyiam horow no mu. Kyerɛ no sɛnea wɔde New World Translation no afã atitiriw te sɛ “Bible Words Indexed” no di dwuma. Bere a ofi ase nya n’ankasa teokrase nhomakorabea no, kyerɛ no sɛnea obetumi de Comprehensive Concordance, Reasoning From the Scriptures, Index, ne Insight apo no adi dwuma.
7 Sɛ yɛkyerɛ Bible asuafo sɛnea wobesiesie wɔn ho ama wɔn Bible adesua a, yebesiesie wɔn ma wɔakɔ so anya nkɔso wɔ nokware no mu sɛ Bible asuafo a wɔfata bere a wɔn ankasa fie Bible adesua no aba awiei no.