Ɔfã 1—Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso
1 Woakenkan akwankyerɛ a ɛwɔ “Theocratic Ministry School Schedule for 1996” no mu no? Wohyɛɛ no nsow sɛ nsakrae bi abam? Efi January kosi April no, Dwumadi a Ɛto so 3 no begyina Reasoning nhoma no so, na efi May kosi December no, ebegyina Nimdeɛ nhoma a wɔayi no adi foforo no so. Dwumadi a Ɛto so 4 no bɛyɛ ɔkasa a ɛfa Bible mu nipa bi ho dapɛn biara.
2 Osuani Dwumadi Ahorow: Wɔde Dwumadi a Ɛto so 3 no ma onuawa. Sɛ egyina Reasoning nhoma no so a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no afie afie asɛnka anaasɛ bɔnnɔ so adansedi. Nanso, sɛ egyina Nimdeɛ nhoma no so a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sankɔhwɛ anaa ofie Bible adesua. Ɛsɛ sɛ eyi boa kɛse, efisɛ yɛde Nimdeɛ nhoma no bɛyɛ Bible adesua kɛse.
3 Sɛ wɔyɛ no ofie Bible adesua a, anuanom mmea baanu no nyinaa betumi atra ase. Kɔ adesua no so tẽẽ denam nnianim nsɛm tiawa bi a wobɛka so, na afei woabisa nsɛm a wobisa wɔ nhoma no mu no. Ɛsɛ sɛ ofiewura no di n’afã ho dwuma ma ɛne asetra mu tebea hyia. Wobetumi abue kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no akenkan sɛnea bere ma kwan. Ɛsɛ sɛ onuawa no de ɔkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ di dwuma denam nsemmisa ne kyerɛw nsɛm a ɛwom no ho a wobesusuw a ɔnam so bɛma ofiewura no akyerɛ n’adwene no so.
4 Sɛ wɔde kyerɛw nsɛm pii a emu nsɛm nni nhoma no mu ba dwumadi no mu sen sɛnea mubetumi asusuw ho wɔ simma anum mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Paw kyerɛw nsɛm atitiriw a esi nsɛntitiriw no so dua no. Sɛ kyerɛw nsɛm kakraa bi na ɛwom a, wubetumi aka nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua no mu ho asɛm kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi akenkan nhoma no mu nkyekyem anaa ɔkasamu bi na afei wo ne ofiewura no asusuw ho.
5 Ɔdawurubɔfo a ne dwumadi no yɛ ti no nkyekyem a etwa to no betumi ama wɔde bere tiaa bi asusuw adaka a wɔato din “Sɔ Wo Nimdeɛ Hwɛ,” a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no ti biara awiei no ho. Obetumi asusuw nnaka a nsɛm wom a ɛwɔ nkyekyem a wɔredi ho dwuma mu no nso ho sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ adaka a nsɛm wom no bi ba dwumadi abien ntam a, onuawa a ɔreyɛ dwumadi a edi kan no betumi aka ho asɛm. Bere biara a mfonini a ɛwɔ nhoma no mu fa asɛm a wɔresusuw ho no ho no, obetumi aka ho asɛm.
6 Ɛsɛ sɛ Dwumadi a Ɛto so 4 no yɛ anigye ne nea wotumi de di dwuma yiye. Dapɛn biara, ebesusuw asetra ankasa mu nhwɛso bi—Bible mu nipa bi ho. Sua nea Insight, Po 1, wɔ ka wɔ Bible mu nipa a wobɛka ne ho asɛm no ho yiye. Nwene ɔkasa no fa asɛmti no ho, na paw Bible kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛbɛboa atiefo no ma wɔde wɔn adwene asi Bible mu nipa no ne ne nipasu, anaa ne su horow, ne nneyɛe, ne ne nsusuwii a yɛpɛ sɛ yesuasua anaa yɛpow, no so. Sɛ kyerɛw nsɛm bi mfa Bible mu nipa no ho tẽẽ, na sɛ esi sɛnea Yehowa bu nneyɛe pa anaa nneyɛe bɔne bi so dua anaa ɛfa ɔkasa no asɛmti ho a, wubetumi akenkan.
7 Sɛ yɛde ntetee a wɔde ma wɔ sukuu no mu di dwuma kosi ase a, yebetumi ‘aka asɛm no’ yiye wɔ ɔkwan a ɛda “ɔkyerɛkyerɛ” pa adi so.—2 Tim. 4:2.