Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/96 kr. 2
  • January Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 1
  • Dapɛn a Efi Ase January 8
  • Dapɛn a Efi Ase January 15
  • Dapɛn a Efi Ase January 22
  • Dapɛn a Efi Ase January 29
Yɛn Ahenni Som—1996
km 1/96 kr. 2

January Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase January 1

Dwom 133

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

15 min: “Boa Mmusua Ma Entu Mpɔn.” Ka nsɛntitiriw no ho asɛm, na ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: Ahobammɔ a “Advance Medical Directive/Release” Kratasin no De Ma. Ɔpanyin bi ne asafo no susuw mfaso a ɛwɔ so sɛ obiara bɛhyehyɛ ne “Advance Medical Directive/Release” (Ayaresa Akwankyerɛ/Asodiyi a Wodi Kan De Ma) kratasin no yiye na ɔde ahyɛ ne ho bere nyinaa, ne hia a ɛho hia sɛ mmofra de “Identity Card” (Agyiraehyɛde Kratasin) no hyɛ wɔn ho bere nyinaa no ho. Sɛnea krataa no din kyerɛ no, edi kan de ayaresa a obi pɛ (anaa ɔmpɛ) ho amanneɛbɔ ma. Dɛn nti na yɛyɛ eyi afe biara? Wogye krataa a entwaam tom sen nea wobetumi abu no sɛ ɛnyɛ adwuma bio anaa ɛnna gyidi a obi wɔ adi bio no. Sɛ w’ankasa wuntumi nkasa a, kratasin no kasa ma wo. Wɔbɛkyekyɛ nkratasin no anadwo yi. Ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye hyehyɛ wɔ fie, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn din hyɛ ase. Sɛnea yɛayɛ no mfe abien a atwam ni no, nhoma adesua so ahwɛfo bɛhwɛ ma yɛde yɛn din ahyɛ ase adi ho adanse wɔ mmeae a yɛyɛ Asafo Nhoma Adesua no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn din hyɛ ase sɛ adansefo no hu ankasa sɛ kratasin no wura de ne din rehyɛ ase. Yɛbɛyɛ eyi bere a yɛapɔn nhoma adesua wɔ January 15 dapɛn no mu. (Hwɛ January 1994 Yɛn Ahenni Som no kratafa 2, na woanya nsɛm pii a ɛfa adeyɛ no ho. Hwɛ November 2, 1991 krataa no nso.) Adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa betumi ahyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” kratasin no bi. Adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu betumi ahwɛ kratasin yi so asakra so nsɛm ma ɛne wɔn tebea ne wɔn gyidi ahyia de akyerɛw nea wɔn ankasa pɛ ho akwankyerɛ. Awofo betumi aboa wɔn mma a wonnyee asubɔ ma wɔahyehyɛ “Identity Card” no.

Dwom 138 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 8

Dwom 28

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Fa nkamfo a ɛfata ma wɔ boa a wɔboa asafo no ne wiase nyinaa adwuma no wɔ sika fam ma wotumi ka asɛmpa no ho.

20 min: “Kristofo Adwene Wɔ Ayi Ho a Yebekura Mu.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ɛhyɛ mu no nkyekyem 1-14 so a ɔpanyin di ho dwuma.

18 min: “Monyɛ Asɛm No Yɛfo—Ɛnyɛ Atiefo Kɛkɛ.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛnea bere bɛma kwan no, ka mfaso a ɛwɔ osetieyɛ so a egyina Insight nhoma no Po 2, kratafa 521, nkyekyem 1 ne 2 so no ho asɛm.

Dwom 70 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 15

Dwom 77

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka to a wɔnto nnipa wɔ fie ho haw a ɛreyɛ kɛse no ho asɛm tiawa. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ womfi wɔn pɛ mu mmɛn nnipa a wɔretwam, wogyinagyina anammɔnkwan so, anaa wɔte kar mu, na bere no ansɛe kwa.

20 min: “Kristofo Adwene Wɔ Ayi Ho a Yebekura Mu.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ mu no nkyekyem 15-28 ho. Si wiase nneyɛe horow a wɔbɛkwati so dua.

18 min: “San Kɔ Kogye Ebinom.” Ka nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho asɛm. Kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wobefi ofie Bible adesua ahorow ase.

Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 22

Dwom 200

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

20 min: “Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso—Ɔfã 1.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Ka akwankyerɛ a wɔde ama wɔ sukuufo dwumadi ahorow ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu akwankyerɛ krataa, a epuee October 1995 Yɛn Ahenni Som mu no.

20 min: “Ka Asɛm Akokoduru So.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Ka asafo no asɛnka nhyehyɛe ma Kwasida ho asɛm. Fa nkamfo ma wɔ sɛnea wɔde wɔn ho hyem yiye no ho, na fa nyansahyɛ ma fa kyerɛ mmeae a ehia sɛ wɔyɛ pii no.

Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 29

Dwom 126

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no ho asɛm.

15 min: Asafo mu ahiade anaa ɔkasa a egyina asɛm a ɛne sɛ “Efi Hena?” a ɛwɔ February 1, 1995 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-9 mu no so.

15 min: Fa Abusua Asetra Nhoma no Ma Wɔ February Mu. Ma adawurubɔfo a wotumi maa nhoma no bi anaa wɔde fii adesua ase wɔ January mu nka osuahu ahorow nkyerɛ. Kyerɛ nsɛm a wobetumi de ada nhoma no adi akyerɛ mpanyimfo a wɔnwaree, mmofra, anaa awofo. Kae obiara ma onnye bi mfa nkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.

Dwom 143 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena