Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
1 Ɔmansin nhyiam horow a ebefi ase wɔ February 1996 mu no asɛmti ne “Tie na Sua sɛ Wubedi Onyankopɔn Asɛm So.” Asɛmti yi a egyina Deuteronomium 31:12, 13 so no ma dwumadi no nyinaa nya nnyinaso a ɛfata a ebesi nneɛma a ɛho hia sɛ yesua na yɛde di dwuma no so dua.
2 Ɛwom sɛ nnɛ nnipa dodow no ara tie nnaadaasɛm a wɔnam honhom so ka no de, nanso ɛho abehia yiye sɛ yɛn mu biara tie Onyankopɔn Asɛm na yesua sɛ yɛde bedi dwuma. (Luka 11:28; 1 Tim. 4:1) Esiane sɛ eyi wɔ adwenem nti, wɔasiesie ɔmansin nhyiam dwumadi no na ɛde nkuranhyɛ ne mmoa ama adawurubɔfo, mmusua, mpanyimfo, ne akwampaefo. Wɔde ɔkasa a wɔakyekyem anan a egyina asɛmti “Yɛn Haw Ahorow Ano a Yebegyina—Denam Onyankopɔn Asɛm a Yebetie no Yiye So” bɛma Memeneda. Na wɔ Kwasida anɔpa nso, wɔbɛma ɔkasa a wɔakyekyem a wɔato din sɛ “Sɛnea Kyerɛwnsɛm no De Nteɛso Ma Wɔ Trenee Mu.” Dwumadi no nyinaa de honhom mu nkuranhyɛ a ɛnsɛ sɛ ɛpa wo ne w’abusua ti so bɛma.
3 Wɔde asɛnka adwuma ho nyansahyɛ ahorow bɛma na wɔayɛ ho ɔyɛkyerɛ, Memeneda ne Kwasida nyinaa. Wɔbɛka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran na aba wom na wɔabisabisa afoforo nsɛm nso. Enti, sɛ wokɔ bi na wutie, a adwene no ne sɛ wode nea wusua no bedi dwuma a, ebesiesie wo yiye ma woadi Onyankopɔn Asɛm mu ahyɛde horow so akosi ase.
4 Ɔmansin nhyiam no ase ade titiriw biako bɛyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔbɛbɔ wɔn asu. Ansa koraa na wɔbɛda wɔn ahosohyira yi adi wɔ baguam no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no ka pɛ a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo no ne wɔn ahyia.
5 Wɔato ɔmansin nhyiam horow yi baguam ɔkasa no din sɛ “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible no Kyerɛ Wo Kwan?” To nsa frɛ anigyefo nyinaa ma wɔmmra bi. Bere a worehwɛ nkuranhyɛ ne mmoa a yebehia kɛse a wo ne w’abusua nsa bɛka no kwan no, yɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma woatumi akɔ bi akotie dwumadi no nyinaa.