Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/97 kr. 8
  • Kyerɛkyerɛ Afoforo Nea Onyankopɔn Hwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛkyerɛ Afoforo Nea Onyankopɔn Hwehwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Fa Wo Ho To Yehowa So na Ɔmma Nneɛma Nnyin
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 4/97 kr. 8

Kyerɛkyerɛ Afoforo Nea Onyankopɔn Hwehwɛ

1 Yebetumi akɔ so ahu nnipa pii a wɔde ‘Yehowa asɛm tie’ akame wɔn wɔ honhom fam. (Amos 8:11) Bere a ebinom gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, wonnim n’atirimpɔw ne n’ahwehwɛde ho hwee. Enti, ɛho hia sɛ yɛde Ahenni nokware a egye nkwa no kyerɛkyerɛ wɔn. Bere a wɔasiesie yɛn yiye, na yɛayɛ krado sɛ yɛde hokwan biara a yebenya bedi adanse no, yebenya wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobesua nea Onyankopɔn hwehwɛ no.

2 Wɔ April ne May mu no, yɛn nsa bɛka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ahorow a ɛyɛ ne bere mu de ankasa akyekyɛ. Afei nso, yɛde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bedi dwuma nea edi kan. Emu mfonini ahorow fɛfɛ ne nsɛmmisa a ɛkanyan adwene no ma nkurɔfo ani gye nhomawa yi ho kɛse. Wɔde nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ama na aboa yɛn ma yɛde yɛn nhoma ahorow adi dwuma yiye.

3 Nkurɔfo a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn: Wɔ mmeae a yɛnto nnipa pii wɔ fie bere a yɛkɔ afie afie no, ɛreyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛhwehwɛ nkurɔfo na yɛne wɔn akasa wɔ baabiara a yebehu wɔn. Krataa a ɛhyɛ September 1996 Yɛn Ahenni Som mu no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnka asɛmpa no wɔ baabiara—wɔ mmɔnten so, wɔ kar mu, agoprama so, baabi a wɔde kar sisi, ne nnwuma mu. Ɛmaa yɛn ani baa yɛn ho so nso sɛ ehia sɛ yɛhwehwɛ hokwan ahorow de ka asɛm wɔ bɔnnɔ so. Sɛ eyi ho nhwɛso no, onuawa kwampaefo bi de August 8, 1996, Nyan! a na nsɛm a ɛfa “Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Ɛhaw Yɛn?” ho wom no kɔɔ mmoa yɛmmea. Ɔmaa nnipa a wɔn ani gye mmoa ho yiye no 40 wɔ dɔnhwerew biako mu! Dɛn na atumi afi asɛmpa no a woka wɔ baabiara no mu aba? Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne Ahwehwɛde nhomawa no titiriw fata ma adansedi ahorow nyinaa, efisɛ ɛka nsɛm a ɛfa nnipa asetra ho, na ɛkanyan yɛn ma yesusuw nneɛma ho.

4 Nkɔmmɔbɔ Ase a Yebefi: October 1996 Yɛn Ahenni Som no akyi asɛm no kyerɛ sɛnea wubesiesie nsɛm a w’ankasa wobɛka de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ama. Wubetumi de nyansahyɛ ahorow no ara adi dwuma yiye bere a woresiesie asɛm a wobɛka de Ahwehwɛde nhomawa no ama no. Nea yɛka betumi ayɛ tiawa te sɛ ɔkasamu kakraa bi anaasɛ ayɛ tenten a Kyerɛwnsɛm ho adwene bi wom. Ehia sɛ wode ahwɛyiye paw wo nnianim nsɛm, efisɛ ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia onipa a woakɔ ne nkyɛn no bɛkɔ so atie. Ebinom atumi de nnianim asɛm yi adi dwuma ma biribi pa afi mu aba: “Mekenkan asɛm bi a ɛhyɛɛ me nkuran yiye, na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo.” Anaasɛ wubetumi abisa asɛm bi a ɛyɛ anigye de atwe ɔfoforo no aba nkɔmmɔbɔ no mu.

