Teokrase Nsɛmmansɛmma
Benin: Ɔman ketewaa yi duu n’adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a atoatoa so 45 wɔ September mu, ma 4,843 na wobuu akontaa.
Bolivia: Adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 3,944 na wobuu akontaa wɔ September mu. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na eyi yɛ nkɔanim a ɛboro afe a etwaam de no so ɔha biara mu nkyem 6. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 13.4 na ɛkɔɔ asɛnka.