Teokrase Nsɛmmansɛmma
Haiti: Nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 12 wɔ February mu no ma wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 9,115. Nnipa 15,824 na wɔkɔɔ 1994 ɔmansin nhyiam horow no, na wɔbɔɔ nnipa 252 asu.
Japan: Awɔw a ano yɛ den bae February na sukyerɛmma pii tɔe. Nanso, wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 188,844. Wonyaa sankɔhwɛ, Bible adesua ne daa akwampaefo nso dodow nkɔanim foforo.
Philippines: February akontaabu no daa no adi sɛ wonyaa adawurubɔfo 117,519. Bible adesua traa 100,000 bere a edi kan, na 100,146 buu akontaa. Nsɛmma nhoma a wɔde mae boro November 1993 de no so 100,000, esiane kɔla a wɔde tintimii nti.