5 Sɛ ɛyɛ nea ɛfata wɔ wo mpɔtam hɔ a, wubetumi asɔ nsɛmmisa a ɛte sɛ nea edidi so yi ahwɛ ɔsram yi:

◼ “Ɛnnɛ yehu sɛ wɔakyerɛkyerɛw afasu ho, yehu wura, ne efĩ pii. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛasiesie asase so ma ayɛ baabi pa a yɛtra?” Twɛn ma ommua, na afei kyerɛkyerɛ mu sɛ wowɔ nsɛm bi a ɛma yɛn awerɛhyem wɔ sɛnea asase bɛdan wiase nyinaa turo ne bere ko a ɛbɛyɛ saa ho. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛm pɔtee bi, kyerɛwsɛm tiawa, ne emu mfonini bi a ɛyɛ fɛ ho asɛm, na afei fa ma onipa no na ka ne kra ho asɛm kyerɛ no. Ansa na wode nkɔmmɔbɔ no bɛba awiei no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe akɔtoa so bere foforo.

◼ “So wususuw sɛ Onyankopɔn pɛe sɛ yɛtra ɔhaw mu sɛnea yɛwom nnɛ yi?” Sɛ onipa no bua a, wubetumi aka sɛ: “Ɛda adi sɛ wunim mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ nsrɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra no. So woasusuw dekode a Onyankopɔn Ahenni yɛ ankasa ho pɛn?” Dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu adesua a ɛto so 6 no so, na kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ adesua no mfiase no. Afei, bere a wokenkan nkyekyem 1 no, twe adwene si asɛmmisa a edi kan no mmuae so. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔama nsɛmmisa a aka no ho mmuae tiawa saa ara. Fa nhomawa no ma, na yɛ nhyehyɛe sɛ mobɛsan ahyia aka Ahenni no ho nsɛm pii.

◼ “Mmadwemma afi ase renya adwene sɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no na ɛde onipa haw ahorow ba mmom sen sɛ ɛde ano aduru bɛma. Wususuw ho dɛn?” Bere a woatie nea onipa no susuw awie no, fa nsɛmma nhoma a aba foforo mu biribi a ɛfa atoro som nkogudi anaa ne sɛe a ɛreba ho a n’ani betumi agye ho kyerɛ no. Twe adwene si ne kra ho nhyehyɛe so. Bɔ wo din kyerɛ no, na bisa ne din, na kyerɛ sɛ wubehu no bio na ama woatumi akyerɛ no nea enti a nokware som nnii adesamma huammɔ.

◼ “Bere a ɔhaw pii wɔ abusua asetra mu nnɛ no, so woasusuw ade a ɛma wonya abusua mu anigye ho pɛn?” Twɛn ma ommua, na kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn kyerɛ nea ɛde abusua mu anigye ankasa ba wɔ Bible mu. Ebia wubetumi akenkan Yesaia 48:17. Afei dan kɔ Ahwehwɛde nhomawa no adesua a ɛto so 8 no so, na kyerɛ Bible mu kyerɛw nsɛm bi a wɔatwe adwene asi so a ɛde akwankyerɛ pa ma abusua no muni biara no. Kenkan nsɛmmisa a wɔahyehyɛ wɔ adesua no mfiase no. Bisa onipa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔkenkan mmuae no anaa. Sɛ saa a, fa nhomawa no ma no, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba da foforo ne no abesusuw akwankyerɛ pa a Bible wɔ ma abusua asetra a anigye wom ho pii.

6 Krataa a ɛhyɛ March 1997 Yɛn Ahenni Som mu no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya akokoduru mfa nyɛ sankɔhwɛ. Ɛhyɛɛ nyansa sɛ yɛmfa Ahwehwɛde nhomawa no mfi Bible adesua ase, sɛ yɛanyɛ saa wɔ nsrahwɛ a edi kan mu a, ɛnde yɛnyɛ saa wɔ sankɔhwɛ mu. Adesamma ahiade a ɛsen biara ne sɛ wobesua nea Onyankopɔn hwehwɛ, na afei wɔayɛ. (Kol. 1:9, 10) Yebetumi aboa afoforo kɛse wɔ April ne May mu, sɛ yetumi fi ase de nea yenim fa Yehowa ahwehwɛde ahorow a ɛma yenya nkwa ho kyerɛkyerɛ wɔn a.—1 Kor. 9:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena